Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 34 kr. 84-kr. 85 nky. 2
  • Gideon Dii Midianfo So Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gideon Dii Midianfo So Nkonim
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yehowa Ne Gideon Nkrante!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Gideon Ne Ne Mmarima 300 No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Asafo Mu Mpanyimfo—Munsuasua Gideon Nhwɛso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yehowa Ne Yɛn Adamfo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 34 kr. 84-kr. 85 nky. 2
Gideon ne ne mmarima no hyɛn mmɛn, wɔbɔɔ nhina no, wɔyii agyatɛn no, na wɔteɛɛm

ADESUA 34

Gideon Dii Midianfo So Nkonim

Bere bi akyi no, Israelfo no san twee wɔn ho fii Yehowa ho, na wɔfii ase som abosom. Midianfo tuu wɔn ani sii Israelfo so mfe nson. Wɔwiaa wɔn mmoa, na wɔsɛee wɔn mfuw. Ná Israelfo suro Midianfo, enti wɔguan kɔhyehyɛɛ abodan ne mmepɔw mu. Wɔsu frɛɛ Yehowa sɛ onnye wɔn. Enti Yehowa somaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔɔ aberante bi a yɛfrɛ no Gideon nkyɛn. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Woyɛ ɔbarima kokodurufo. Yehowa ayi wo sɛ wubegye wo man.’ Gideon bisaa ɔbɔfo no sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn agye Israel? Menyɛ obiara.’

Ná Gideon bɛyɛ dɛn ahu sɛ Yehowa na ayi no? Ɔde oguan nwi bi hataa fam, na ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Sɛ edu anɔpa na sɛ obosu afɔw oguan nwi no nanso fam hɔ nyinaa awo a, mehu ampa sɛ wopɛ sɛ wofa me so gye Israel.’ Ade kyee no, na oguan nwi no afɔw sei twɔnn, nanso fam hɔ de, na awo! Afei Gideon san ka kyerɛɛ Yehowa sɛ, sɛ ade kye a ɔmma oguan nwi no nwo nanso obosu mfɔw fam hɔ. Bere a ɛbaa saa no, afei Gideon gye toom sɛ Yehowa na apaw no. Ɔboaboaa n’asogyafo ano sɛ ɔne Midianfo no rekɔko.

Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Mɛma Israelfo adi nkonim. Nanso esiane sɛ w’asogyafo no dɔɔso nti, anhwɛ a wobɛka sɛ w’ahoɔden na ɛma wudii nkonim. Ka kyerɛ w’asogyafo no sɛ, obiara a osuro no ɔnsan nkɔ fie.’ Enti asogyafo 22,000 san kɔɔ fie ma ɛkaa 10,000. Ɛnna Yehowa kaa sɛ: ‘Asogyafo no da so ara dɔɔso. Fa wɔn kɔ nsu ho, na ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnom nsu no bi. Obiara a ɔbɛnom nsu no na bere koro no ara wahwɛ sɛ atamfo reba no, ɔno na fa no kɔ.’ Mmarima 300 pɛ na bere a wɔrenom nsu no wɔyɛɛ saa. Yehowa hyɛɛ Gideon bɔ sɛ mmarima kakra yi bedi Midian asogyafo 135,000 no so nkonim.

Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Bere aso sɛ motow hyɛ Midianfo so!’ Gideon maa ne mmarima no mmɛn ne nhina akɛse a agyatɛn hyehyɛ mu. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ me, nea mɛyɛ biara monyɛ bi.’ Gideon hyɛn n’abɛn, ɔbɔɔ n’ahina no, na oyii gyatɛn no, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Yehowa nkrante ne Gideon nkrante!’ N’asogyafo 300 no nyinaa nso yɛɛ saa ara. Ehu kaa Midianfo no, na obiara guan pɛɛ baabi fae. Midianfo no ani so tan wɔn, na wɔfii ase ne wɔn ankasa wɔn ho koe. Saa bere yi nso, Yehowa boaa Israelfo no ma wɔdii wɔn atamfo so nkonim.

Midian asogyafo a wɔn koma atu

“Sɛnea ɛbɛyɛ a tumi a ɛboro nnipa de so no bɛyɛ Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.”—2 Korintofo 4:7

Nsɛmmisa: Dɛn na Yehowa yɛ maa Gideon huu sɛ wapaw no? Adɛn nti na na Gideon asogyafo no yɛ mmarima 300 pɛ?

Atemmufo 6:1-16, 36–7:25; 8:28

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena