Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 52
  • Gideon Ne Ne Mmarima 300 No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gideon Ne Ne Mmarima 300 No
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yehowa Ne Gideon Nkrante!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Gideon Dii Midianfo So Nkonim
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Asafo Mu Mpanyimfo—Munsuasua Gideon Nhwɛso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yehowa Ne Yɛn Adamfo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 52
Gideon akyɛ n’asraafo no mu akuwakuw

ASƐM 52

Gideon Ne Ne Mmarima 300 No

WUHU nea ɛrekɔ so wɔ ha no? Eyinom nyinaa yɛ Israel akofofo. Mmarima a wɔakotokotow no renom nsu. Ɔtemmufo Gideon ne ɔbarima a ogyina wɔn nkyɛn pɛɛ no. Ɔrehwɛ sɛnea wɔnom nsu no.

Hwɛ akwan horow a mmarima no nam so nom nsu no. Ebinom de wɔn ano bɔ nsu no mu ankasa. Nanso wɔn mu biako de ne nsa saw nsu no bi na watumi ahwɛ nea ɛrekɔ so. Eyi ho hia efisɛ Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔmpaw mmarima a wɔbɛkɔ so ahwɛ nea ɛrekɔ so bere a wɔrenom nsu no. Onyankopɔn kae sɛ ɔmma nkae no nsan nkɔ fie. Ma yɛnhwɛ nea enti.

Ná Israelfo no rehu amane kɛse bio. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔantie Yehowa. Midianfo anya wɔn so tumi na wɔrehaw wɔn. Enti Israelfo su frɛɛ Yehowa, na Yehowa tiee wɔn.

Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔmmoaboa dɔm ano, enti Gideon boaboaa akofofo 32,000 ano. Ná dɔm a wɔne Israel rebɛko no yɛ 135,000. Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Wo nnipa no dɔɔso dodo.’ Dɛn nti na Yehowa kae saa?

Nea enti a ɛte saa ne sɛ sɛ Israel di nkonim a, wobesusuw sɛ ɛyɛ wɔn ankasa mmɔdenbɔ. Ebia wobesusuw sɛ wonhia Yehowa mmoa na wɔadi nkonim. Enti Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Ma wɔn a wosuro nyinaa nsan nkɔ fie.’ Bere a Gideon yɛɛ eyi no, mmarima 22,000 san kɔɔ fie. Ɛkaa nnipa 10,000 pɛ a wɔne asraafo 135,000 bɛko.

Na tie! Yehowa kae sɛ: ‘Wo nnipa no da so ara dɔɔso dodo.’ Enti ɔka kyerɛɛ Gideon sɛ ɔmfa wɔn nyinaa mmra nsu yi ho mma wɔmmɛnom nsu, na ɔmma wɔn a wɔkotow de wɔn ano bɔ nsu no mu no nsan nkɔ fie. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: ‘Mɛma wode mmarima 300 a wɔmaa wɔn ani daa hɔ bere a wɔrenom nsu no adi nkonim.’

Gideon asraafo no bi renom nsu, na wɔn a wɔn ani da hɔ no ama wɔn ti so

Ɔko bere no dui. Gideon kyɛɛ mmarima 300 no mu akuw abiɛsa. Ɔmaa obiara abɛn, ne kuruwa a gyatɛn wom. Bɛyɛ ɔdasum no, wɔn nyinaa twaa atamfo asraafo no ho hyiae. Na bere koro mu no wɔn nyinaa hyɛn wɔn mmɛn bobɔɔ wɔn nkuruwa no, na wɔteɛɛm sɛ: ‘Yehowa ne Gideon nkrante!’ Bere a atamfo asraafo no sɔree no, na wɔn nyinaa ayɛ basaa na ehu aka wɔn. Wɔn nyinaa fii ase guanee, na Israelfo dii nkonim.

Atemmufo ti 6 kosi 8.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena