Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 51 kr. 124-kr. 125 nky. 2
  • Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔpɛe sɛ Ɔboa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ɔbarima Ɔhantanfoɔ Brɛ Ne Ho Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Mfiase no Ɔyɛɛ Asoɔden Nanso Akyiri Yi Otiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Abeawa Boa Otumfoɔ Bi
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 51 kr. 124-kr. 125 nky. 2
Naaman akɔ Elisa nkyɛn sɛ ɔnsa no yare

ADESUA 51

Sogyani Panyin Ne Abaayewa Bi

Ná Israelni abaayewa bi wɔ Siria. Ná ɔmmɛn ne kurom koraa. Siria asogyafo na wɔfaa no fii n’abusuafo nkyɛn. Ɔbɛyɛɛ sogyani panyin bi yere abaawa. Yɛfrɛ sogyani no Naaman. Nnipa a na wɔne abaayewa no te no, na wɔnsom Yehowa. Nanso ɔno de, na ɔsom Yehowa.

Yare huhuuhu bi yɛɛ Naaman honam nyinaa. Da biara, na ne honam yɛ no yaw. Ná abaayewa no pɛ paa sɛ ɔboa Naaman. Enti ɔka kyerɛɛ Naaman yere sɛ: ‘Minim obi a obetumi ama wo kunu ho atɔ no. Yehowa diyifo bi wɔ Israel a yɛfrɛ no Elisa. Obetumi asa wo kunu yare.’

Nea abaayewa no kae no, ɔbea no ka kyerɛɛ ne kunu Naaman. Ná Naaman ayɛ n’adwene sɛ, ɔbɛyɛ biribiara a ɛbɛma ne ho atɔ no. Enti ɔkɔɔ Elisa fie wɔ Israel. Nea na Naaman pɛ ne sɛ Elisa bɛba abehyia no sɛ onipa titiriw bi. Nanso Elisa amma ne nkyɛn ne no ammɛkasa. Mmom, Elisa maa n’akoa kohyiaa Naaman, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔ na koguare Asubɔnten Yordan mu mpɛn nson. Woyɛ saa a, wo yare no bɛkɔ.’

Asɛm no anyɛ Naaman dɛ koraa. Enti ɔkaa sɛ: ‘Ná ɛyɛ me sɛ odiyifo yi bɛfrɛ ne Nyankopɔn na ɔde ne nsa asrasra me ho ama me ho atɔ me. Nanso Israel asubɔnten wei na ose minkoguare mu. Yɛwɔ nsubɔnten papa wɔ Siria. Adɛn nti na minkoguare wɔ hɔ mmom?’ Naaman bo fuwii, na ofii Elisa fie hɔ kɔe.

Naaman reguare Asubɔnten Yordan mu, na ne ho atɔ no

Naaman nkoa no boaa no ma odwenee asɛm no ho yiye. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ma wo ho tɔ wo a, worenyɛ? Ade a odiyifo yi reka sɛ yɛ no de, ɛnyɛ den koraa. Adɛn nti na wonyɛ?’ Naaman tiee nea wɔkae no. Enti ɔkɔɔ Asubɔnten Yordan no ho, na ɔde ne ho too nsu no mu mpɛn nson. Bere a Naaman wiee nea ɛtɔ so nson no, opue fii nsu no mu. Ná ne ho atɔ no koraa. N’ani gyee paa, na ɔkɔɔ Elisa nkyɛn kɔdaa no ase. Naaman kaa sɛ: ‘Afei na mahu ampa sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.’ Wohwɛ a, bere a Naaman san kɔɔ ne kurom a na ne ho atɔ no no, Israelni abaayewa no tee nka sɛn?

“Mmofra ne nkokoaa anom na woama ayeyi afi aba.”—Mateo 21:16

Nsɛmmisa: Bere a Israelni abaayewa no ne Naaman yere rekɔkasa no, wohwɛ a, na ɛyɛ mmerɛw ma no? Wohwɛ a, dɛn na ɛma onyaa akokoduru saa?

2 Ahene 5:1-19; Luka 4:27

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena