Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
Ɔbarima Ɔhantanfoɔ Brɛ Ne Ho Ase
SIRIANI ɔhantanfo a ɔyɛ asraafo panyin a wɔfrɛ no Naaman ne ne nkoa a wɔwɔ ha no rekɔ Israel, faako a Naaman wɔ anidaso sɛ wɔbɛsa ne kwata ama no no. Naaman tee anwonwade ahorow a Yehowa diyifo ayɛ wɔ Israel no ho asɛm fii ne yere afenaa kumaa a ɔyɛ Israelni no nkyɛn.
Ná Naaman kura krataa a efi Siria hene nkyɛn a ɛkyerɛ onipa ko a ɔyɛ a ɔde rekɔma Israel hene. Ɔsrɛe wɔ krataa no mu sɛ wɔnsa Naaman kwata no. Bere a Naaman duu Israel no, ɔde krataa no kɔmaa Ɔhene Yoram, na ɛhaw no kɛse efisɛ na ɔrentumi nsa ɔbarima yi yare. Yoram kae sɛ, ‘Asɛm ara kwa na Siria hene repɛ me.’ Bere a Yehowa diyifo Elisa tee eyi no, ɔkae sɛ wɔmfa Naaman mmrɛ no.
Enti, Naaman ne ne mpɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam no kɔɔ Elisa fi. Nanso Elisa amfi ammehyia no. Soma ara nko na ɔsomaa obi ma ɔbɛka kyerɛɛ Naaman sɛ: ‘Sɛ wo ho bɛsan wo a, ɛsɛ sɛ wukoguare mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu.’
Eyi haw ɔhantanfo Naaman na ɔde abufuw fii hɔ. Ɔkae sɛ: ‘Na misusuw sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔbɛba me nkyɛn na wabɛbɔ Yehowa mpae na ɔde ne nsa asrasra faako a yare no wɔ no. Anka metumi aguare wɔ nsubɔnten a ɛwɔ Siria no mu saa ara.’ Nanso Naaman nkoa no biako dwudwoo ne bo sɛ: ‘Agya, sɛ odiyifo no ka kyerɛɛ wo sɛ yɛ ade kɛse bi a, sɛ anka wobɛyɛ. Na afei dɛn nti na wunkoguare sɛnea waka no na wo ho mfi?’
Naaman tiee n’akoa no. Ɔkɔ de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu. Na wɔ anwonwa kwan so wɔ nea ɛto so ason no akyi no, ne kwata no tu yerae! Naaman ani sɔɔ eyi na ɔsan twaa akwansin bɛyɛ 30 baa Elisa nkyɛn bɛdaa no ase.
Naaman pɛe sɛ ɔde akyɛde a ne bo yɛ den ma Elisa na afei ɔsrɛe sɛ: ‘Ma memfa dɔte a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa nkɔ fie.’ Ná ɔde rekɔyɛ dɛn? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ afɔre ama Yehowa wɔ dɔte a efi Israel no so. Nokwarem no, Naaman kaa ntam sɛ efi saa bere no rekɔ no, ɔremmɔ afɔre anaa ɔhyew afɔre mma onyame biara gye sɛ Yehowa nko.—2 Ahene 5:5-17.
Nsakrae kɛse bɛn ara na Naaman yɛe sɛɛ yi! Ampa ɛyɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Nanso yebetumi asua biribi foforo afi asɛm a esii yi mu, na yebesusuw ho akyiri yi wɔ nsɛmma nhoma yi foforo mu.