ADESUA 56
Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho
Bere a Yosia bɛyɛɛ Yuda hene no, na wadi mfe nwɔtwe. Saa bere no, na nkurɔfo no yi nkonyaa, na na wɔsom abosom nso. Yosia dii mfe 16 no, ɔyeree ne ho suaa ɔkwampa a yɛfa so som Yehowa. Odii mfe 20 no, ofii ase bubuu abosom ne afɔremuka a ɛwɔ asaase no so nyinaa. Afei Yosia dii mfe 26 no, ɔhwɛ ma wɔsiesiee Yehowa asɔrefie no.
Ɔsɔfo panyin Hilkia kohuu nhoma mmobɔwee bi a Yehowa Mmara wom wɔ asɔrefie hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nhoma mmobɔwee a Mose kyerɛwee no. Ɔhene kyerɛwfo Safan de nhoma mmobɔwee no brɛɛ Yosia, na Safan fii ase kenkan Mmara no den. Yosia retie no, ohuu sɛ nkurɔfo no ayɛ Yehowa so asoɔden mfe pii. Ɔhene Yosia ka kyerɛɛ Hilkia sɛ: ‘Yehowa bo afuw yɛn paa. Kɔ na wo ne Yehowa nkɔkasa, na ɔbɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.’ Yehowa faa odiyifobea Hulda so kaa sɛ: ‘Yudafo agyaw me hɔ. Mɛtwe wɔn aso, nanso ɛnyɛ ɔhene Yosia bere so efisɛ wabrɛ ne ho ase.’
Bere a Ɔhene Yosia tee asɛm no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔmaa Yudafo no nyinaa hyiae. Afei ɔkenkan Yehowa Mmara no kyerɛɛ ɔman no nyinaa. Yosia ne nkurɔfo no hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wɔfi wɔn koma nyinaa mu betie Yehowa.
Ná Yudafo no agyae Twam Afahyɛ no di mfe pii. Nanso, bere a Yosia huu wɔ Mmara no mu sɛ, afe biara ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no, ɔka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ: ‘Yebedi Twam ama Yehowa.’ Afei Yosia siesiee ne ho sɛ ɔbɛbɔ afɔre pii. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔnyaa nnwontofo wɔ asɔrefie hɔ. Ɔman no dii Twam Afahyɛ no. Wɔwiei no, wɔde nnanson dii Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no. Twam Afahyɛ a ɛte saa de, efi Samuel bere so nyinaa na wɔnnii bi da. Ná Yosia ani gye Onyankopɔn Mmara ho paa. Wo nso, w’ani gye ho sɛ wubesua Yehowa ho ade?
“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105