Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 70 kr. 166-kr. 167 nky. 2
  • Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Awo​—Ɛhefa Ne Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Wɔwo Yesu Mmoadan Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Kristo​—Sɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkae No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 70 kr. 166-kr. 167 nky. 2
Abɔfo reka akyerɛ nguanhwɛfo sɛ wɔawo Yesu

ADESUA 70

Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu

Kaesare Augusto na na odi Roma Ahemman no so. Ɔhyɛɛ mmara sɛ Yudafo nyinaa nkɔ wɔn kurom nkɔkyerɛw wɔn din. Enti Yosef ne Maria kɔɔ Betlehem. Ɛhɔ na na Yosef abusuafo fi. Saa bere no, na aka kakraa bi ama Maria awo.

Bere a wɔduu Betlehem no, baabi a wɔnya tenae no, na ɛhɔ yɛ mmoa dan mu. Ɛhɔ na Maria woo ne ba Yesu. Ɔde ntama kyekyeree abofra no, na ɔde no too mmoa adididaka mu bɔkɔɔ.

Ná nguanhwɛfo bi wɔ abɔnten anadwo rehwɛ wɔn nguan. Ná baabi a wɔwɔ no bɛn Betlehem. Mpofirim ara na ɔbɔfo bi begyinaa wɔn anim. Yehowa anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae. Ehu kaa nguanhwɛfo no. Nanso, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Mede asɛmpa rebrɛ mo. Ɛnnɛ, wɔawo Mesia no wɔ Betlehem.’ Saa bere no ara, nguanhwɛfo no huu abɔfo pii wɔ wim. Abɔfo no kaa sɛ: ‘Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe mmra asaase so.’ Afei abɔfo no yerae. Dɛn na nguanhwɛfo no yɛe?

Nguanhwɛfo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara.’ Ntɛm ara na wɔkɔe. Wɔhuu Yosef ne Maria, ne wɔn ba a wɔawo no foforo no wɔ mmoa dan no mu.

Obiara a ɔtee asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no ho dwiriw no. Maria dwinnwen asɛm a ɔbɔfo no kae no ho yiye, na ne werɛ amfi da. Nguanhwɛfo no san kɔhwɛɛ wɔn nguan. Wɔdaa Yehowa ase wɔ nea wɔahu ne nea wɔate no nyinaa ho.

“Mifi Onyankopɔn hɔ na aba ha. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ bae, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.”—Yohane 8:42

Nsɛmmisa: Ɔkwan bɛn na abɔfo no faa so kaa Yesu awo no ho asɛm? Henanom na nguanhwɛfo no huu wɔn wɔ Betlehem?

Luka 2:1-20; Yesaia 9:6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena