Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 4/1 kr. 30
  • Yesu Awo​—Ɛhefa Ne Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Awo​—Ɛhefa Ne Bere Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Abɔfo Bɛkaa Sɛ Wɔawo Yesu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔwo Yesu Mmoadan Mu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 4/1 kr. 30

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Awo​—Ɛhefa Ne Bere Bɛn?

BERE a bere abɛn sɛ Maria wo no, dɛn nti na Yosef retu kwan tenten yi? Ɛne sɛ, Roma Ahemman no hempɔn, Kaesare Augusto ahyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obiara san kɔ ne kurom ma wɔkan no. Enti Yosef rekɔ ne kurom Betlehem.

Nnipa pii aba Betlehem rebɛkyerɛw wɔn din, enti beae koro pɛ a Yosef ne Maria benya atra ne mmoadan mu. Ɛha, wɔ faako a mfurum ne mmoa afoforo gu yi na wɔwoo Yesu. Maria de ntama kyekyere ne ho na ɔde no to mmoa adididaka mu.

Ɛda adi sɛ Kaesare Augusto hyɛɛ nnipa kan ho mmara yi wɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ase. Ɛma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔbɛwo Yesu wɔ Betlehem, kurow a na Kyerɛwnsɛm no aka asie bere tenten sɛ ɛhɔ na wɔbɛwo bɔhyɛ ɔdedifo no.

Hwɛ anadwo titiriw ara a eyi yɛ! Hann bi twa nguanhwɛfo kuw bi ho hyia wɔ sare so. Ɛyɛ Yehowa anuonyam! Na Yehowa bɔfo ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo no ama mo wɔ Betlehem. Mubehu sɛ ɔda mmoa adididaka mu.’ Mpofirim ara abɔfo pii ba na wɔto dwom sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”

Bere a abɔfo no kɔe no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betlehem na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Yehowa ayi akyerɛ yɛn yi.’ Wɔkɔ ntɛm ara na wohu Yesu wɔ faako a ɔbɔfo no kae sɛ wobehu no no. Bere a nguanhwɛfo no kaa nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, ɛyɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa. Maria de nsɛm yi nyinaa siei na ɔdwene ho ne komam.

Ɛnnɛ nnipa pii gye di sɛ wɔwoo Yesu December 25. Nanso December yɛ osutɔ ne awɔw bere wɔ Betlehem. Nguanhwɛfo remfa wɔn mmoa nkɔ sare so anadwo nyinaa saa bere no wɔ afe no mu. Afei nso na Roma Kaesare no renhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔtew atua tia no dedaw no betu kwan wɔ awɔw bere kɛse a ɛte saa mu akɔkyerɛw wɔn din. Ɛda adi sɛ wɔwoo Yesu wɔ ahohuru bere mfiase mu hɔ baabi. Luka 2:1-20; Mika 5:2.

◆ Dɛn nti na Yosef ne Maria tuu kwan kɔɔ Betlehem?

◆ Anwonwasɛm bɛn na esii anadwo a wɔwoo Yesu no?

◆ Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔmma Yesu December 25?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena