Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 73 kr. 172-kr. 173 nky. 2
  • Yohane Siesiee Kwan Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane Siesiee Kwan Mu
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Odii Mesia no Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yohane Suboni Siesiee Kwan Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Bɛyɛɛ Mesia No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yohane Siesie Ɔkwan Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 73 kr. 172-kr. 173 nky. 2
Yohane Suboni rekyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ Asubɔnten Yordan ho

ADESUA 73

Yohane Siesiee Kwan Mu

Bere a Sakaria ne Elisabet ba Yohane nyinii no, ɔbɛyɛɛ odiyifo. Yehowa maa Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Mesia no reba. Yohane ankyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne nkurow mu, na mmom na ɔkyerɛkyerɛ wɔ sare so. Nnipa fii Yerusalem ne Yudea nyinaa betiee Yohane. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ wɔgyae nneɛma bɔne yɛ. Bere a nkurɔfo tiee Yohane no, wɔn mu pii sakraa wɔn adwene fii wɔn bɔne ho, na Yohane bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Ná Yohane nhaw ne ho pii wɔ asetenam. Ná ɔhyɛ ntaade a wɔde yoma nwi ayɛ, na mmebɛw ne wuram ɛwo na na odi. Ná nkurɔfo pɛ sɛ wɔhu sɛ Yohane yɛ onipa bɛn. Farisifo ne Sadukifo a na wɔyɛ ahantan no mpo bɛhwɛɛ no. Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mosakra na munu mo ho fi mo bɔne ho. Ɛyɛ a moka sɛ moyɛ Abraham mma, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno nti munya adwene sɛ moyɛ nnipa soronko. Ɛno nkyerɛ sɛ moyɛ Onyankopɔn mma.’

Nnipa pii baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani?’ Yohane ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: ‘Sɛ mowɔ ntaade nguguso mmienu a, momfa baako mma obi a ɔrepɛ bi.’ Wunim nea enti a Yohane kaa saa? Ná ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔdɔ nnipa.

Yohane ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyigye tow no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mudi nokware, na ɛnsɛ sɛ musisi obiara.’ Ɔka kyerɛɛ asogyafo nso sɛ: ‘Munnnye braeb, na ɛnsɛ sɛ mudi atoro nso.’

Asɔfo ne Lewifo nso baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Woyɛ onipa bɛn? Obiara pɛ sɛ ohu onipa kõ a woyɛ.’ Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mene ɛnne a ɛreteɛm wɔ sare so akyerɛ nkurɔfo kwan akɔ Yehowa nkyɛn sɛnea odiyifo Yesaia kae no.’

Nkurɔfo ani gyee nea na Yohane rekyerɛkyerɛ wɔn no ho. Nnipa pii bisaa sɛ Yohane ne Mesia no anaa. Nanso, Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me koraa reba. Mensɛ mpo sɛ mɛsan ne mpaboa hama. Me de, mebɔ asu nsu mu, nanso ɔno de, ɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ asu.’

“Ɔbarima yi bae sɛ ɔrebedi adanse. Ɔbae sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ahorow nyinaa bɛfa no so agye adi.”—Yohane 1:7

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yehowa somaa Yohane kɔɔ nkurɔfo nkyɛn? Asɛm a Yohane kae no, dɛn na nkurɔfo yɛɛ wɔ ho?

Mateo 3:1-11; Marko 1:1-8; Luka 3:1-18; Yohane 1:19-28; Yesaia 40:3

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena