Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 11/1 kr. 30-31
  • Yohane Siesie Ɔkwan Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane Siesie Ɔkwan Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yohane Suboni Siesiee Kwan Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yohane Siesiee Kwan Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Odii Mesia no Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wɔbɔɔ Yesu Asu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 11/1 kr. 30-31

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yohane Siesie Ɔkwan Mu

MFIRIHYIA dunson atwam fi bere a na Yesu adi mfe 12 a na ɔrebisabisa akyerɛkyerɛfo no nsɛm wɔ asɔrefi hɔ no. Ɛyɛ fefɛw bere wɔ afe 29 Y.B. mu, na ɛte sɛ nea obiara reka Yesu ne na nua ba Yohane a ɔreka asɛm wɔ ɔman no nyinaa mu wɔ Yordan Asubɔnten ho no ho asɛm.

Ampa, Yohane yɛ ɔbarima a sɛnea ɔte no ne ne kasa ma ne ho yɛ anigye. Ne ntama a ofura yɛ yoma nhwi, na nhoma abɔso bɔ n’asen. N’aduan ne mmoadabi ne wuram wo. Asɛm bɛn na ɔka? “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.”

N’atiefo ani gye asɛm yi ho. Pii hu hia a ɛho hia sɛ wɔsakra wɔn adwene no, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɛsesa wɔn su na wɔapow wɔn kan asetra kwan no sɛ nea enye. Enti nnipa pii fi Yordan ho asase no nyinaa so, ne Yerusalem mpo, ba Yohane nkyɛn na ɔbɔ wɔn asu, ɔde wɔn hyɛ Yordan mu nsu no ase. Dɛn ntia?

Ná Yohane bɔ nnipa no asu de yɛ bɔne a wɔyɛe wɔ Onyankopɔn Mmara apam no ho no ho adwensakra a efi koma mu ho sɛnkyerɛnne. Enti sɛ Farisifo ne Sadukifo nyamesomfo no bi ba Yordan no ho a, Yohane kasa tia wɔn sɛ: “Nhurutoa mma! “Monsow aba a ɛfata adwensakra.”

Esiane tie a wotie Yohane no nti, Farisifo no soma asɔfo ne Lewifo ba ne nkyɛn. Wobisa sɛ : “Ɛhena ne wo? na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn?”

Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ [Yehowa] kwan! sɛnea odiyifo Yesaia kae no. Ná Yohane resiesie ɔkwan mu denam nnipa no a ɔma wonya koma a ɛteɛ a ɛbɛma wɔagye Mesia a ɔbɛyɛ Ɔhene no atom no so. Oyi ho na Yohane ka eyi no “Nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura.”

Enti Yohane asɛm, “ɔsoro ahenni no abɛn” no yɛ amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Hene a wapaw no. Yesu Kristo, ɔsom adwuma no reyɛ afi ase. Yohane 1:6-8, 15-28; Mateo 3:1-12; Luka 3:1-18; Asomafo no Nnwuma 19:4.

◆ Onipa bɛn na Yohane yɛ?

◆ Dɛn nti na na Yohane bɔ nkurɔfo asu?

◆ Dɛn nti na na Yohane betumi aka sɛ Ahenni no abɛn?

[Mfoni nkutoo na ɛwɔ kratafa 30]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena