Ɔfã 11 Nnianim Nsɛm
Ɔfã a yɛadu so yi, yɛbɛka Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no ho asɛm. Abusua a wɔwoo Yesu too mu no, na wɔnyɛ asikafo. Ná wɔte kurow ketewaa bi mu. Ná ne papa yɛ kapentani, na ɔne no yɛɛ adwuma. Yesu na na obegye nnipa nkwa. Yehowa na oyii Yesu sɛ ɔsoro Ahenni no so Hene. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛnea Yehowa too ne bo ase yii abusua a wɔbɛwo Yesu ato mu, ne baabi a wɔbɛtete no. Ná Herode pɛ sɛ okum Yesu. Nanso ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa bɔɔ Yesu ho ban. Yɛbɛsan ahu sɛ, sɛ Yehowa bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi a, obiara rentumi nsiw no kwan. Ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa maa Yohane siesiee kwan mu maa Yesu. Ma wo ba no nhu sɛ, bere a Yesu yɛ abofra mpo no, na n’ani gye ho sɛ obesua Yehowa nyansa.