Ɔfã 12 Nnianim Nsɛm
Yesu kaa ɔsoro Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ɔsan kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew, n’Ahenni mmra, na n’apɛde nyɛ hɔ wɔ asaase so. Sɛ woyɛ ɔwofo a, kyerɛkyerɛ wo ba ma onhu sɛnea saa mpaebɔ no fa yɛn ho. Yesu amma Satan ansɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Yesu paw n’asomafo no, na ɔma wɔbɛyɛɛ Ahenni no mufo a wɔdi kan. Hyɛ no nsow sɛ, na Yesu mfa nokware som nni agorɔ koraa. Esiane sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔboa nkurɔfo nti, ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan dii, na mpo onyanee awufo baa nkwa mu bio. Yesu yɛɛ saa anwanwade yi de kyerɛɛ nea Ahenni no bɛyɛ ama nnipa.