Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 15 kr. 18
  • Fa Ahotoso Kasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ahotoso Kasa
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso Mu a Wofi Kasa
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 15 kr. 18

ADESUA 15

Fa Ahotoso Kasa

Kyerɛwsɛm

1 Tesalonikafo 1:5

NSƐNTITIRIW: Ma w’atiefo nhu wɔ wo kasa mu sɛ wugye di pa ara sɛ nea woreka no yɛ nokware, na wunim sɛ ɛho hia.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye. Sua dwumadi no ara kosi sɛ wubehu sɛnea kyerɛwnsɛm ahorow no kyerɛkyerɛ nsɛm mu ma nsɛntitiriw no nyinaa hyia. Afei, hwɛ sɛ wubetumi de nsɛmfua kakraa bi abobɔ emu nsɛntitiriw no so anaa. Sɛnea nsɛm no betumi aboa w’atiefo no, ɛno na fa w’adwene si so. Bɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Bobɔ wo dwumadi no so ma empue w’ano kosi sɛ w’ano bɛtɔ so, na ama woatumi ayɛ no yiye.

  • Ma wo nsɛm nkyerɛ sɛ wowɔ ahotoso. Sɛ́ anka wobɛfa nsɛm a wɔatintim no ara aka akyerɛ w’atiefo no, fa w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ mu. Ma nsɛmfua a wode bedi dwuma no nkyerɛ sɛ wugye nea woreka no di.

  • Fi wo komam kasa, na kasa akokoduru so. Worekasa a, ma wo nne so kakra. Sɛ ɛnyɛ mfomso wɔ mo hɔnom sɛ wobɛhwɛ atiefo anim tẽẽ a, ɛnde yɛ no saa.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ yɛka sɛ fa ahotoso kasa a, ɛnkyerɛ sɛ ka wo nsɛm penpen, fa w’adwenkyerɛ puapua w’atiefo, anaa hyɛ wɔn. Sɛ wo kasa mu yɛ hyew mpo a, ma w’atiefo no nhu sɛ wudwen wɔn ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena