Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 18 kr. 21
  • Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • W’atiefo Fa Mu Aba
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 18 kr. 21

ADESUA 18

Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo

Kyerɛwsɛm

1 Korintofo 9:19-23

NSƐNTITIRIW: Kanyan w’atiefo ma wonnwen asɛm a woreka no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nka sɛ wɔasua biribi a mfaso wɔ so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Nea w’atiefo nim dedaw no, susuw ho. Sɛ wo ne w’atiefo resusuw asɛmti bi ho a, sɛ́ anka wubetĩ nsɛm a wonim no mu kɛkɛ no, boa wɔn ma wonsusuw asɛmti no ho wɔ ɔkwan foforo so.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ woreka nsɛm bi a w’atiefo nim dedaw a, nsɛe bere wɔ ho, nanso sɛ woreka asɛm bi a wɔnhyɛ da nnim a, tɔ wo bo ase kyerɛkyerɛ mu.

  • Yɛ asɛm no mu nhwehwɛmu na dwinnwen ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa nsɛm a w’atiefo nhyɛ da nnim, ne nsɛm bi a esisii nkyɛe kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu. Dwinnwen asɛm a worekɔkyerɛkyerɛ mu no ho yiye, na hwɛ sɛnea ɛne nsɛm a wopɛ sɛ wode kyerɛkyerɛ mu no hyia.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Bere a woresiesie wo dwumadi no, bisa wo ho nsɛm bi te sɛ ‘ɛdɛn, adɛn nti, bere bɛn, ɛhefa, hena, ne ɔkwan bɛn so,’ na aboa wo ama woasusuw asɛm no ho yiye. Wo dwumadi no nyinaa mu nso, bisa nsɛm a ɛtete saa na ma ho mmuae. Ɛno bɛma wo nkyerɛkyerɛ no ayɛ anika.

  • Ma w’atiefo nhu mfaso a ɛwɔ asɛm a woreka no so. Sɛnea Bible mu nsɛm betumi aboa w’atiefo wɔ wɔn da biara da asetenam no, kyerɛkyerɛ mu. Hwɛ nneyɛe, suban ne tebea pɔtee bi a ɛfa w’atiefo ho, na wo ne wɔn nsusuw ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena