Ɔfã 3: Ntimu
Nea ɔne wo sua ade no ne wo besusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:
Monkenkan Mmebusɛm 27:11.
Adɛn nti na wopɛ sɛ wudi Yehowa nokware?
(Hwɛ Adesua 34.)
Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi, na sɛ mmara pɔtee biara nni Bible mu a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, dɛn na ɛbɛboa wo ama woasi gyinae pa?
(Hwɛ Adesua 35.)
Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wudi nokware wɔ biribiara mu?
(Hwɛ Adesua 36.)
Monkenkan Mateo 6:33.
Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma pɛ sika de hwɛ yɛn ho, nanso yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ‘yɛde Ahenni no redi kan,’ anaa ɛho hia yɛn sen adwuma ne sika?
(Hwɛ Adesua 37.)
Nneɛma bɛn na woyɛ a ɛkyerɛ sɛ nkwa som bo ma wo sɛnea ɛsom bo ma Yehowa no?
(Hwɛ Adesua 38.)
Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:29.
Mmara a Yehowa ahyɛ afa mogya ho no, wobɛyɛ dɛn adi so?
Mmara a Yehowa ahyehyɛ ama yɛn no, wohwɛ a, ntease wom?
(Hwɛ Adesua 39.)
Monkenkan 2 Korintofo 7:1.
Sɛ yɛka sɛ obi di ne ho ni a, ɛkyerɛ sɛn? Yɛka sɛ obi abrabɔ ho tew a, ɛno nso kyerɛ sɛn?
(Hwɛ Adesua 40.)
Monkenkan 1 Korintofo 6:9, 10.
Dɛn na Bible ka fa ɔbarima ne ɔbea nna ho? Nea Bible ka no, wugye tom anaa?
Dɛn na Bible no ka fa nsã ho?
Monkenkan Mateo 19:4-6, 9.
Aware bɛn na Onyankopɔn gye tom? Dɛn nko ara na Onyankopɔn ma kwan sɛ obi betumi agyina so agyae aware?
Sɛ obi pɛ sɛ ɔware anaa ogyae aware a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no mmara kwan so?
(Hwɛ Adesua 42.)
Afahyɛ ne nnapɔnna a ɛnsɔ Yehowa ani no, ebi ne nea ɛwɔ he? Adɛn nti na n’ani nnye ho?
(Hwɛ Adesua 44.)
Monkenkan Yohane 17:16 ne Asomafo Nnwuma 5:29.
Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wunnyina ɔfã biara akyi?
Sɛ aban no hyehyɛ mmara bi, na sɛ ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, dɛn na wobɛyɛ?
(Hwɛ Adesua 45.)
Monkenkan Marko 12:30.
Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa?