Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 2
  • Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Filipo Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Filipo Hɔ?
  • Suasua Filipo
  • Filipo—Ɔsɛmpakafo a Ɔyɛ Nsi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Wo ne Nkurɔfo Nni Nkɔmmɔ na Fa So Di Wɔn Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Ɔkaa “Yesu Ho Asɛmpa” No
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 2

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Ɔsɛmpakafo Filipo ne Etiopiani ahemfie panyin bi rebɔ nkɔmmɔ. Ahemfie panyin no te teaseɛnam mu rekan nhoma mmobɔwee.

Aso. 8:30, 31

ADESUA 2

Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra

Nnyinasosɛm: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu de, eye paa!”—Mmeb. 15:23.

Nea Filipo Yɛe

Ɔsɛmpakafo Filipo ne Etiopiani ahemfie panyin bi rebɔ nkɔmmɔ. Ahemfie panyin no te teaseɛnam mu rekan nhoma mmobɔwee.

VIDEO: Filipo Kaa Asɛmpa No Kyerɛɛ Etiopiani Ahemfie Panyin No

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 8:​30, 31. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Sɛn na Filipo fii nkɔmmɔ no ase?

  2. Filipo bisaa ɔbarima no asɛm bi ma nkɔmmɔ no ara de ne ho bae, na ɔkyerɛɛ no nokwasɛm foforo. Nea Filipo yɛe no, adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Filipo Hɔ?

2. Sɛ yɛma nkɔmmɔ no ara de ne ho ba a, ɛbɛma no ayɛ mmerɛw sɛ onipa no befi ne komam akasa, na watie nea yɛwɔ ka.

Suasua Filipo

3. Fa w’ani to fam. Wo ne obi rekasa na wohwɛ sɛnea wayɛ n’anim ne sɛnea ɔreyɛ ne ho no a, ɛma wuhu nneɛma bi fa ne ho. Wohwɛ a wayɛ krado sɛ ɔne wo bɛkasa anaa? Wubetumi abisa no asɛm tiawa bi na ama woatumi aka Bible mu asɛm akyerɛ no. Bisa no sɛ: “Wunim sɛ. . . ?” Sɛ obi nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkasa a, mfa nkɔmmɔ nhyɛ no.

4. To wo bo ase. Mpere wo ho mfa Bible mma nkɔmmɔ no mu. Twɛn ma Bible mu nkɔmmɔ no ara mfa ne ho mmra. Ɛtɔ da a, ebehia sɛ wotwɛn bere foforo ansa na woaka Bible ho asɛm.

5. Nkɔmmɔ no dan a, sesã mu. Nea wo ne no rekasa no betumi de biribi foforo abɛbom ama nkɔmmɔ no adan. Enti yɛ w’adwene sɛ, sɛ ɛba saa a, wobɛdan nea woreka no ama afa n’asɛm no ho. Sɛ ɛnyɛ ɛno na ɛwɔ w’adwenem sɛ wobɛka ho asɛm mpo a, mma no nnhaw wo.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Ɔsɛnk. 3:​1, 7; 1 Kor. 9:22; 2 Kor. 2:17; Kol. 4:6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena