Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 7
  • Mpa Abaw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpa Abaw
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Paul Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?
  • Suasua Paul
  • Brɛ Wo Ho Ase
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nya Abotare
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛsan Kɔ Anigyefo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 7

YƐ SANKƆHWƐ

Ɔsomafo Paul reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo bi wɔ sukuu dan bi mu.

Aso. 19:8-10

ADESUA 7

Mpa Abaw

Nnyinasosɛm: “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe, na wɔkaa . . . asɛmpa no.”—Aso. 5:42.

Nea Paul Yɛe

Ɔsomafo Paul reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo bi wɔ sukuu dan bi mu.

VIDEO: Paul Kaa Asɛm No Wɔ Efeso a Wampa Abaw

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 19:​8-10. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Bere a Paul kaa asɛm no, ebinom annye no anni. Dɛn na ɔyɛ de boaa wɔn a wɔkyerɛɛ ho anigye no a ɛkyerɛ sɛ wampa abaw?

  2. Wɔn a na wɔn ani gye asɛm no ho no, mpɛn dodow sɛn na na Paul kɔ wɔn nkyɛn, na ɛkɔɔ so mfe sɛn?

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Egye bere ne mmɔdenbɔ na yɛatumi ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn, na yɛne nkurɔfo afi Bible adesua ase.

Suasua Paul

3. Kɔ onipa no hɔ bere a eye ma no. Bisa wo ho sɛ: ‘Bere bɛn paa na mekɔ hɔ a mɛto no? Ɛhe na menya no ne no abɔ nkɔmmɔ, na bere bɛn paa na ɛbɛyɛ bere pa ama no?’ Sɛ bere no nhyɛ da mmoa wo mpo a, mia w’ani kɔ.

4. Monhyɛ bere a mobɛsan atoa so. Bere biara a mobɛbɔ nkɔmmɔ awie no, bisa no ma ɔnkyerɛ bere a obenya kwan ama wo ne no abɔ nkɔmmɔ bio. Mohyɛ bere no a, di so.

5. Mpa abaw ntɛm. Sɛ obi ntaa ntena fie anaa onni ne ho adaagye a, mpere wo ho nka sɛ n’ani nnye asɛm no ho. (1 Kor. 13:​4, 7) Nanso yɛka sɛ mma yɛmmpa abaw a, ɛnkyerɛ sɛ, sɛ biribiara kyerɛ sɛ ɛnkɔ yiye koraa a na yɛda so resɛe bere wɔ onipa no ho.—1 Kor. 9:26.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Aso. 10:42; 1 Kor. 9:​22, 23; 2 Kor. 4:1; Gal. 6:9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena