Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 8
  • Nya Abotare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Abotare
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Kɔ So Nya Abotare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Video Kyerɛkyerɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Mpa Abaw
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 8

YƐ SANKƆHWƐ

Yesu nua Yakobo reyɛ kapenta adwuma, ɛnna Yesu akɔ ne nkyɛn. Ɛyɛ Yakobo nwanwa sɛ Yesu abepue hɔ.

Yoh. 7:​3-5; 1 Kor. 15:3, 4, 7

ADESUA 8

Nya Abotare

Nnyinasosɛm: “Ɔdɔ wɔ abotare.”—1 Kor. 13:4.

Nea Yesu Yɛe

Yesu nua Yakobo reyɛ kapenta adwuma, ɛnna Yesu akɔ ne nkyɛn. Ɛyɛ Yakobo nwanwa sɛ Yesu abepue hɔ.

VIDEO: Yesu Nyaa Ne Nuabarima Ho Abotare Na Ɔboaa No

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 7:​3-5 ne 1 Korintofo 15:​3, 4, 7. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Asɛmpa a Yesu kae no, ahyɛase no dɛn na ne nua mmarima no yɛɛ wɔ ho?

  2. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yesu ampa abaw wɔ ne nua Yakobo ho?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Ehia sɛ yenya abotare efisɛ ebinom wɔ hɔ a, wɔte asɛmpa no a, egye bere kakra ansa na wɔayɛ ho biribi.

Suasua Yesu

3. Fa kwan foforo so. Sɛ onipa no nyɛɛ n’adwene sɛ ɔne wo besua Bible a, mfa mpuapua no. Wohwɛ na ɛbɛyɛ yiye a, yi video bi kyerɛ no, anaa fa nhoma bi mu asɛm kyerɛ no ma onhu sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible a ɛte, ne mfaso a obenya afi so.

4. Mfa no ntoto obi ho. Obiara ne sɛnea ɔte. Sɛ wo busuani bi anaa obi a wo ne no abɔ Bible mu nkɔmmɔ pɛn twetwe ne ho sɛ ɔbɛma wo ne no asua Bible a, ebia na ɛwɔ nea efi. Nyamesom nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a ɛyɛ den ma no sɛ obegyaa mu anaa? Anaasɛ adesua no nti, n’abusuafo ne wɔn a ɛte bɛn no reteetee no? Nneɛma a moabɔ ho nkɔmmɔ no, ma no bere ma ɔmfa nnwen ho na onhu sɛ Bible mu nsɛm so wɔ mfaso.

5. Wunya obi a n’ani gye asɛm no ho a, ɛyɛ a bɔ mpae ma no. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woampa abaw wɔ onipa no ho. Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na woanyɛ biribi amma no anhaw onigyeni no. Ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo ma wunhu bere a onipa no ani nhyɛ da nnye asɛm no ho, na woagyae ne hɔ kɔ.—1 Kor. 9:26.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Mar. 4:​26-28; 1 Kor. 3:​5-9; 2 Pet. 3:9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena