Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • CO-pgm24 kr. 7-8
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
  • 2024 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2023 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2020 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2025 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2019 Ɔmantam Nhyiam Program
Hwɛ Pii Ka Ho
2024 Ɔmantam Nhyiam Program
CO-pgm24 kr. 7-8

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

ATƐNDANTFO Atɛndantfo no adwuma ne sɛ wɔbɛboa wo. Wɔn na wɔkyerɛ baabi a yɛde yɛn kar besi, baabi a nnipa bɛfa, ne sɛnea yebegyaw kwan ato hɔ ama obi. Enti sɛ wɔde wei ho akwankyerɛ ne akwankyerɛ foforo biara ma wo a, yɛsrɛ wo tie.

ASUBƆ Wɔbegyaw anim hɔ nkongua no bi ama wɔn a wɔbɛbɔ asu no, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ wɔntena baabi foforo. Memeneda anɔpa, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no nyinaa tena ase ansa na asubɔ kasa no afi ase. Ɛsɛ sɛ obiara de n’ankasa mpopaho ne asubɔ ataade a ɛfata ba.

NTOBOA Wɔayɛ nhyehyɛe ama yɛanya nkongua dodow a ɛsɛ, akasam, video mfiri, ne nneɛma foforo pii. Wei nyinaa gye sika. Saa nhyehyɛe yi nyinaa ma nhyiam no yɛ anigye na ɛboa ma yɛbɛn Yehowa. Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi no, ɛno na ɛboa ma yetua ka yi, na ɛboa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no nso. Yɛde nnaka a yɛakyerɛw ho asisi nhyiam yi ase baabiara na ama ayɛ mmerɛw sɛ wubeyi ntoboa. Wubetumi nso afa Intanɛt so ayi ntoboa wɔ donate.jw.org. Yɛn ani sɔ mo ntoboa no paa. Akwankyerɛ Kuw no da mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa de boa Ahenni nneɛma.

BAABI A WƆGYE ADURU Yɛsrɛ wo, kae sɛ wɔn a wɔyare mpofirim nkutoo na wɔhwɛ wɔn wɔ hɔ.

BEAE A WƆDE NNEƐMA A AYERA KƆ Sɛ obi hu biribi a ayera a, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ saa dwumadibea yi. Sɛ wo biribi yera a, kɔ hɔ kɔhwehwɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde mmofra a wɔayera nso kɔ saa dwumadibea yi. Nanso nea ɛbɛyɛ na woanhaw obiara no, yɛsrɛ wo, hwɛ wo mma yiye na wɔamfi wo nkyɛn.

BAABI A YƐBƐTENA Yɛsrɛ wo, dwen afoforo ho. Kae sɛ, w’abusuafo ne wɔn a wo ne wɔn bɛfa kar anaasɛ wɔn a wo ne wɔn te fie, anaa wo Bible asuafo nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn. Sɛ ɛnyɛ kwan na woregyaw ama obi a, yɛsrɛ wo, mfa nneɛma ngugu nkongua no so.

ATUHOAMA DWUMADIBEA Sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, kɔ Nhyiam Ho Nsɛm Ne Atuhoamafo Dwumadibea hɔ.

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe

© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

NHYIAM TITIRIW

Ahenni Asɛmpakafo Sukuu

Awarefo bi akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi. Wɔwɔ baabi a sukuufo tena sua ade, na wɔn akyerɛkyerɛfo no mu baako ne wɔn resusuw Bible mu asɛm bi ho wɔ ɛlɛtrɔnik afiri so. Sukuufo afoforo nso wɔ hɔ resua ade.

W’ani gye ho sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu anaa? Ɛnde yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bra nhyiam a wɔbɛyɛ no Kwasida awia ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi no. Wɔde bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam yi ho amanneɛbɔ bɛto gua.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena