Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • CO-pgm25 kr. 8
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
  • 2025 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2024 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2023 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2020 Ɔmantam Nhyiam Program
  • Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow
    2019 Ɔmantam Nhyiam Program
Hwɛ Pii Ka Ho
2025 Ɔmantam Nhyiam Program
CO-pgm25 kr. 8

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

ATƐNDANTFO Atɛndantfo no adwuma ne sɛ wɔbɛboa wo. Wɔn na wɔkyerɛ baabi a yɛde yɛn kar besi, baabi a nnipa bɛfa, ne sɛnea yebegyaw kwan ato hɔ ama obi. Enti sɛ wɔde wei ho akwankyerɛ ne akwankyerɛ foforo biara ma wo a, yɛsrɛ wo, tie.

ASUBƆ Wɔbegyaw anim hɔ nkongua no bi ama wɔn a wɔbɛbɔ asu no, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ wɔntena baabi foforo. Memeneda anɔpa, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no nyinaa tena ase ansa na asubɔ kasa no afi ase. Ɛsɛ sɛ obiara de n’ankasa mpopaho ne asubɔ ataade a ɛfata ba.

NTOBOA Sika pii kɔɔ mu ansa na yɛrenya nkongua dodow a ɛsɛ, akasam, mfiri a yɛde yi video, ne nneɛma foforo pii. Wei nyinaa ma nhyiam no yɛ anigye, na ɛboa ma yɛbɛn Yehowa. Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi no, ɛno na ɛboa ma yetua ka yi, na ɛboa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no nso. Yɛde nnaka a yɛakyerɛw ho asisi nhyiam yi ase baabiara na ama ayɛ mmerɛw sɛ wubeyi ntoboa. Wubetumi nso afa Intanɛt so ayi ntoboa wɔ donate.jw.org. Yɛn ani sɔ mo ntoboa no paa. Akwankyerɛ Kuw no da mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa de boa Ahenni nneɛma.

BAABI A WƆGYE ADURU Yɛsrɛ wo, kae sɛ wɔn a yare bɔ wɔn mpofirim nko ara na wɔhwɛ wɔn wɔ hɔ.

BEAE A WƆDE NNEƐMA A AYERA KƆ Sɛ obi hu biribi a ayera a, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ saa dwumadibea yi. Sɛ wo biribi yera a, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wokɔhwehwɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde mmofra a wɔayera nso kɔ saa dwumadibea yi. Nanso nea ɛbɛyɛ na woanhaw obiara no, yɛsrɛ wo, hwɛ wo mma yiye na wɔamfi wo nkyɛn.

BAABI A YƐBƐTENA Yɛsrɛ wo, dwen afoforo ho. Kae sɛ, w’abusuafo ne wɔn a wo ne wɔn bɛfa kar anaasɛ wɔn a wo ne wɔn te fie, anaa wo Bible asuafo nko ara na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn. Sɛ ɛnyɛ kwan na woregyaw ama obi a, yɛsrɛ wo, mfa nneɛma ngugu nkongua no so.

ATUHOAMA Sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, kohu anuanom a wɔwɔ Nhyiam Ho Nsɛm Ne Atuhoama Dwumadibea hɔ no.

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No Na Wɔyɛɛ Ho Nhyehyɛe

© 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena