Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 25 kr. 118-kr. 121
  • Onyaa Akokoduru De Yɛɛ Adepa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyaa Akokoduru De Yɛɛ Adepa
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Dawid Ne Saul
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔde Dawid Si Hene
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 25 kr. 118-kr. 121

25 DAWID

Onyaa Akokoduru De Yɛɛ Adepa

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

ƆHENE Saul nti, na Dawid abɛyɛ oguanfo! Nanso bere bi a atwam no, na Saul dɔ Dawid paa; ɔno na na okura Saul akode ma no. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ Saul sraani panyin a ogye no di paa. Nanso afei de, na ɔrepɛ Dawid akum no, enti Dawid guanee. Ná Onyankopɔn ahyɛ Dawid bɔ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene, nanso saa bere yi de, na ɔne ne mmarima 600 no akɔpɛ baabi wɔ sare so de wɔn ho asie, sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔhene Saul rennya wɔn nni wɔn bɔne.

Ná Saul abɛyɛ ɔhemmɔne. Bere a n’ani beree Dawid no, wantu ase, enti ewiee ase no, n’ani beree no ara ma ɔbɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum no. Bere bi, Dawid nyaa hokwan bi a anka obetumi de akum Saul, nso wankum no. Nanso Saul de, ɔkɔɔ so ara tuu n’ani sii Dawid so sɛ obekum no. Ná mmarima bi wɔ kurow bi a yɛfrɛ no Sif mu, wɔn nso yii Dawid mae mprenu. Wɔmaa Saul huu baabi a Dawid de ne ho akosie. Mprenu no nyinaa, na Saul ne n’asraafo sim sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid akyere no.

Dɛn na Dawid yɛe? Nea odii kan yɛe ne sɛ, ɔsomaa mmarima bi sɛ wɔnkɔhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Saul aba baabi a wɔwɔ no anaa. Ɛwom, na Saul asraafo yɛ mmarima 3,000, nanso Dawid ammɔ hu. Nokwasɛm ne sɛ, saa bere no mu hɔ baabi na Dawid kyerɛwee dwom yi: “Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafo; wɔn a wokurakura me no, Yehowa wɔ wɔn afã.” (Dw. 54:4; atifi asɛm) Dawid yɛe sɛ ɔbɛkɔ baabi a Saul ne n’asraafo asoɛ no anadwo. Enti obisaa ne mmarima no mu mmienu sɛ, ‘Hena na ɔne me bɛkɔ Saul nkyɛn wɔ asoɛe hɔ?’

Ɛnna Abisai kaa sɛ ɔne no bɛkɔ. Ná ɔyɛ Dawid wɔfase. Afei nso, na ɔyɛ ɔko mu katakyi a ɔwɔ akokoduru paa, nanso ɛtɔ da a na onhu nipa mmɔbɔ koraa. Abisai ne Dawid yɛɛ kodɛɛ kɔɔ baabi a Saul asoɛe wɔ no. Bere a wɔduu hɔ no, wɔhui sɛ wɔn nyinaa adeda. Nea ɛte ne sɛ, Yehowa na ɔmaa mmarima no nyinaa dedaa hatee. Wɔnkɔhwɛ a, Ɔhene Saul nso na ɔda hɔ yi! Wada hatee, na ne mmarima no mu biara nni hɔ a n’ani gu so a ɔrebɔ ne ho ban. Afei nso, na ne peaw no tim fam wɔ n’atifi.

Dawid ne Abisai ayɛ kodɛɛ rewura Saul ntamadan mu anadwo, ɛnna Saul nso ada hatee. Saul peaw tim fam wɔ n’atifi.

Dɛn na na Dawid bɛyɛ? Sɛ ɔkaa sɛ obekum Saul a, anka ɛbɛyɛ koko koraa! Anka ateetee a Saul de no refa mu no nyinaa to betwa na awiei koraa no wabɛyɛ ɔhene anaa? Abisai hwɛ sɛnea Dawid retwentwɛn ne nan ase no a, na onhu nea ɔnyɛ ne ho. Ɔkaa no ketewaa bi kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ. Enti mesrɛ wo, ma memfa peaw nwɔ no baako pɛ nsi fam, meremfa nwɔ no mprenu.”

Dawid kaee sɛ bere bi onyaa hokwan saa ara sɛ ɔde bekum Saul. Saa bere no, na ɔwɔ ɔbodan bi mu wɔ En-Gedi sare so, ɛnna Saul nso bewuraa ɔbodan no mu. Saul anhu Dawid, enti na ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ Dawid bekum ne tamfo no. Nanso wankum no, na mmom otwaa Saul ataade ano kakraa bi. Ɛno mpo no, Dawid koma bɔɔ no sɛ ɔyɛɛ saa. Onuu ne ho, efisɛ ɔtee nka sɛ wamfa obu amma ɔhene a Yehowa asra no no.

Anadwo a Dawid san nyaa kwan sɛ obekum Saul yi nso, ɛbɛyɛ sɛ na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ ɔbɛka akyerɛ Abisai sɛ mma onkum Saul. Ade yi, Saul nti na Abisai nso reguan. Ɛnyɛ ɔno nko, Dawid mmarima no nyinaa nyae a, anka ɔtaa a Saul de aba wɔn so no to atwa. Ne nyinaa mu no, Dawid anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi de atua Saul ka. Enti ɔtenee Abisai adwene, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ onnya abotare. Dawid maa no nyaa awerɛhyem sɛ: “Yehowa ankasa bekum [Saul]; anyɛ saa nso a, ne bere bɛso ama wawu, anaa ɔbɛkɔ ɔko ama wɔakum no. Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ Yehowa anim ateɛ me nsa ayɛ nea Yehowa asra no bɔne!” Wei kyerɛ sɛ, na Dawid asi ne bo sɛ ɔno ankasa renni Saul bɔne.

Bere a Dawid nyaa hokwan a anka obetumi de akum ne tamfo a ne ho yɛ den no, dɛn na ɔyɛe?

Ná Dawid nim sɛ, sɛ Yehowa bere so a, ɔno ankasa betua Saul bɔne so ka. Dwom a yɛadi kan aka ho asɛm no mu no, Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Bɔne a m’atamfo di no, ɛno ara na ɔde betua wɔn so ka.” (Dw. 54:5) Enti Dawid ne Abisai fii Saul asoɛe hɔ, na wɔkogyinaa bepɔw bi a ɛbɛn asoɛe hɔ so. Ɛnna Dawid teɛɛm frɛɛ Saul ne n’asraafo no. Otwiw asraafo no anim sɛ wɔantumi ammɔ wɔn hene no ho ban. Afei Dawid kaa Saul nso anim sɛ wasɛe ne bere rehwehwɛ no akum no. Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, ɔyɛ “sommɔre baako pɛ,” na ɔrentumi nni ɔhene no awu. Wei maa Saul ani wui paa. Ɔkaa sɛ: “Madi nkwaseasɛm, na madi mfomso kɛse.”

Nea esii yi maa Saul sesae anaa? Daabi. Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid nso nim sɛ Saul nsesae. Nanso sɛnea Dawid daa akokoduru adi, na wanyɛ ade a ɛbɛma n’ahonim ahaw no no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa n’ani gyee paa. Akyiri yi, Yehowa hyiraa ne somfo kokodurufo a odi nokware yi. Sɛnea Yehowa tuaa Dawid ka no, wanna anso dae da sɛ Yehowa behyira no saa.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • 1 Samuel 16:21; 18:​5-14; 23:19; 24:​3-7; 26:​1-25

Yensusuw wei ho:

Dawid ho asɛm a yɛaka wɔ ha yi, dɛn ne dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Ɛwom ɛtɔ da a, na Abisai pere ne ho, na na onhu nipa mmɔbɔ, nanso ɔde akokoduru taa Dawid akyi, na ɔko maa Yehowa nkurɔfo. Ɔyɛɛ no sɛn? (it “Abisai” ¶3-5-wcgr)

  2. 2. Adɛn nti na Dawid de ne ho totoo ‘akokɔhwerew a ɔwɔ mmepɔw so’? (1 Sam. 26:20; it “Akokɔhwerew” ¶4-wcgr) A

    Akokɔhwerew bi si ɔbo bi so wɔ mmepɔw bi atifi.

    Ekaterina Kolomeets/stock.adobe.com

    Mfoni A

  3. 3. Adɛn nti na na ɛho hia sɛ Dawid nya abotare? (w17.08 6 ¶14-15)

  4. 4. Nsɛm yi sisii no, dɛn na akyiri yi Dawid yɛe a ɛma yehu sɛ ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase mfe pii? (w21.09 10 ¶8) B

    Nneɛma pii a Ɔhene Dawid pɛ guu hɔ sɛ wɔmfa nsi asɔrefie no, ɔde rekyerɛ Solomon.

    Mfoni B

Dɛn Na Woasua?

  • Ɛwom sɛ Saul dii mfomso pii de, nanso Dawid nyaa obu maa ne tumidi. Yɛn nso, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Dawid, na yɛakyerɛ sɛ yebu wɔn a wɔdidi so yi . . .

    • yɛn awofo? D

      Abaayewa bi kura bɔɔl, na ɔne n’adamfo repue akɔ abɔnten. Nkuku bi sum gyaade hɔ, na abaayewa no maame atene ne nsa akyerɛ so.

      Mfoni D

    • aban mpanyimfo? E

      Nsu retɔ denneennen, na onua bi ne ne yere ne wɔn babea nam mu. Polisini bi atene ne nsa rekyerɛ wɔn baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa na asiane biara anto wɔn, ɛnna wɔn nso abrɛ wɔn ho ase retie no.

      Mfoni E

    • asafo mu mpanyimfo? Ɛ

      Asafo mu panyin bi a onnyinii pii rekyerɛ asafo mu panyin foforo a ne mfe akɔ anim sɛnea ɔbɛhyehyɛ nneɛma wɔ trɔk a wɔde yɛ baguam adansedi so. Onua a ne mfe akɔ anim no ayɛ aso retie akwankyerɛ no.

      Mfoni Ɛ

  • Dawid nyaa akokoduru yɛɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, na wanyɛ ade a ɛbɛma n’ahonim ateetee no. Bere bɛn na ebehia sɛ yenya akokoduru, na yɛatumi ayɛ adepa, na yɛn ahonim anteetee yɛn?

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Dawid akokoduru a yɛaka ho asɛm wɔ ha no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Dawid asetenam asɛm a ɛwɔ ha yi, sɛ Onyankopɔn nyan no ba a, asɛm bɛn na mebisa no afa ho?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Nsɛm a esisii wɔ Dawid asetenam a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi, video yi bɛma woatwa ho mfoni wɔ w’adwene mu.

Kae Sɛnea Ɔdɔ Yɛ N’ade—Ɛtɔ Ne Bo Ase Biribiara Mu (1:29)

Mfiase no, na Saul brɛ ne ho ase paa, nanso akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ahantan. Dɛn na mmofra betumi asua afi Saul asɛm no mu?

“Ɔhene Saul” (Ɔfã a yɛato din “Nkrataa a ɛfa Bible mu nnipa ho” wɔ jw.org)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena