24 ABIGAIL
Ná Asɛnkɛse Bi Rebobɔ Ba, Nanso Osii Ano
MMARIMA mmienu bi abufuw kɔfaa asɛnkɛse bɛtoo Abigail so. Wɔn mu baako yɛ ne kunu Nabal tirimɔdenfo a ɔsan yɛ ogyimifo na n’asɛm yɛ den no. Ɛnna baako nso ne Dawid. Dawid de, na ɔyɛ onipa pa, ɔde nokwaredi som Yehowa, na ɔno na na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ. Nanso Nabal yɛɛ biribi de hyɛɛ Dawid abufuw paa. Ɛno nti, na asiane kɛse bi rebobɔ ba Abigail fie. Ná Abigail yɛ ɔbea a ne ho yɛ fɛ na onim nyansa. Nanso na ɔbɛyɛ dɛn anya akokoduru de asiw ɔhaw a ɛreba no ano?
Ɔsomfo bi bɛkaa asɛm bi kyerɛɛ Abigail, na bere a Abigail tee no, ohui sɛ asɛnkɛse bi rebobɔ ba. Ɔka kyerɛɛ Abigail sɛ, Dawid ne ne mmarima 400 a wɔka ne ho no de akode reba Nabal “ne ne fi nyinaa so.” Adɛn? Ɛbaa no sɛn? Asɛm no ne sɛ, Dawid kɔsrɛɛ osikani Nabal sɛ ɔmma no aduan. N’adesrɛ yi, na ɛmmoro so. Efisɛ na Dawid ne ne mmarima no abɔ Nabal, ne nguanhwɛfo, ne ne nguan bebree no ho ban. Nea ɛte ne sɛ, ɔtan hunu nti, na Ɔhene Saul adi Dawid ani ama waguan, nanso Dawid ampa abaw, ɔkɔɔ so bɔɔ Israelfo ho ban na atamfo ammewia wɔn, anaa wɔammedi wɔn bɔne. Nanso bere a Dawid somaa mmarima sɛ wɔnkobisa Nabal hɔ aduan no, wɔkɔɔ no bɔkɔɔ de, nanso Nabal teɛteɛɛm didii wɔn atɛm pɔtɔɔ, na ɔkaa mpo sɛ Dawid yɛ akoa a waguan afi ne wura nkyɛn!
Ná Nabal somfo no nim sɛ ɛnyɛ ade a ɔka biribi kyerɛ Nabal a obetie, enti wammɔ ne ho mmusu mpo sɛ ɔrekɔka asiane a ɛreba no akyerɛ no. Ɔsomfo no ka kyerɛɛ Abigail sɛ, Nabal yɛ “onipahunu a wokasa kyerɛ no a ɛnyɛ yiye.” Nanso na ɔsomfo no gye di sɛ, sɛ ɔka asɛm no kyerɛ Abigail a, obetie no na wadi ho dwuma nyansam. Enti dɛn na na Abigail bɛyɛ?
Wamma ehu ankyekyere no. Nanso odii ho dwuma ntɛm. Ɔboaboaa nnuan ano de sisii mfurum so sɛ ɔde rekɔma Dawid ne ne mmarima no. Afei ɔmaa asomfo de akyɛde no dii kan, ɛnna ɔno nso faa n’afurum dii wɔn akyi. Bere a ɔrekɔ no, wankra Nabal, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na onim sɛ, sɛ ɔkra no a, ɔremma no nyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no.
Abigail kunu gyimifo no yɛɛ biribi tiaa asraafo bi maa wɔn bo fuwii. Ɛno nti, Abigail nyaa akokoduru kohyiaa asraafo a wɔn bo afuw no
Bere a Abigail te afurum so nam bepɔw bi ho no, na Dawid ne ne mmarima no nso rehyia no, nanso wɔanhu no kosii sɛ okopuee wɔn so prɛko pɛ. Bere a Abigail huu ɔkatakyi Dawid a ne bo afuw no, ɔyɛɛ ntɛm si fii afurum no so kohyiaa no. Ɛnna obuu nkotodwe de n’anim butuw fam paa Dawid kyɛw sɛ ontie asɛm a ɔpɛ sɛ ɔka no. Ahobrɛase a ɔdaa no adi nti, Dawid bo dwoe koraa.
Nea esii no, Abigail kaa sɛ Dawid mfa ɛho sobo nyinaa mmɔ no. Afei ɔkaa sɛ, ne kunu yɛ onipahunu, na sɛnea ɔyɛɛ n’ade no na nyansa nnim, enti sɛ Dawid bo afuw a, na ɛyɛ ne kwan so. Ná onim sɛ Dawid gye Yehowa Nyankopɔn di paa, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ onnyaw asɛm no mma Yehowa. Ná Abigail mpɛ sɛ Dawid bekunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm, na akyiri yi wanu ne ho sɛ wadi mogya ho fɔ. Ɔsan kaa sɛ Yehowa bɛma Dawid fie atim, na ɔbɛma wayɛ ɔhene na wadi Dawid atamfo so nkonim. Wei kyerɛ sɛ, na Abigail nim sɛ Yehowa asra Dawid sɛ ɔnyɛ Israel hene a odi hɔ.
Nsɛm a Abigail kae no kyerɛ sɛ na onim nyansa paa. Ɔkaa kasadɛ ma edwudwoo Dawid a ne bo afuw no koma. Enti Dawid kaa sɛ: “Ayeyi nka Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi!” Esiane sɛ Abigail yɛɛ n’ade nyansam nti, Dawid kamfoo no, na afotu pa a Abigail de maa no no nso, ɔbrɛɛ ne ho ase gye toom. Enti ɔkaa sɛ: “Hwɛ, matie wo.”
Nea na ɛrekɔ so yi nyinaa na Nabal nnim ho hwee. Saa da no anadwo, Nabal too pon wɔ ne fie, na na “wabow sram.” Enti Abigail twɛn kosii anɔpa ansa na ɔreka nea asi no akyerɛ Nabal. Ɛwom, na nsã no atetew ne kunu ani so, nanso ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na da biara ne suban te no de, ansesa. Ne nyinaa mu no, Abigail kaa biribiara kyerɛɛ no. Ebia na ɔhwɛ kwan sɛ Nabal de abufuw bɛteɛteɛm agu ne so na waboro no mpo. Nanso amma no saa. Bible ka sɛ, Nabal “koma yɛɛ sɛ obi a wawu, na na ɔda hɔ a ɔnkeka ne ho te sɛ ɔbo.” Afei bɛyɛ nna du akyi no, “Yehowa maa Nabal wui.” Enti Yehowa Nyankopɔn twee Nabal aso sɛ ɔne ne somfo Dawid a wasra no no anni no yiye. Abigail de, ohyiraa no, na oyii no fii awarebɔne mu.
Nanso anso hɔ ara; ná Yehowa san wɔ nhyira foforo bi ma Abigail. Bere a Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔka kyerɛɛ Abigail sɛ ɔbɛware no, na Abigail nso penee so waree no. Akyiri yi, Onyankopɔn atamfo bɛkyeree Abigail ne ebinom kɔe, nanso ne kunu kokodurufo a ne yam ye no kɔko gyee no. Bere bi akyi no, Dawid bɛyɛɛ ɔhene; odii kan dii Yuda so hene, na ɛno akyi no, ɔbɛyɛɛ Israel nyinaa hene. Akyiri yi, Abigail woo ɔbabarima maa no.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Abigail yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa no sɛn na Abigail waree Nabal? (ia 77 ¶6)
2. Bere a Dawid somaa ne mmarima no ma wɔkɔsrɛɛ aduan fii Nabal hɔ no, na ɛyɛ bere a wɔtwitwa nguan ho nwi. Sɛ edu saa bere no a, dɛn na na wɔtaa yɛ? (w97 7/1 14 ¶4) A
Mfoni A: Edu bere a wɔtwitwa nguan ho nwi a, na ɛyɛ anigye bere
Mfoni A: Edu bere a wɔtwitwa nguan ho nwi a, na ɛyɛ anigye bere
3. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Dawid ne ne mmarima no boaa Nabal no a, adɛn nti na anka ɛsɛ sɛ Nabal kyerɛ ho anisɔ? (ia 77-78 ¶9-10) B
Hanan Isachar/Alamy Stock Photo
Mfoni B: Karmel kurow no, na ɛho nsaase yɛ nsaase a ɛso yɛ wesee na ɛyɛ mmonkyimmɔnka
4. Bere a Abigail kaa sɛ “Yehowa . . . bɛkyekyere [Dawid] nkwa wɔ nkwa kotoku mu de asie ne nkyɛn” no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (1 Sam. 25:29; it “Nkwa” ¶45-wcgr)
Dɛn Na Woasua?
Afotu a Abigail de maa Dawid no, otiei. Dɛn na okununom betumi asua afi nea Dawid yɛe no mu? D
Mfoni D
Anuanom mmea a wɔn kununom nyɛ adansefo no, dɛn na wɔbetumi asua afi Abigail hɔ?
Akokoduru a na Abigail wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Abigail ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Sɛ Kristoni bi kunu anaa ne yere nsom Yehowa a, dɛn na obetumi ayɛ na ama n’aware asɔ?
Abigail dwudwoo Dawid koma. Sɛ obi fom wo a, hwɛ nea wubetumi ayɛ na wo bo amfuw.