Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 23 kr. 110-kr. 113
  • Odii Ɔbran Bi So Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Odii Ɔbran Bi So Nkonim
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Ɔko no Yɛ Yehowa Dea”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Dawid ne Goliat
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Dawid Ansuro
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Dawid Ne Goliat
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 23 kr. 110-kr. 113

23 DAWID

Odii Ɔbran Bi So Nkonim

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

DAWID too n’ani hwɛɛ Ela Bon no fã nohoa, na ohuu ɔbarima bi. Ná ɛyɛ Goliat! Ná ne tenten bɛyɛ mita 2.9 (anammɔn 9.5), na na ne ho nso yɛ den paa. Enti ɔbarima a na okura Goliat akode no, na wayɛ ketekete gyina ne nkyɛn. Sɛ wugyina akyiri mpo a, wubehu sɛ Goliat yɛ onipa a ɔso ware paa. Sɛ nnipa pii hu no a, ɛbɛyɛ sɛ na wɔte nka sɛ wɔnyɛ obiara, na ɛnyɛ ade a wɔbetumi akogyina n’anim ne no akɔko. Nanso bere a Dawid huu Goliat no, ɔno de na onsuro no. Biribi nti, na ɔwɔ akokoduru.

Ná ɛnkyɛe biara na odiyifo Samuel sraa Dawid, na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ. Ɛno akyi no, Yehowa honhom maa Dawid yɛɛ nneɛma bi a na ɛyɛ nwanwa paa. Bere a onnya nnii mfe 20 a obetumi akɔ ɔko no mpo, na nkurɔfo frɛ no “ɔbarima katakyi a ɔwɔ akokoduru.” Ná Dawid nuanom ka Israel asraafo no ho wɔ akono, ɛnna ne papa Yese asoma no aba sɛ ɔmmɛhwɛ sɛnea wɔn ho te.

Bere a Dawid duu Ela Bon mu no, ohuu sɛ Israel asraafo gyinagyina ɔfã ha, ɛnna Filistifo asraafo no nso gyinagyina ɔfã ha. Edii nnawɔtwe pii, nanso na wɔntumi mfa nsii ani. Ná Israelfo ne Filistifo no di nhwɛanim wɔ bon no mu. Afei, Filistifo no katakyi a ne din de Goliat no fi asraafo no mu bae, na ɔbɛteɛteɛɛm kekaa nsɛm de buu Israelfo no animtiaa. Bere a Dawid tee no, ɛhyɛɛ no abufuw paa, efisɛ ohuu no sɛ ɔkatakyi a ɔsom bosom no redi Yehowa Nyankopɔn ho fɛw! Enti Dawid fii ase bisaa Goliat ho nsɛm fii Israel asraafo no hɔ. Ɔsan bisaa wɔn nea Ɔhene Saul bɛyɛ ama ɔbarima a obekum Filistini a ɔrebu Onyankopɔn nkurɔfo animtiaa wɔ akono hɔ no. Bere a Dawid nua panyin Eliab tee nea Dawid reyɛ no, ne bo fuw Dawid denneennen, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɛnyɛ adwempa na ɔde baa hɔ. Nanso wei ammu Dawid abam, na mmom ɔkɔɔ so hyɛɛ Israel asraafo no nkuran.

Nsɛm a Dawid kae no, wɔkɔbɔɔ Ɔhene Saul amanneɛ, na ɔma wɔkɔfrɛɛ Dawid bae. Dawid kaa nsɛm bi de hyɛɛ ɔhene no nkuran. Ɔkaa sɛ: “Mma obiara nnsuro saa [Goliat] yi” [anaa, “mma obiara koma ntu,” ase hɔ asɛm]. Afei ɔkaa sɛ, ɔno ara ne Filistini no “bɛkɔ akɔko.” Mfiase no, Saul ampene sɛ ɔbɛma Dawid akɔ, efisɛ na osuro sɛ ɔkɔ a wɔbekum no. Nanso sɛnea Yehowa boaa Dawid ma otumi kum gyata ne osisi a anka wɔrebɛkyere ne papa nguan no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no. Ewiee ase no, Saul penee so sɛ Dawid nkɔko. Enti ɔde n’akotaade hyɛɛ Dawid, na ɔde ne sekan nso maa no. Nanso esiane sɛ na Dawid nhyehyɛɛ ne ho saa da nti, oyii ne nyinaa guu hɔ, na ne poma a ɔde ka nguan ne n’ataabo a ekura no daa no, ɛno na ɔde kɔɔ ɔko no.

Bere a Dawid rekohyia Goliat a oduu subon bi ho no, ɔsesaw mmosea nnum a ɛho yɛ toromtorom fii nsu no mu. Afei, ɔde n’ani kyerɛɛ baabi a ɔtamfo a ɔso ware no gyina no. Bere a Goliat ani bɔɔ Dawid a ɔyɛ aberantewa no so no, ɔteɛteɛɛm guu no so dii ne ho fɛw sɛ ɔde “abaa” reba ne so. Ɛbɛyɛ sɛ abaa a wɔde ka nguan a na ekura Dawid no ho asɛm na na ɔreka. Ebia Goliat anhu sɛ Dawid kura ataabo. Nanso saa bere no, sɛ obi kura ataabo na onim tow yiye a, na obetumi de adi awu paa. Filistifo katakyi no “frɛɛ n’anyame domee Dawid,” na ɔkaa sɛ ɔde Dawid nam bɛma wim nnomaa ne wuram mmoa.

Bere a Dawid yɛ aberantewa no, odii ɔkatakyi a ɔso ware so nkonim de tew Yehowa din ho

Dawid kaa sɛ: “Wode sekan ne peaw ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me de, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtiaa wɔ akono no din na ɛreba wo so.” Saa asɛm no ma yehu nea enti a na Dawid wɔ akokoduru. Wamma Goliat kɛse no anhunahuna no; mmom ohui sɛ Yehowa Nyankopɔn so sen Goliat! Enti, na ogye di paa sɛ obetumi akum ɔbran no ama Israelfo adi Filistifo no so nkonim.

Dawid tuu mmirika kohyiaa Goliat. Ɛnna ɔde ne nsa hyɛɛ ne kotoku mu yii ɔbo de hyɛɛ n’ataabo no mu, na ɔmaa ne nsa so kɔɔ soro him ataabo no. Ebetumi aba sɛ afei de Goliat huu ataabo no, nanso saa bere yi de, na aka akyi. Afei Dawid tow ɔbo no bɔɔ Goliat moma so ma ewuraa mu. Ɔbran yi hwee ase “maa n’anim butuw fam.” Dawid tuu mmirika kogyinaa Goliat nkyɛn, na oyii Goliat no ara sekan de twaa ne ti fii so. Wei maa Israel asraafo no nyaa akokoduru, na wɔbɔɔ ose. Afei wɔde guu Filistifo no so. Saa da no, Onyankopɔn nkurɔfo dii nkonim kɛse. Akokoduru a aberantewa Dawid nyae no, ɛmaa Israelfo no nso nyaa akokoduru, na efi saa bere no reba, aboa Onyankopɔn nkurɔfo pii ama wɔn nso anya akokoduru.

Dawid ama ne nsa so rehim ataabo a ɔbo hyɛ mu no, na odi mmirika rehyia Goliat. Goliat somfo a okura n’akode no ka ne ho; wɔrehyia Dawid, na wɔrekɔ nyinaa na wɔreka nsɛm bi de bu Dawid animtiaa.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • 1 Samuel 16:​13, 18, 19; 17:​1-54

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na aberantewa Dawid yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Dawid abusuafo a na wɔwɔ akokoduru a wɔdii kan tenaa ase ansa na wɔrewo no no, wɔn mu bi ne henanom? (Mat. 1:​5, 6; Luka 3:​31-38; w12 10/1 24 ¶2)

  2. 2. Dɛn na ɛma yehu sɛ Bible mu asɛm yi yɛ nokware? (wp16.5 13) A

    Collection the Israel Antiquities Authority. Photo © The Israel Museum, by Meidad Suchowolski

    Mfoni A: Ɔbo bi a wɔakyerɛw so a wɔakohu ne fã bi. Adi mfe bɛyɛ 2,800, na ɛka “Dawid Fie” ho asɛm

  3. 3. Bere a na aberantewa Dawid yɛ oguanhwɛfo no, na n’asetena te sɛn? (w11 10/1 19 ¶1–20 ¶1) B

    Oguanhwɛfo bi ne ne guan wɔ akuraase baabi. Baabi a wɔwɔ no, ɛhɔ trɛw, ɛhɔ sian, na nwura a ɛwɔ hɔ no nso yɛ frɔmfrɔm.

    Todd Bolen/BiblePlaces.com

    Mfoni B

  4. 4. Dɛn na ɛma yehu sɛ na ebinom bu Dawid animtiaa? (w21.03 3 ¶6; it “Eliab” No. 4 ¶1-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Sɛn na Dawid nhwɛso no betumi aboa wo ama . . .

    • woadi ehu so? D

      Aberantewa bi wɔ sukuudan mu, na wayɛ dinn retie ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔkyerɛ abɔde mu nyansahu. Bere a ɔkyerɛkyerɛni no rekasa nyinaa na ɔrehwɛ aberantewa no anim, na ɔde ne nsa akyerɛ tikora bi so. Wohwɛ sukuufo no akyi hɔ a, wuhu mfoni bi a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea aboa bi dannan ara bɛyɛɛ onipa.

      Mfoni D

    • woako atia akɔnnɔ bɔne?

  • Sɛ woda akokoduru adi a, ɛboa afoforo sɛn? (1 Sam. 17:​50-53)

  • Akokoduru a Dawid daa no adi a yɛaka ho asɛm wɔ ha yi, dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Dawid asetenam asɛm a ɛwɔ ha yi, sɛ Onyankopɔn nyan no ba a, asɛm bɛn na mebisa no afa ho?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Mmofra dwom yi bɛboa wo ama woahu nea ɛyɛe a Dawid nyaa akokoduru saa.

Mmofra Munsuasua Dawid (2:35)

Dɛn na anuanom mmarima betumi ayɛ na ama afoforo abu wɔn te sɛ Dawid?

“Mmerante—Dɛn Na Mobɛyɛ Na Asafo No Anya Mo Mu Awerɛhyem?” (w21.03 2-5 ¶1-11)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena