Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 22 kr. 106-kr. 109
  • Ná Ohia Akokoduru Na Watumi Adi Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Ohia Akokoduru Na Watumi Adi Nokware
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Yonatan ‘Ɔbarima Biako Wɔ Apem Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 22 kr. 106-kr. 109

22 YONATAN

Ná Ohia Akokoduru Na Watumi Adi Nokware

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

NÁ MMARIMA mmienu bi a akode hyehyɛ wɔn ho de ahoɔhare rebɔ bepɔw bi a ne foro yɛ den. Ná wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo asraafodɔm kɛse bi so. Saa mmarima mmienu yi, nea na odi anim ne Yonatan. Ná ɔyɛ Saul, Israel hene a odi kan no ba. Ná Yonatan somfo kokodurufo a okura wɔn akode no nso di n’akyi. Ná Yonatan aka akyerɛ ne somfo no sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa den sɛ ɔbɛfa nnipa pii anaa nnipa kakraa bi so agye nkwa.” Wei na epusuw ne somfo no ma odii n’akyi. Ankyɛ koraa na Yehowa nso yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ asɛm a Yonatan aka no yɛ nokware. Ɔmaa mmarima 2 yi kunkum asogyafo bɛyɛ 20! Wei bɔɔ kwan maa Onyankopɔn nkurɔfo dii wɔn atamfo no so nkonim kɛse.

Nea Yonatan ne ne somfo yi yɛe no nko ara mpo ma yehu sɛ, na Yonatan yɛ ɔbarima a ɔwɔ akokoduru kɛse. Nanso wei da nkyɛn a, ɔde akokoduru yɛɛ nneɛma pii wɔ n’asetena mu. Ná ɔntoto ne nokwaredi ase. Sɛ obi betumi ayɛ ɔnokwafo nso a, gye sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ akokoduru. Ná Yonatan di ne papa Saul nokware, nanso akyiri yi Saul suban sesae. Ɔyɛɛ Yehowa so asoɔden. Ɛno nti, na Yonatan hia akokoduru paa na wama Yehowa a obedi no nokware no ahia no asen sɛ obedi ne papa nokware.

Mfe pii akyi no, Yonatan faa abarimaa Dawid adamfo. Saa bere no, na Yonatan rekɔ mfe 50. Afei nso, na ɛnkyɛe biara na Dawid kum Filistini Goliat a ɔyɛ ɔbarima tenten kɛse no. Bere a Dawid kum Goliat no, ɛnyɛ dɛn ara a Saul ne nkurɔfo no nyinaa bɛbɔ agye Dawid so akamfo no. Wei maa Yonatan tee nka sɛn? Wanyɛ biribi ketekete mpo a ɛkyerɛ sɛ n’ani beree Dawid. Mmom no, ɔde n’akotaade, ne sekan, n’abɔso, ne n’agyan mpo maa Dawid. Ná obiara nim Yonatan sɛ ɔyɛ obi a onim agyan tow paa, enti n’agyan a ɔde maa Dawid no yɛ akyɛde kɛse paa a Dawid nyae. Ɛwom, na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30, nanso wɔn mmienu nyinaa kaa ntam sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nnamfo, na ampa ara nso wɔamma biribiara antetew wɔn ntam.

Ná ɛsɛ sɛ Yonatan ma ne Nyankopɔn a obedi no nokware no hia no paa sen sɛ obedi ne papa nokware

Ahyɛase no, na Saul nso pɛ Dawid asɛm. Nanso ankyɛ na n’ani beree Dawid, na ofii ase tan no. Ná ɔpɛ sɛ Yonatan bɛka ne ho ma wɔtan Dawid. Afei nso, Yehowa ampaw Yonatan sɛ ɔmmɛyɛ Israel hene a odi hɔ, na mmom ɔpaw Dawid, nanso ne nyinaa akyi no Yonatan kɔɔ so dii n’adamfo Dawid nokware. Bere a Saul kaa sɛ ɔpɛ sɛ okum Dawid no, Yonatan gyinaa n’adamfo no akyi kaa bi maa no. Ná wei gye akokoduru kɛse. Efisɛ ɛwom sɛ na Saul anyin paa de, nanso na ɔda so ara yɛ ɔkofo a ne ho yɛ den. Da koro bi a na Yonatan reka bi ama n’adamfo Dawid no, ɔno ara ne papa Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no! Ɛwom sɛ peaw no anwɔ Yonatan de, nanso ɛyɛɛ no yaw paa sɛ ne papa pɛ sɛ odi no bɔne. Enti ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ne papa Saul asi ne bo paa sɛ obekum ɔno Dawid. Wei kyerɛ sɛ na Yonatan di n’adamfo no nokware. Afei nso, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, sɛ ɛkɔba sɛ daakye onni hɔ a, Dawid nhwɛ n’abusua mma no.

Yonatan te adidi pon ho, na ɔde akokoduru reka bi ama Dawid. Ɔhene Saul bo afuw, na wasɔre agyina hɔ kura peaw de reba Yonatan so. Abner ne wɔn a wɔwɔ dan no mu no rehwɛ nea ɛrekɔ so, na wɔn ho adwiriw wɔn.

Nea Saul de yɛɛ Dawid nti, ɔdanee oguanfo a na onni baabi pɔtee a ɔte. Ɔhene no ne n’asraafo no sii kwan so sɛ wɔrekɔpɛ Dawid akyere no. Wei nti, na Dawid ntumi ntena faako; sɛ otu de ne ho kosie ha a, na watu kɔ baabi foforo nso de ne ho akosie. Wɔn a na wɔrepɛ Dawid akyere no no, wohwɛ a na Yonatan ka wɔn ho anaa? Bible nka wɔ baabiara sɛ ɔkɔkaa wɔn ho, na wutumi hu sɛ ɛnyɛ ade a ɔbɛyɛ saa da. Bere bi Yonatan tee sɛ n’adamfo Dawid akohintaw baabi, enti ɔkɔɔ hɔ kɔhwehwɛɛ no. Adɛn nti na ɔkɔɔ hɔ? Bible ka sɛ Yonatan “kɔhyɛɛ no den wɔ Yehowa din mu.” Ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nsuro, efisɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mɛyɛ w’abadiakyiri.” Ɛnna nnamfo mmienu yi mu biara faa ne kwan; ɛno ne bere a etwa to a wɔhyiae.

Wei akyi bere tiaa bi no, na Saul ne Filistifo a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo ankasa no reko, enti Yonatan kɔboaa ne papa ma wɔkɔkoe. Nanso saa bere no, na Saul abɛyɛ onipabɔnefo, na wabɛyɛ ɔwaefo, na na odi ahonhonsɛm mpo. Enti na Yehowa nso atwe ne ho afi ne ho. Ɔko no mu no, atamfo no piraa Saul paa, enti okum ne ho. Saa da no, ne mma mmarima mmiɛnsa wui wɔ ɔko no mu, na na Yonatan ka ho.

Awerɛhow hyɛɛ Dawid koma ma. Enti otwaa Yonatan ho awerɛhow dwom, na ɛma yehu sɛnea na n’adamfo no da ne koma so ne sɛnea odii n’adamfo no wu ho awerɛhow. Ɔtoo dwom no din: “Agyan” no. Ebetumi aba sɛ agyan a Yonatan de kyɛɛ no mfe bi a atwam no nti na ɔtoo dwom no din saa, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛkae no. Dawid kyerɛwee sɛ: “O me nua Yonatan, wo nti, me ho hiahia me; ná woda me koma so.” Ɛbɔ a Dawid hyɛɛ n’adamfo no, odii so. Bere a Dawid bɛyɛɛ ɔhene no, ɔhwehwɛɛ Yonatan abusuafo akyi kwan, na ohuu Yonatan babarima bi a ɔyɛ obubuafo. Ná yɛfrɛ no Mefiboset. Dawid kɔfaa no ma ɔbɛtena bɛn no wɔ Yerusalem, na efi saa bere no rekɔ no, Dawid hwɛɛ no.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • 1 Samuel 13:​2, 19-23; 14:​1-15; 16:21; 18:​1-9; 19:​4-6; 20:​1-42; 23:​16-18; 28:​6-8; 31:​1-6

  • 2 Samuel 1:​17-27; 9:​1-7

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Yonatan yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Henanom ne Filistifo no? (w95 2/1 31)

  2. 2. Asɛmfua “pim” a ɛwɔ 1 Samuel 13:21 no ma yehu sɛ Bible mu asɛm a yɛaka wɔ ha yi yɛ nokware. Adɛn ntia? (w05 3/15 29) A

    Obi kura pim wɔ ne nsam; ná ɛyɛ ɔbo bi a wɔde kari ade mu duru.

    Mfoni A: Ɔbo yi yɛ pim a na wɔde kari ade mu duru

  1. 3. Baabi a wɔfa twa Mikmas bon no, dɛn na na ɛma ɛhɔ fa yɛ den paa? Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛboaa Yonatan ma otumi twaa saa bon no? (it “Mikmas” ¶4-wcgr) B

Todd Bolen/BiblePlaces.com

Mfoni B: Ɛbɛyɛ sɛ ɛha baabi na na wɔfa twa Mikmas bon no

Mfoni B: Ɛbɛyɛ sɛ ɛha baabi na na wɔfa twa Mikmas bon no

Todd Bolen/BiblePlaces.com

  1. 4. Dawid hyɛɛ Yonatan bɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua ama no. Dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbɔɔ mmɔden dii bɔhyɛ no so? (it “Mefiboset” No. 5 ¶1-wcgr)

Dɛn Na Woasua?

  • Yehowa a Yonatan bedi no nokware no, na ehia Yonatan paa sen sɛ obedi Saul nokware. Yɛn nso, nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa a yebedi no nokware no hia yɛn sen sɛ yebedi obi foforo biara nokware? D

    Onuawa bi ne ne kunu wɔ fie, ɛnna ne kunu no abu nkotodwe wɔ Buddha afɔremuka bi anim. Onuawa no nso te hɔ dinn refa adwen.

    Mfoni D

  • Ayɔnkofa a na ɛda Yonatan ne Dawid ntam no, dɛn na ɛma wuhu fa nea edidi so yi ho:

    • adamfofa?

    • ahobrɛase?

    • nokwaredi?

  • Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Yonatan akokoduru no?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Yonatan ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Ɛyɛɛ dɛn na Yonatan ne Dawid bɛyɛɛ nnamfo a wɔka paa, na yɛbɛyɛ dɛn anya nnamfo a ɛte saa nnɛ?

“Ma Anuanom Nhu Sɛ Wopɛ Wɔn Asɛm” (w21.01 20-25)

Boa wo mma ma wɔnhu nneɛma a esisii wɔ Yonatan asetena mu, na wɔnsua biribi mfi mu.

“Yonatan” (Ɔfã a yɛato din “Nkrataa a ɛfa Bible mu nnipa ho” wɔ jw.org)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena