Wonyaa Mmoa Wɔ Asetra Mu Ɔhaw Ahorow Ano A Wobegyina Mu
ONIPA biara a ɔte ase no wɔ n’ankasa ne haw ahorow. Nanso asetra kwan bi wɔ hɔ a ɛboa nkurɔfo ma wotumi gyina ahohiahia anaasɛ adwenemhaw a ɛte saa ano. Yiw, wotumi di dadwen ne haw ho dwuma yiye. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Kristofo asetra kwan no akyidi so.
Ɔyare de adwennwene kɛse ba nnipa pii so. Ɔbea bi a ɔwɔ Engiresi Aburokyiri kae sɛ, “Ná ɔyare rehaw me kɛse bere a Yehowa Adansefo baa me nkyɛn nea edi kan,” na ɔde kaa ho sɛ: “Na mayɛ basaa ma na mefa nnuru 140 ɔsram biara, na menom sigaret 40 dakoro biara. Anidaso asɛm a efi Bible mu no boaa me ma migyaee eyinom, nanso na ɛyɛ den.” Nanso otumi dii so, na ɔkae sɛ: “Ɛdenam Yehowa mmoa ne ne honhom so no matumi afi ase sɛ mɛyɛ nea ɔhwehwɛ na mehwɛ kwan sɛ menya nipadua mu ahoɔden a edi mu wɔ ne nhyehyɛe foforo no mu.”
Asomdwoe ho ayɛ nã araa ma ebinom de ahopere hwehwɛ. Aberante bi a ɔwɔ Canada kae sɛ, “Na mehwehwɛ asomdwoe,” na na ɔhwehwɛ “onuadɔ ankasa” nso. Ɔhwehwɛɛ asɔre horow mu, nanso wannya. Bere bi akyi no, “ɔde ne ho too nnuru ahorow so kɛse,” na mprenu no ɔbɔɔ mmɔden se obekum ne ho. Bere a wɔde no kɔtoo ayaresabea wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obekum ne ho ne mprenu so no akyi no, aberante no ne obi a na ɔne Yehowa Adansefo resua Bible no kasae. Bere a onyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛkenkan Kyerɛwnsɛm no, aberante yi ani gyee nsɛm a ɛwɔ Yosua 1:8 no ho, na osii gyinae sɛ obedi nea wɔaka wɔ Bible mu no akyi. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ, “Enti, miguaree, kotwitwaa me ti so, na ntɛm ara migyaee nnubɔne a mefa no.” Adansefo kɔɔ ne nkyɛn daa, na ankyɛ aberante no gyee asubɔ de yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Bere a wɔne no rebɔ nkɔmmɔ ɛda a ɔrekogye asubɔ no, ɔka kyerɛɛ nnipa a na wɔahyiam wɔ nhyiam ase no sɛ: “Manya asomdwoe na mahu nokware dɔ ankasa nso.” Yiw, ne nsa aka asomdwoe ne onuadɔ a na ɔhwehwɛ denneennen no denam fekubɔ a anigye wom a ɔne wɔn a wodi Kristofo asetra kwan akyi nya so so.
Nneɛma ahorow pii a ɛhaw ababaa bi a ɔwɔ Amerika no mu biako ne aware a ɛsɛe. Bere a na ɔyɛ abofra a wadi mfe 10, a na ne maame aware asɛe na wadan ɔsadweam no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho! Mfe bi akyi no asɛm a ɛbaa n’adwenem ne sɛ, ‘Dɛn nti koraa na mete ase?’ Bere a ɔne ɔbarima bi a ɔwaree no no aware gui no, ababaa no waree foforo na n’asew a na ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no fii ase ne no bɔɔ Bible ho nkɔmmɔ. Awiei koraa no, eyi ma obehyiraa ne ho so maa Onyankopɔn na ogyee asubɔ. Ɛdenam ɔdɔ a asafo no mufo yii adi kyerɛe ne mmoa a onuawa Kristoni pɔtee bi de mae so no, ɔbea yi tumi kae sɛ: “Mete nka nea edi kan wɔ m’asetra mu sɛ meyɛ nipa ankasa. Bere a atwam no na m’asetra ayɛ nea ɛho nni mfaso. Nanso afei de, manya mfiase foforo. Sɛ anka mepɛ sɛ mikum me ho mmom no, mewɔ biribi a metumi de ama afoforo . . . manya anidaso wɔ me ne Yehowa abusuabɔ mu.” Ampa, wahu nea asetra kyerɛ, na wahu saa “anidaso a nkwa wom” no.
Sɛnea yɛadi kan aka no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ bere bi a dadwen ne haw befi hɔ koraa ho bɔ. Nanso, ɛnnɛ mpo, ɛdenam nsiesie ahorow a Yehowa ayɛ no so no, pii anya honhom mu mmoa a ɛma wotumi gyina asetra mu ɔhaw ahorow ano.