Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 4/8 kr. 18-20
  • Asetra Betumi Ayɛ Nea Eye Sen Kan Mprempren!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra Betumi Ayɛ Nea Eye Sen Kan Mprempren!
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene Pa a Ɛkari Pɛ
  • Ɔyare Ano a Wobetumi Agyina
  • Su Horow a Eye
  • Abusua Asetra Pa
  • Sikasɛm Ho Nhyehyɛe a Eye
  • Asomdwoe Ne Onuayɛ
  • Wonyaa Mmoa Wɔ Asetra Mu Ɔhaw Ahorow Ano A Wobegyina Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Asetra Pa—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Mmoa a Eye Ma Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 4/8 kr. 18-20

Asetra Betumi Ayɛ Nea Eye Sen Kan Mprempren!

NIPA pii na wosusuw sɛ Bible no de asetra pa wɔ ɔsoro nkutoo wɔ owu akyi na ɛma, na wɔn mprempren asetra yi bɛyɛ nea wɔahyehyɛ sɛ saa ara na ɛbɛyɛ. Nanso wɔn a wɔyɛ saa nhoma yi nsa aka nkrataa ahorow afi wiase afanan nyinaa a ɛkyerɛ sɛ wɔaboa nnipa mpem mpem bebree ma wɔanya asetra pa mprempren denam Bible no akyi a wodi so. Susuw asetra mu nhwɛso horow a ɛyɛ nokware yi ho.

Adwene Pa a Ɛkari Pɛ

Adwenemyare adan nsan yare a ɛrebɔ fa wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no, sɛnea akontaa a wobui kyerɛ no, nnipa abiɛsa biara a wɔwɔ Germany wɔ Federal Republic no mu biako ahu amane afi adwenemyare mu pɛn anaasɛ ebia na ɔyare no da so wɔ ne ho. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa a wokum wɔn ho da biara da yɛ 1,000.

Wɔ U.S. America, a wokyerɛ sɛ nnipa dodow no mu nkyem anan mu biako wɔ adwenemyare kakra no, abeawa bi kaa asɛm bi wɔ New York kuropɔn no mu na ɔkyerɛ sɛ: “’Mfaso biara nni m’asetra mu. Enti mifii ase nom nsa bebree na mede me ho hyɛɛ agorudi a ɛmfata mu.” Nanso sɛ́ eyi de anigye a ɔhwehwɛ pii no bɛbrɛ no no, ɔde kaa ho sɛ: “Asetra fonoo me ma afei de misii gyinae sɛ mekum me ho. Esiane eyi nti mekɔtɔɔ aduro bi a mede bɛfra nsa a ano yɛ den anom awu.”

Ɔbea no daa no adi sɛ, “anadwo no ara, mebɔɔ mpae maa Onyankopɔn na meka kyerɛɛ m’ankasa me ho sɛ sɛ Onyankopɔn te ase de a, ɛnde onsiw me kwan na mankum me ho. Saa bere koro yi ara mu na obi bɔɔ me pon. Ɔbea bi kae sɛ ɔne me besua Bible.”

Ɔbea yi kae sɛ: “Nea midii kan yɛe ne sɛ mekaa ɔpon no toom denneennen a ɔbea yi gyina m’akyi. Nanso bere a mihuu nea m’ayɛ pɛ no, mekɔɔ ɔbea no nkyɛn kɔpaa no kyɛw sɛ onnyaw me hɔ nko. Ɛno na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ me ne saa ɔbea yi a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no besua Bible.”

Ofi Bible sua mu huu sɛ ɔbɔadeɛ no ani gye yɛn mu biara ho. Bible no se, “momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Pet. 5:7) Wahyɛ bɔ sɛ obeyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase no so na wahyehyɛ “asase foforo” a emu no “asomdwoe pii” wɔ mu.​—2 Pet. 3:13; Dw. 37:10, 11.

Nimdeɛ a ɛte saa maa mfaso baa ababaa yi asetra mu. Afei obu ne ho na ɔwɔ daakye ho anidaso. Bere a osuaa ade mfirihyia abien akyi no nea ɔkae ne sɛ: “Anigye ahyɛ m’asetra mu ma na mfaso nso aba mu.” Ɛnyɛ obiara na ne nsa ka ne mpaebɔ ho mmuae ntɛm te sɛ nea saa ɔbea yi yɛe no. Nanso Onyankopɔn “ne yɛn mu biara ntam kwan nware” titiriw wɔn a wɔdan wɔn ho kɔ ne nkyɛn a wɔpɛ sɛ wohu n’apɛde no na otie nkotɔsrɛ a ɛyɛ nokware a wɔde bisa ne hɔ mmoa no.​—Aso. 17:26, 27.

Ɔyare Ano a Wobetumi Agyina

Ɔbarima a wanyin a ɔwɔ Sweden a ohuu amane wɔ Spanish Influenza no mu, a wɔayɛ no opirehyɛn bebree a mprempren n’ani nhu ade papa no kae sɛ: “M’ayare me nkwa nna nyinaa.”

Nanso saa ɔbarima a wanyin yi kae sɛ: “Bere dui sɛ afei de metumi agyina ɔyare no ano bere a na madi mfirihyia aduonu abien pɛ. Mo nsɛmma nhoma [Nyan!] no boaa me ma medan me ho kɔɔ Bible no ho.” Ofi mu suae sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ayi nyarewa ahorow nyinaa afi asase so akɔ koraa. (Adi. 21:1, 3, 4) Ɔbarima yi kɔɔ so kae sɛ: “Efi saa bere no reba no, nea m’ahu wɔ mfe no mu ne anigye, efisɛ wɔ me nipadua mu mmerɛwyɛ ne sintɔ no nyinaa akyi no mewɔ daakye ho anidaso ankasa. Afei nso, mereyɛ biribi, efisɛ matumi aboa afoforo pii ma wɔn anya saa anidaso a eye a ɛfa daakye ho no.” Nsɛm horow a ɛte saa ara bebree di adanse sɛ Bible no betumi ama obi asetra ayɛ nea anidaso ne mfaso ankasa wom. Eyi boa obi ma otumi gyina ɔyare ano wɔ anigye mu.

Su Horow a Eye

Wɔka sɛ, ‘suban betumi ayɛ biribi a ɛte sɛ ananse ntontan, a wobetumi asɛe no, nanso sɛ woantumi ansiw no kwan a, ɛnkyɛ na ɛde nnade nkɔnsɔnkɔsɔn akyekyere yɛn.’ Nnipa baahe na saa “nnade nkɔnsɔnkɔnsɔn” a ɛyɛ suban bɔne te sɛ asabow, nnubɔne a wɔde di dwuma, didimee, korɔnbɔ ne nneɛma afoforo resiw wɔn kwan a ɛno nti wonnya asetra pa!

Aberante bi a ɔwɔ Spania kae sɛ: “Mebɛyɛɛ obi a na polisifo hwehwɛ me akyere me bere a madi mfirihyia 18 pɛ.” Nea ɛka ne suban bɔne no ho ne ntɔkwaw a ɔko wɔ abɔnten so, nnubɔne a ɔde di dwuma ne asabow; afei ɔde afoforo din hyɛɛ sika krataa ase wiae de ne ho hyɛɛ kyakyatow mu, nnubɔne a wɔtɔn ne ade. Nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔde no to afiase wɔ bere ne bere mu.

Ɔkenkan Yehowa Adansefo nhoma horow a wɔde sua Bible no biako na ohui sɛ ehia sɛ ɔsakra n’asetra sɛ ɔpɛ sɛ n’ani gye de a. Nanso ɔpenee so sɛ: “Saa nsakrae no nyɛ mmerɛw. Nea mehwehwɛ ara ne anigye ne nea ɛbɛma me koma atɔ me yam”; nanso ɔtan onipa ko a wabɛdan no. “M’asetra yɛɛ basaa a nneɛma nsi me yiye. Da koro bi, wɔ abasamtu nti, metetew Bible mu tow bɔɔ ban ho.”

Nanso Bible mu afotusɛm no boaa no nkakrankrakra ma eduu ne koma mu. Saa ɔbarima yi de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Denam Yehowa Nyankopɔn mmoa so no mesakraa m’asetra koraa.” Ɛnyɛ sɛ afei de ne nko tra ase komm wɔ asomdwoe mu, na mmom otumi boa afoforo ma wɔyɛ nsakrae a ɛte saa ara.

Abusua Asetra Pa

Ɔbarima bi a waware foforo abusua asetra fonoo no nti oguan gyaw wɔn hɔ bere a watra aware mu asram 18 pɛ. Afei ofii ase sɛ ɔrehwehwɛ anigye wɔ wiase. Mfirihyia ason akyi bere a wabu bra bɔne akyin de nnubɔne adi dwuma no ɔtee nka sɛ wadi huammɔ enti osii gyinae sɛ obekum ne ho mpɛn ahorow pii.

Aberante yi kɔɔ so kae sɛ: “Ɛno na afei bere a mewɔ Australia no Yehowa Adansefo no mu biako behuu me yii ayamye fɛfɛ adi kyerɛɛ me wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa.” Ofii ase sɛ ɔne Ɔdanseni no besua Bible no na wofi Bible mu kyerɛɛ no sɛnea ɔno nso betumi anya aware asetra a eye. Ogye toom sɛ obetumi adi ho dwuma, enti ɔhwehwɛɛ ne yere no akyi kwan. Esiane sɛ ne yere no hui sɛ w’asakra n’asetra nti, ɔpenee so sɛ ɔne no bɛtra bio. Afei wɔn baanu a wɔde Bible mu nnyinasosɛm tra ase yi ‘paee mu kae sɛ: “Yɛn baanu nyinaa ani gye na yɛwɔ ofie asetra a anigye wom.”​—Efe. 5:33.

Sikasɛm Ho Nhyehyɛe a Eye

Ɔbarima bi a ne ɔne yere a wɔwɔ Sweden penee so sɛ: “Yehuu ano hui sɛ yɛsɛe sika pii wɔ tawanom, asabow ne kyakyatow mu ɔsram biara kyɛn nea yɛsɛe de tua yɛn dan ka, de tɔ aduan ma yɛn abusua no. Yɛn tawanom ma yɛsɛe sika mpo kyɛn nea yɛde tua yɛn dan a yɛnsen mu no ka.”

Saa awarefo baanu a afei de wɔn koma atɔ wɔn yam na wɔsow ahosodi aba no kɔɔ so kae “Bible adesua a yɛne Yehowa Adansefo yɛe no ma yegyaee suban bɔne yi. Afei yɛwɔ ɔdan a ɛsõ, yedi nnuan pa, hyɛ ntade pa, te nka sɛ yɛte yiye, yenya nna pa da, na yɛwɔ sika ne ahoɔden ma honhom mu ne nipadua mu adwumayɛ a ɛma nkɔso.” Wɔaboa afoforo bebree wɔ wiase nyinaa ma wɔayɛ saa ara.

Nea ɛka ho bio no, Bible akwankyerɛ a ɛfa nokwaredi, adwumayɛ ne akomatɔyam ho no aboa bebree ma wɔatumi ahyehyɛ wɔn sikasɛm yiye na ama wɔayɛ adwumayɛfo a wɔn adwuma wuranom nso de wɔn ho to wɔn so. Esiane sɛ wɔasua sɛ wɔrennɔ sika na mmom wɔde obu bɛma nti wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛnea awarefo a wofi Sweden yi de wɔn asɛm baa awiei no: “Saa nhoma a efi Onyankopɔn hɔ no ma yɛkari pɛ wɔ biribiara mu wɔ asetra mu.’​—Heb. 13:5, 18; fa to Mmebusɛm 18:9 ho.

Nsɛm a yɛadi kan ate yi kyerɛ sɛnea Bible tumi boa obi ma onya asetra pa. Nanso ebia wubesusuw sɛ: ‘Eyinom yɛ soronko. Merentumi mfa Bible no akenkan nkutoo so nyɛ nsakrae a ɛte saa yi nyinaa.’ Wɔn nso wɔanyɛ saa. Ná pii fa ho kyɛn saa.

Asomdwoe Ne Onuayɛ

Nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no nyinaa nsa kaa mmoa fii Yehowa Adansefo hɔ kwa. Amerika atesɛm krataa bi frɛɛ wɔn ahyehyɛde no sɛ “asomdwoe ne onuayɛ ho nhwɛso.” Nnipa a ɛte saa a wo ne wɔn bɛbɔ no bɛhyɛ wo nkuran kɛse ama woasuasua wɔn suban.

Amerikani ababaa bi dii mfaso a ɛwɔ yɔnko a wɔne wɔn bɔ mu no ho adanse. Na nea ɔyɛ kan ne sɛ ɔnom nsa wɔ bar ahorow, ɔnom “wii” na ɔko ntɔkwaw. Ɔkae sɛ: “Na mimmu obiara,” na ɔkyerɛɛ nea enti a ɛte saa. “Mmu w’ani ngu nea ayɔnkobɔ bɔne betumi de aba no so!” Ne “nnamfonom” ma ɔsɛee koraa.

Ɛno na afei ɔne ne kunu fii ase suaa Bible no na onyaa Yehowa Adansefo a wɔne wɔn bɔ no ho anigye. Ɔbea no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Migyaee suban bɔne ne nnuru bɔne no na minyaa ahonim pa. Metee nka sɛ yɛn kan nnamfonom no ho nhia yɛn bio, efisɛ yɛanya nnamfonom a woye a wɔyɛ nokwaredifo a yebetumi de yɛn ho ato wɔn so.” Eyi nkyerɛ sɛ saa ahyehyɛde yi mufo yɛ pɛ. Anyɛ yiye koraa no wɔrebɔ mmɔden denneennen na wɔatra ase ma ɛne Bible no ahyia, na wohu nea afi mu aba no nso.

Nanso, sɛ yenya asetra pa mu anigye mprempren mpo a, ɛnyɛ nea edi mũ. Yebetumi abɔ mmɔden biara de, nanso yɛbɛyɛ mfomso na ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyera yɛn ahosodi. Nea ɛka ho bio no, ɔyare ne owu betumi de ɛyaw a yentumi nguan mfi ano no aba yɛn so. Yɛne tebea horow a atwa yɛn ho ahyia a enye nso di aperepere. So bere bi bɛba a yɛn asetra bɛyɛ nea anigye wom koraa?

[Box on page 20]

“Nhyira ne wɔn a wɔn kwan ya pɛ, na wɔbom Awurade Yehowa mmara so. Nhyira ne wɔn a, wɔhwɛ n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyiri, nso wɔnyɛ amumɔyɛde, na wɔnam n’akwan so. Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.”​—Dw. 119:1-13, 9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena