Asetra Pa—Ɛbɛba Nnansa Yi Ara!
FA NO sɛ asɛm biara a wim nsakrae ho nimdefo ka no bam. Sɛ ɔka wɔ anwummere amanneɛbɔ nsɛm mu sɛ nsu bɛtɔ da a edi hɔ no a, wontwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛfa wo kyinii bere a worefi fie anɔpa no. Ne nsɛm a waka dedaw no ama woanya ne mu awerɛhyem. Woyɛ nea ɔka.
Ɛnde, Yehowa bɔhyɛ a ɛfa paradise asase so asetra ho no yɛ nokware dɛn? Wiɛ, dɛn na ne nsɛm a waka dedaw no kyerɛ? Bible nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu no da nea Yehowa aka no adi pefee. Ɔyɛ Onyankopɔn a nea ɔka biara bam pɛpɛɛpɛ na ɛyɛ nokware. (Yosua 23:14; Yesaia 55:11) Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ ahorow yɛ nokware araa ma ɛtɔ mmere bi a ɔka daakye bɔhyɛ ahorow ho asɛm ankasa sɛ nea asi dedaw. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa ne bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a yɛrenhu owu ne osu bio ho no, yɛkenkan sɛ: “Wɔawie [nhyira ahorow a wahyɛ ho bɔ no]!” Wɔ ɔkwan foforo so no, “Ɛyɛ nokware!”—Adiyisɛm 21:5, 6, NW, ase hɔ asɛm no.
Yiw, Yehowa kan bɔhyɛ a enyaa mmamu no ma yenya anidaso wɔ ne bɔhyɛ a ɛfa asetra pa ma adesamma ho a ɛbɛbam no ho. Nanso bere bɛn na saa asetra pa yi bɛba?
Asetra Pa—Bere Bɛn?
Ɛrenkyɛ, asetra pa a ɛkyɛn so bɛba! Yebetumi agye ɛno adi efisɛ Bible ka sɛ nneɛma bɔne pii bɛba asase so bere a aka bere tiaa bi na Paradise de asetra pa aba no. Saa nneɛma bɔne no rekɔ so mprempren.
Sɛ nhwɛso no, Yesu Kristo ka siei sɛ akodi akɛse bɛba. Ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Saa nkɔmhyɛ yi abam. Wodii wiase ako abien wɔ 1914 kosi 1945 mfe no mu, na wɔ eyi akyi no, amanaman no ako atia wɔn ho wɔn ho wɔ akodi foforo pii nso mu. “Afe biara, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa a akodi kunkum wɔn saa bere yi mu [efi Wiase Ko II so reba] no boro nnipa a wowuwui wɔ afeha a ɛto so 19 no mu mmɔho, na wɔdɔɔso sen wɔn a wowuwui wɔ afeha a ɛto so 18 no mu mpɛn ason.”—World Military and Social Expenditures 1993.
Ɔyare a adɔɔso nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn asetra pa wɔ Paradise. Yesu ka siei sɛ ‘ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae.’ (Luka 21:11) Saa nkɔmhyɛ yi abam? Yiw. Wɔ wiase ko a edi kan akyi no, Spania influensa akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20. Efi saa bere no, kokoram, komayare, ebun, AIDS, ne nyarewa foforo akunkum nnipa ɔpepem pii. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, nyarewa a nsufĩ de ba (a ayamtu ne nyarewa a nsono mu asunson de ba ka ho) kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara.
Yesu kae nso sɛ: ‘Ɔkɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Sɛnea yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, wiase no mu ahiafo nnya aduan a ɛdɔɔso nni. Eyi nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, asetra pa a ɛkyɛn so wɔ Paradise bɛba.
Yesu kae sɛ: “Asasewosow kɛse bɛba.” (Luka 21:11) Eyi nso abam wɔ yɛn bere yi mu. Efi 1914 no, asasewosow a ɛsɛe ade akunkum nnipa ɔpehaha pii.
Bible ka bio sɛ nnipa su a ɛbɛsesa bɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae. Wɔbɛyɛ “ahopɛfo” ne “sikapɛfo,” na mmofra bɛyɛ “awofo asɛm ho asoɔdenfo.” Nnipa nyinaa bɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:1-5) Wunnye ntom sɛ saa asɛm yi fa nnipa dodow no ara ho?
Bere a nnipa dodow no ara yɛ nneɛma bɔne no, na amumɔyɛ redɔɔso. Wɔkaa eyi nso ho asɛm siei. Sɛnea Mateo 24:12 kyerɛ no, Yesu kaa ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso’ ho asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ amumɔyɛ adɔɔso seesei sen mfe a atwam no. Nnipa a wɔwɔ baabiara suro sɛ wobewia wɔn nneɛma, wobesisi wɔn, anaasɛ wobepira wɔn wɔ ɔkwan bi so.
Ɔko, nyarewa a atrɛw kɛse, ɔkɔm, asasewosow, amumɔyɛ a ɛredɔɔso, ne nnipa ntam abusuabɔ a asɛe koraa—yehu eyinom nyinaa nnɛ, sɛnea Bible ka siei no. Nanso, ebia wubebisa sɛ: ‘Saa nneɛma yi nkɔɔ so nnipa abakɔsɛm nyinaa mu? Dɛn na ɛyɛ soronko wɔ yɛn da yi ho?’
Nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ biribi wɔ nea ɛresisi nnɛ no ho. Bible nka sɛ ade biako ankasa, te sɛ ɔkɔm, bedi adanse sɛ yɛwɔ awiei bere no mu na asetra pa abɛn. Ná ɛsɛ sɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛfa awiei bere no ho no nya mmamu wɔ awo ntoatoaso bi a wonsuro Onyankopɔn so.—Mateo 24:34-39; Luka 17:26, 27.
Bio nso, ɛyɛ nwonwa sɛ Yesu nkɔmhyɛ no afã bi—titiriw nea ɛfa ɔkɔm ne nyarewa a atrɛw ho no—renya mmamu nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma a nyansahu atumi ayɛ no nyɛɛ kɛse saa da. Wonnyaa nkɔso wɔ aduruyɛ mu nimdeɛ ne akwan foforo a wɔfa so sa nyarewa mu anaa ɛntrɛwee saa da. Onyankopɔn nkutoo na na obetumi aka asie wɔ n’Asɛm, Bible, mu sɛ wɔ bere a ɛte saa mu no, ɔyare ne ɔkɔm bɛyɛ kɛse, na ɛso rentew.
Esiane sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa awiei bere no anaa “nna a edi akyiri” ho no rebam nti, dɛn na yebetumi aka? Sɛ́ asetra pa bi abɛn! Nanso ɔkwan bɛn so na ɛbɛba?
Asetra Pa—Ɔkwan Bɛn So?
Wususuw sɛ nnipa betumi de Paradise aba? Ɛde besi nnɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa nniso ahorow pii na aba. Ebinom abɔ mmɔden denneennen sɛ wɔbɛma nnipa no anya nea wohia. Nanso, ɔhaw ahorow pii mu reyɛ den. Wɔ aman a wodi yiye ne wɔn a wodi hia nyinaa mu no, nnubɔne, adan pa a wonnya ntra mu, ohia, nsɛmmɔnedi, adwuma a wonnya nyɛ, ne akodi rehaw nniso ahorow no.
Sɛ nniso ahorow no betumi adi saa ɔhaw ahorow yi mu bi ho dwuma mpo a, wɔrentumi mma nnipa nne wɔn ho mfi yare ho koraa; saa ara na wɔrentumi nyi mpanyinyɛ ne owu mfi hɔ. Ɛda adi pefee sɛ nnipa ntumi mfa Paradise mma asase yi so.
Bible ka no nyansam sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Ɛnde, hena so na yɛmfa yɛn ho nto? Bible bua sɛ: “Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da Awurade [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn so.” (Dwom 146:3, 5) Sɛ yɛde yɛn ani to Yehowa Nyankopɔn so a, ɔrenni yɛn huammɔ da.
Nokwarem no, Nea ɔwɔ nyansa ne tumi a ɔde bɔɔ asase, owia, ne nsoromma no betumi ama asase no nso ayɛ paradise. Obetumi ama nnipa anya asetra pa. Nea Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ biara, obetumi ayɛ na ɛbɛbam. N’Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.” (Luka 1:37) Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛfa de asetra pa aba?
Yehowa nam n’Ahenni so de asetra pa a ɛkyɛn so bɛbrɛ adesamma. Na dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɛyɛ nniso ankasa a ɛwɔ Sodifo a Onyankopɔn apaw no, Yesu Kristo. Onyankopɔn Ahenni no wɔ soro, nanso ɛrenkyɛ, ɛde nhyira a ɛyɛ nwonwa ne asetra pa a ɛkyɛn so bɛbrɛ wɔn a wɔte Paradise asase so no.—Yesaia 9:6, 7.
Ebia wunim Yesu mpaebɔ nhwɛso a yehu wɔ Bible mu wɔ Mateo 6:9-13 no dedaw. Saa mpae a wɔbɔ Onyankopɔn no fã bi ka sɛ: “W’ahenni mmara, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” Nea ɛne saa mpaebɔ no hyia no, Onyankopɔn Ahenni “bɛba” abedi Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw ma asase no ho dwuma. Na ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ asase yi bɛyɛ paradise.
Asemmisa bi a etwa to sɔre: Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya Paradise a ɛreba no mu asetra pa no?
Nea Ehia sɛ Woyɛ
Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu de asetra pa wɔ Paradise ho anidaso ma wɔn a wɔyɛ n’apɛde nyinaa. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Nanso dɛn na ɛma obi yɛ ɔtreneeni wɔ Onyankopɔn ani so?
Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ yesua nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no ho ade pii. Sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ na yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu a, yebetumi atra ase daa. Wɔ mpae a Yesu bɔɔ Onyankopɔn mu no, ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Nhoma a ɛka Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho asɛm kyerɛ yɛn ne Onyankopɔn Asɛm, Bible, no. Ɛyɛ Yehowa akyɛde a ɛsom bo sen biara no mu biako. Bible no te sɛ krataa bi a agya bi a ɔwɔ dɔ de kɔma ne mma. Ɛka Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛde asetra pa bɛbrɛ adesamma no ho asɛm kyerɛ yɛn, na ɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so anya. Bible no ma yehu nea Onyankopɔn adi kan ayɛ ne nea ɔbɛyɛ daakye. Ɛsan de afotu a mfaso wɔ so a ɛfa sɛnea yebedi yɛn haw ahorow ho dwuma nkonimdi mu nnɛ ma yɛn. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ yɛn sɛnea yebenya anigye kakra wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mpo mu.—2 Timoteo 3:16, 17.
Yehowa Adansefo de anigye bɛyɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe ama wo a wonnye hwee. Sua sɛnea wubetumi anya asetra a anigye wom saa bere yi, a wowɔ anidaso sɛ wubenya asetra pa a ɛkyɛn so daakye.
[Kratafa 5 mfonini]
Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ asetra pa abɛn
[Kratafa 7 mfonini]
Onyankopɔn Ahenni de asetra pa bɛbrɛ adesamma