Hwɛ A Wobɛhwɛ W’awofo A Wɔanyinyin—Ɔkwan Bɛn So?
ODURUYƐFO no kae sɛ, “wo maame reyɛ mmerɛw afei, ne saa nti misusuw sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yebenya kwan ama no wɔ baabi a wɔhwɛ nkwakora ne mmerewa no.”
Ɔbabea no ho dwiriw no. Saa nso na ne maame yɛe, nanso ɔyɛɛ saa wɔ ɔkwan foforo so—awerɛhow kaa no. Ofie a awerɛhow wom a ɔbɛtra mu ho hu kaa no, na odii kan hui sɛ na ɛte sɛ nea ɔne wɔn a wɔanyinyin a wɔredi awerɛhow no te faako. Nanso ne babea no asɛm a awerɛkyekye wom no maa ne ho san no.
“Nhaw wo ho, Maame. Mɛka yɛn nkyɛn a wobɛba abɛtra ho asɛm akyerɛ Jan.”
Ne maame wosow ne ti. “O, dabi, me ba. Wowɔ pii a ɛsɛ sɛ woyɛ ma w’abusua no dedaw, na . . . ”
Akyiri yi ɔbabea no kyerɛwee sɛ: “Ɔde n’ano kae sɛ ‘Dabi’ nanso n’ani srɛe sɛ: ‘Mesrɛ wo nnyaw me nkɔ; fa me ka wo ho kɔ.’”
Nanso afie pa pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. So anka ɛrenyɛ papa mma maame no sɛ ɔbɛkɔ eyinom biako mu? Mprempren de na ɔbabea no bɛhwɛ ne maame aka ne kunu ne ne mma ho dwumadi ho. So obetumi ne ne babea no kunu ne ne mma atra?
Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ pii sɔre. Na bere a nkwakora ne mmerewa redɔɔso no, mmusua pii hyia nsɛm a ɛtete saa. So Bible no de asɛm no ho akwankyerɛ bi ma?
YESU NHWƐSO NO
Bere a Yesu Kristo sɛn dua no so no, ɛwom sɛ na ɔrehu amane kɛse de, nanso na tebea a ne maame a ne mfe akɔ anim wom no wɔ n’adwenem. Ɛda adi sɛ saa bere no na Marisa yɛ okunafo, na na Yesu a ɔrewu no fi adwene a emu tew mu resusuw ne hwɛ ho wɔ ne wu akyi. Ɛde besi saa bere no na ne honam fam nuanom nnyaa ne mu gyidi; na wɔnyɛ n’asuafo. Enti Yesu de ne maame Maria hwɛ hyɛɛ Yohane, osuani a ɔdɔ no yiye no nsa. Bible no ka nea ɛkɔɔ so wɔ asɛndua no ho no:
“Ɛnna Yesu huu ne nã ne osuani a ɔdɔ no no [Yohane] sɛ ogyina hɔ no, osee ne nã sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni! Ɛno akyi no osee osuani no sɛ: Hwɛ, wo nã ni! Na efi dɔn no mu ara na osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi.”—Yoh. 19:26, 27.
Ɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ wosusuw awofo ho yiye, sɛnea ne mmara mpo ka no. Enti na Yesu reyɛ ade a ɛne Mmara Nsɛm Du a wɔde maa Israel no mu nea ɛto so anum no hyia, nea ɛka sɛ: “Di w’agya ne wo nã ni, na wo nna aware asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”—Ex. 20:12.
WOBU ANI GU NHYEHYƐE PA SO
Nanso, sɛnea ɛte wɔ mmara afoforo bebree ho no, nkakrankakra no Mmara Asɛm a Ɛto so Anum no bɛyɛɛ nea wommu. Pɛsɛmenkominya so no, Yudafo bebree fii ase buu ani guu wɔn awofo so, na wɔn werɛ fii sɛnea na wofi ɔdɔ mu ahwɛ wɔn no. Akyiri yi wɔn nyamesom mu akwankyerɛfo no mpo daa nkyerɛkyerɛ bi adi sɛ wobetumi abu wɔn ani agu wɔn awofo hwɛ so, sɛ wodi nea nyamesom hwehwɛ no ho dwuma nkutoo a. Yesu kasa tiaa mfomso yi kɛse. Ɔkae sɛ na obiara a ɔde Onyankopɔn ahyɛde to nkyɛn saa no resom Onyankopɔn kwa.—Marko 7:6-13.
Yesu asuafo tee Onyankopɔn ahyɛde a ese wɔnhwɛ awofo a ahia wɔn, a nenanom mpo ka ho no ase yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesompa wɔn fi mu kan ntua wɔn nã ne wɔn nenanom ka; na eyi na eye, na ɛsɔ Onyankopɔn ani.” (1 Tim. 5:4) Wohyɛɛ mma asɛyɛde a edi kan no nsow? Ɛne sɛ wobetua wɔn awofo anaasɛ wɔn nenanom ka, wɔ hwɛ a wɔhwɛɛ wɔn bere a wɔyɛ mmofra no ho. Yiw, Onyankopɔn ani sɔ sɛ mmofra bɛhwɛ wɔn awofo ne wɔn nenanom a wontumi nhwɛ wɔn ankasa ho no.
Wɔ nnɛ wiase yi mu no ‘obu ma agya ne ɛna’ kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Mmom no, suban a ɛwɔ hɔ mpɛn pii ne sɛ: “Ma obiara nhwɛ n’ankasa ho; ɔhaw a egu me so dɔɔso.” Nea efi pɛsɛmenkominya adwene yi mu ba no da adi pefee: Nnipa ɔpepem pii a wɔanyinyin ho kyere wɔn wɔ wɔn asetra fã a edi akyiri no mu esiane sɛ obiara nnwen wɔn ho nti.
WƆN A WƆANYINYIN NO AHIADE AHOROW
Ɛtɔ da bi a onipa bɛyɛ mmɔbɔ wɔ ne nna a etwa to no mu te sɛnea na ɔte wɔ mfiase no. Eyi bɛyɛ adesoa wɔ mpanyin bere mu mmom sen anika a na ɛyɛ wɔ ne mmofraase no. Akokoaa a ontumi nyɛ ne ho hwee a ɔwɔ ne maame nsam no yɛ nea wɔkyerɛ ne ho anigye pii; nanso sɛ akwakora anaa aberewa bi a wayɛ mmerɛw ba dan no mu a, obiara mfa n’adwene nkɔ no so titiriw biara. Bebree taa susuw sɛ, “O, wadi ne bere.”
Mpɛn pii no mpanyinyɛ ne mmerɛwyɛ na ɛnam. Enti ebia nneɛma a afoforo betumi ayɛ a wɔmmrɛ ho no begye mmɔdenbɔ kɛse wɔ nnipa a wɔn mfe akɔ anim no fam. Mpo da biara da fie adeyɛ betumi ayɛ nea wontumi nyɛ, sɛ yɛrenka apra, dan mu twiw, adiwo hɔ siesie ne nea ɛkeka ho ho asɛm mpo a.
Ɛtɔ bere bi a nnipa a wɔn mfe akɔ anim no yɛ mmerɛw araa ma wontumi nnoa aduan anaasɛ wonkodi gua. Nanso, wɔn na wohia aduan pa titiriw. Mpɛn pii no wɔpow nnuaba ne kontommire ne fan ne nea ɛkeka ho no. Na esiane sɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim ntaa nnom nsu pii nti, wofi ase fɔn. Eyi nso tumi de nkotɔ ne adwenem basaayɛ ba.
Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bebree mpɛ gyegyeegye. Wɔpɛ sɛ wɔtra baabi a ɛhɔ yɛ komm na wɔhwɛ nea ɛkɔ so. Nanso kae sɛ, ne nyinaa mu no, wɔn ani kɔ so gye nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ho. Bere a woanya asetra a edi mu na anigye wom akyi no, so anka wobɛpɛ sɛ wobu wo animtiaa koraa? Dabida! “Asotwe” a enye koraa a wobetumi de ama obi a ne mfe akɔ anim ne ankonam a wɔbɛma wayɛ. Nanso sɛ mode awofo a wɔn mfe akɔ anim kɔtra baabi a wɔde nkwakora ne mmerewa tra sɛnea ɛbɛyɛ na wɔafi mo so a, eyi betumi de asotwe a ɛte saa aba wɔn so.
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ, wɔ tebea horow bi mu no, ɛnyɛ ɔkwan pa no ne sɛ wode w’awofo a wɔn mfe akɔ anim no bɛkɔ baabi a wɔhwɛ nkwakora ne mmerewa so. Ebia na wɔn nipadua mu tebea no ayɛ nea wontumi nsɔre mfi mpa so koraa, sɛ ɛnte saa koraa mpo a, ebia na ebehia sɛ obi tra wɔn ho daa. Ebia na ebehia sɛ woyɛ adwuma de tuatua ka ahorow, na enti wurentumi ntra fie nhwɛ wɔn saa. Na ebia na abusua no muni foforo biara nni hɔ a obetumi ayɛ saa. Afie a wɔhwɛ nkwakora ne mmerewa wɔ mu no binom ayɛ nhyehyɛe pa ama nnipa a wɔwɔ tebea horow a ɛtete saa mu.
DƐN NA WOBETUMI AYƐ
Abusua bi kae sɛ: “Yɛmaa agya ne ɛnã paw nea wɔn ankasa pɛ: Sɛ wɔbɛkɔ nkwakora ne mmerewa fie, anaa wɔne yɛn bɛtra. Wosii gyinae no ntɛm: sɛ wɔne yɛn bɛtra.”
Nanso na asemmisa a ebetumi aba ne sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya baabi ama wɔ atra? Bere a ɛnyɛ abusua biara na ebetumi no, bebree ahu sɛ wobetumi. Sɛ ɔdan ketewa bi wɔ hɔ a, mmerante ani taa gye sɛ wɔbɛda hɔ. Anaasɛ, ebia mpa a ɛtoa so abien a ɛwɔ mmofra dan mu no bɛboa ma ɔkwan ada baabi. Ebia abusua mũ nyinaa betumi atu akɔ ɔdan a ɛsõ mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya baabi ama Nenabarima anaa Nenabea, anaasɛ wɔn baanu nyinaa.
Nsusuwii ahorow a wobedi kan ayɛ ho hia bere a wɔde awofo a wɔayɛ mmerɛw rebɛtra fie no. Ebetumi ayɛ nea asiane wom sɛ wobegyaw nneɛma ahorow te sɛ kɛtɛ wɔ fam hɔ. Afei nso, bisa wo ho sɛ: So kanea a ɛwɔ abrannaa ahorow no so no hann no ye? So biribi wɔ hɔ a wobetumi de wɔn nsa asuso mu wɔ aguaree hɔ ne abrannaa ahorow no so? So mpa no korɔn no ye ma wɔn?
Sɛ́ obi bɛtra ase da mu nyinaa a ɔnyɛ hwee no nye, na nokwarem no enye mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Nnwuma nketenkete pii wɔ hɔ a ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ—efi biribi te sɛ mankani a wobɛsensen so kosi mmofra hwɛ so (nea edi akyiri no de, sɛ wotumi nantew kakra a) . Kristoni bea bi kyerɛɛ ne maame nifuraefo sɛnea wɔnwene ade, na ɛmaa aberewa no ani gyei kɛse. Sɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim yɛ wɔn a wobetumi akɔ so ayɛ biribi kakraa a, nyɛ biribiara mma wɔn te sɛ mmofra, sɛ wo ankasa wubetumi ayɛ no yiye asen saa mpo a.
Wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no fam no, biribiara nni hɔ a ɛyɛ anigye sen sɛ wɔne mmofra bɛbɔ. Na mmofra nkumaa bebree ani gye saa fekubɔ no ho kɛse. Ɛda adi sɛ ‘wɔn Nenabarima anaa wɔn Nenabea akyi no, obiara nni hɔ a ɔwɔ mmofra ho adagyew sen saa, anaasɛ otumi ka nsɛm ahorow anaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye te sɛ nea wotumi ka no.
Nanso ne nyinaa akyi no, dɛn na wobetumi ayɛ ama awofo a ahia wɔn, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn nkutoo tra anaasɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn kɔtra ofie bi a wɔhwɛ nkwakora ne mmerewa wɔ mu mu a? Wɔ nsɛm a ɛtete saa mu no, Kristofo binom atu afi faako a na wɔte sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛn wɔn awofo a wɔayɛ mmerɛw anaasɛ aka wɔn nko no. Afei de na wobetumi ama mmanananom no mu biako akɔda ne nena no nkyɛn. Anaa, sɛ wɔwɔ ofie a wɔhwɛ nkwakora ne mmerewa wom mu a, wobetumi akɔsra wɔn daa. Bere a tu a obetu abɛn baabi a wɔte renyɛ yiye no, obi betumi asrɛ afipamfo no mu bi ma wɔde wɔn adwene akɔ n’awofo no so daa.
Nanso, bere ne bere mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔkɔsra adamfo a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ nenanom “hwɛ sɛnea wɔte.” Wɔ aduan fam no, so wonya nea wohia nyinaa? So biribiara ho tew? So biribi wɔ hɔ a ehia sɛ wosiesie? So ebetumi aba sɛ wɔrete ankonamyɛ nka? Wɔn akwahosan te dɛn? Kae sɛ, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wobɛhwɛ ma wɔanya nea wohia.
Nea ɛsen ne nyinaa no nea w’awofo a wɔanyinyin hia ne sɛ wobehu ampa sɛ wodɔ wɔn yiye, ne sɛ wɔnyɛ adesoa anaa ɔhaw mma wo. Bere biara no fa wo nsa só no mu adamfofa kwan so na bam no. Obi a wanyin hia ɔdɔ ne adamfofa kɛse. Na bere a w’awofo reka biribi akyerɛ wo no, yɛ aso tie no yiye, ɛwom sɛ woate ne nyinaa pɛn de. Ɛyɛ awerɛhow yiye ma wɔn a wɔanyinyin no, sɛ wohu sɛ nkurɔfo ntie nea wɔka no bio a. Nka a wɔbɛte sɛ wɔn ho nhia no betumi ama wɔn werɛ ahow na awiei no ɛbɛma wɔawu ntɛm.
ASAFO NO BETUMI AYƐ PII
Nanso, so ɛsɛ sɛ wɔde ɔdɔ ne mmoa nyinaa kame Kristofo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim a wonni mma anaa? Dabi, ɛyɛ papa sɛ Kristofo asafo no, “Onyankopɔn fi,” no fi ɔdɔ mu hwɛ Kristofo anokwafo a wɔte saa a wɔanyinyin na wɔayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn nokware no mu no.—1 Tim. 3:15; 5:16.
Ɛdefa eyi ho no, onuawa Kristoni bi kyerɛwee sɛ: “Ɛwom sɛ me kunu nni nokware no mu de, bere a wapene so no, mahwɛ honhom fam onuawa bi a wanyin yiye (wadi mfe 86) bɛboro mfe nsia. Ɔdɔ a mewɔ ma onuawa yi kaa me; mibuu no sɛ me ‘Nena.’ Mfiase no na ɛyɛ adesoa a emu yɛ duru efisɛ na ɔhyɛ obiara, a mmofra no ka ho. Yehowa boae ankasa. Afei nso, mmofra no asua sɛnea wɔne nnipa a wɔn mfe akɔ anim bɛtra.”
Ɛdefa onuawa foforo bi a wanyin ho no, onua Kristoni bi kyerɛwee sɛ: “Wɔ asetra a ɛyɛ den ne ankonamyɛ akyi no, ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfe 76. Esiane sɛ na ɔyare komayare na afei nso ontumi nnantew yiye nti, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no so yiye. Saa bere no na wadi mfe 81 na na yennyinnyinii, ná yɛwaree no ennii mfe abien mpo. Yɛama saa mfe wɔ n’asetra mu no ayɛ anigye denam sra a yɛkɔsra no no so, sɛ ɛyɛ bere tiaa bi pɛ mpo a. Yɛyɛ ne biribiara ho nhyehyɛe, na me yere hohoro ne nneɛma na ɔnoa aduan ma no. Akyɛde a ɛsen biara a na yebetumi de ama no ɛne sɛ yɛde ne din bɛto yɛn babarima. Osui ɛna afei ɔkae sɛ: ‘Afei de meyɛ Nena ampa.’”
Afoforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no betumi ayɛ pii ahwɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ wɔn mu no nya mmoa a Yehowa hwehwɛ sɛ wonya no. So wubu hokwan bi a wubetumi de aboa ɔfoforo wɔ saa kwan yi so anaa?
NHYEHYƐE A YEHOWA HYIRA SO
Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi begye n’awofo a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn atra. Nanso susuw nsɛm a wɔn a wɔayɛ saa aka no ho hwɛ:
Obiako kae sɛ, “Ayɛ adansedi soronko.” “Maame a wanyin a ɔka mo ho wɔ hɔ no ma biakoyɛ ba abusua no mu.”
Kristoni foforo nso kyerɛwee sɛ: “Nhyira a yɛanya ne sɛ, sɛ́ okunu ne ɔyere no, yɛabenya anisɔ kɛse ama yɛn ho yɛn ho, na yɛasua boasetɔ.”
Ɔfoforo nso kae sɛ: “Bere a maame bɛtraa yɛn nkyɛn no na onni ahoɔden. Nanso nkakrankakra no otumi yɛ nneɛma pii wɔ abusua no mu, na bere koro no ara mu no ne ho abɛyɛ no den.
Dɛn na wobɛyɛ afei, sɛ ɛba sɛ w’awofo mu biako anaa wɔn baanu nyinaa bɛyɛ mmerɛw a? Dɛn nti na wontra ase dinn na “wonkaakae” nneɛma a w’awofo ayɛ ama wo bere a na woyɛ abofra ne ɛno akyi nyinaa no. Bisa wo ho sɛ: Sɛ ɛnyɛ wɔn a anka mewɔ he? Nhwɛso bɛn na metumi de ama me mma denam ɔdɔ mu a mefi ahwɛ m’awofo no so? Bio nso, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ meyɛ? Ne mmuae ne sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo nsa tumi mu sɛ wobɛyɛ no.”—Mmeb. 3:27, Twi Bible foforo.
[Kratafa 3 mfoni]
Yesu de ne maame hwɛ hyɛɛ ne suani Yohane nsa
[Kratafa 4 mfoni]
Ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wotua wɔn awofo ka wɔ hwɛ a wɔhwɛɛ wɔn bere a wɔyɛ mmofra no ho
[Kratafa 5 mfoni]
Nnipa bebree a wɔanyinyin hia mmoa. Wubetumi ayɛ biribi ama wɔn?
[Kratafa 6 mfoni]
Awofo a wɔanyinyin no nya awerɛkyekye denam hu a wohu sɛ wodɔ wɔn no so