Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 11/1 kr. 3-4
  • Gyidi Ayaresa​—Edi Dwuma Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi Ayaresa​—Edi Dwuma Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƐYƐ DƐN?
  • SO ƐYƐ ADWUMA?
  • So Onyankopɔn Pene Gyidi Ayaresa So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Adesamma Anwonwakwan so Ayaresa Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Ayarefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 11/1 kr. 3-4

Gyidi Ayaresa​—Edi Dwuma Dɛn?

‘“ABABAA a ade da wo kɔn mu no. Yi fi wo kɔn mu. Wɔasa wo yare. Bra ha beyi Yesu ayɛ.” Ababaa no nantew fi faako a ɔte no ba asɛnka agua no anim. Ose wɔayɛ no ɔprehyɛn mpɛn 12 na na ɔkwaha ama wayɛ ɔyarefo fi 1973. Bere a ogyina ɔsɔfo no anim no, ɔdannan ne ti. Ɔsɔfo no hyira no, nnipadɔm no bɔ wɔn nsam na ɔsɔfo no ka sɛ: “Wɔasa no yare!’”

Hwɛ anigye ara a onii a wɔasa ne kwaha no nyae! So nneɛma a ɛtete saa ba ampa?

Amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛ eyi a epuei wɔ Worcester Sunday Telegram mu no kyerɛ sɛ ebetumi aba saa. Ɛno nti na nnɛyi gyidi ayaresa retwetwe nnipa pii adwene no. Ayarefo kɔ gyidi ayaresafo nkyɛn, a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛsa wɔn yare. So wɔn anidaso no bam? So gyidi ayaresa tumi sa yare ankasa? Edi dwuma dɛn?

ƐYƐ DƐN?

Nokwarem no, gyidi ayaresa ba akwan horow so. Wɔ Atɔefam no, wɔtaa yɛ no wɔ nhyiam ahorow a asɛmpakafo anaa asɔfo a wɔwɔ asɔre atitiriw mu​—ebia wɔn a wɔwɔ anwonwadeyɛ akuw bi mu​—no nhyiam horow ase. Saa gyidi ayaresafo yi ka sɛ wosuasua Yesu Kristo ne n’asomafo no, na wɔte nka sɛ Onyankopɔn ankasa ne wɔn tumi no fibea.

Kuw foforo nso ne “ayaresafo” a wɔnyɛ Kristofo asɔre horow mufo​—akɔmfo, asumanfo, adunsinfo ne nea ɛkeka ho. Eyinom gye di sɛ ahonhommɔne na wɔde nyarewa ba, na wɔyɛ nneɛma ahorow sɛ wɔde repam ahonhommɔne no.

Afei “anwonwa kwan so aduyɛfo” a wɔyɛ nea wɔfrɛ no “anwonwa kwan so oprehyɛn” no nso wɔ hɔ. Wɔ Philippines, sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ wotumi de wɔn nsa kwa hyɛ ayarefo nipadua mu yi nyarewa anaa mogya a abobɔ atɔw fi mu. Na sɛnea wɔka no, wɔyɛ eyi bere a wɔn “ayarefo” no ani gu so, na eyi akyi no wonhu etwã biara nso.

Awiei koraa no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔn “ayaresa” no ne asɔre anaa gyidi nni hwee yɛ no nso wɔ hɔ. Wɔka ho asɛm sɛ ɛyɛ awosu mu ayaresa, ɔkwan a wɔnam so de ayaresa tumi a ɛyɛ nwonwa a atwa yɛn ho ahyia anaasɛ ɛwɔ nipadua no ankasa mu di dwuma. Eyinom mu binom pɛ sɛ wɔfrɛ wɔn “anwonwa kwan so ayaresafo” mmom sen “gyidi ayaresafo.”

SO ƐYƐ ADWUMA?

Saa asemmisa yi ho mmuae gyina onii a wobebisa no no so. Wɔn a wogye di ka ayaresa ahorow a wɔahu anaasɛ wɔn ankasa anya ho asɛm. Na wɔn a wonnye nni no ka wɔn a wɔayɛ nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ anwonwa kwan so ayaresa ho nhwehwɛmu ahu sɛ ɛnte saa ho asɛm. Dɛn nti na abirabɔ a ɛte saa wɔ hɔ?

Ɛtɔ da bi a, mfomso ankasa tumi ba. Ɔbea bi gye dii ankasa sɛ wɔasa kokoram a ɛhaw no no. Ɔkɔɔ ayaresabea ma wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔyare kokoram, enti ɔkɔɔ gyidi ayaresafo nkyɛn. Bere foforo a wɔsan hwɛɛ no no, na biribiara a ɛte saa nni hɔ. Ɔte nka sɛ gyidi ayaresafo no na ɛsaa no yare. Nanso ne dɔkta no ka kyerɛɛ no sɛ wɔyɛɛ mfomso wɔ nhwehwɛmu a wodii kan yɛe no mu, sɛnea ɛtɔ da bi a ɛba no.

Mmere afoforo nso no, nnipa a wɔpɛ anwonwade ahu no de wɔn adwene susuw nneɛma ahorow. Ababaa bi a na wayare kokoram akyɛ kɔɔ gyidi ayaresafo bi nkyɛn. Akyiri yi ne dɔkta no san hwɛɛ no. Ɔde anigye kae sɛ, “Bere a me dɔkta no huu me no, na ontumi nnye nni. Na wɔkyerɛ sɛ mewu asram abien bere mu. Nanso na hwee nyɛɛ me . . . Sɛnea wɔkyerɛe no anka ɛnsɛ sɛ mekɔ so tra ase nanso minnim nea enti a Onyankopɔn agye me.” Na nea ɛyɛ awerɛhow no, anni afe biako na owui.

Bere bi, wɔkyerɛe sɛ dɔkta se ahoɔden a ɔyarefo bi a na ɔhwɛ no nyae no yɛ anwonwade. Nanso bere a atesɛm krataa mu nsɛm kyerɛwfo bi hwehwɛɛ asɛm no mu no, dɔkta no kae sɛ asɛmfua “anwonwade” no yɛ “sɛnkyerɛnne kwan so kasa.” Na onim sɛ ayaresa no yɛ ‘nea anwonwade biara nni mu.’ Na ɔkae sɛ, “Minnye nni sɛ yebetumi akyerɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho hyɛɛ mu ankasa. Mahu ade a ɛte saa ara bere a gyidi ayaresa biara nni mu.”

Eyinom yɛ ade a ɛma ɛyɛ den sɛ yebetumi ahu nea ɛde “ayaresa ahorow” bi ba. Dwuma a adwene no di wɔ nipadua no akwahosan ho no yɛ ade a yentumi nte ase nwie. Nea ɛma nyarewa ahorow bi kɔ anim no yɛ nea yentumi nhu. Ebinom ano brɛ ase a yennim nea enti. Nipadua no ankasa sa nyarewa ahorow pii, na ɛtɔ da bi a ɛdenam aduru bi mmoa so. Dɔkta William A. Nolan kae sɛ ebetumi aba sɛ sɛnea ayaresa ahorow bi kanyan onii nkate no ma nyarewa ahorow bi ano brɛ ase ntɛmntɛm sen sɛnea ɛtaa yɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ ayaresa ahorow a wɔka ho asɛm no pii yɛ nkɔso kakraa bi a ɛba ɔyarefo no tebea mu.

Gyidi ayaresafo binom nim sɛ ayaresa ahorow no pii nyɛ anwonwa kwan so de. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ anwonwadeyɛ kuw bi mu kae sɛ: “Ayaresa no binom yɛ nkate ara kwa a onii nya wɔ n’adwene mu sɛ ne ho atɔ no, na eyinom nso yɛ nea wotumi kyerɛkyerɛ mu ɔhonam fam ankasa.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ɛnhaw me efisɛ ɛda so yɛ paara.”

Ampa, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye tom sɛ ayaresa no wɔ ɔhonam fam nkyerɛkyerɛmu. Ebinom gye di ankasa sɛ anwonwade ahorow kɔ so na tumi bi a ɛsen ɔdesani de sa ɔyarefo no yare. Enti, ebia obi a ɔreyɛ nhwehwɛmu betumi asusuw ho sɛ: ‘Wiɛ, ebia gyidi ayaresa bɛyɛ adwuma anaasɛ ɛrenyɛ adwuma. Nanso awu bɛn na ebetumi adi sɛ wobɛsɔ ahwɛ?’ Eyi yɛ asemmisa a ɛho hia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena