Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/1 kr. 5-8
  • Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Ayarefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Ayarefo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Gyidi Betumi Aboa Bere a Yɛyare No?
  • Na Gyidi Ayaresa Nso Ɛ?
  • Bere a Wɔbɛsa Yare Ankasa
  • Adesamma Anwonwakwan so Ayaresa Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Gyidi Ayaresa​—So Edi Awu Ɔkwan Bi So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • So Onyankopɔn Pene Gyidi Ayaresa So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Anwonwakwan so Ayaresa’ a Ɛwɔ hɔ Nnɛ—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/1 kr. 5-8

Sɛnea Gyidi Betumi Aboa Ayarefo

ANWONWA kwan so ayaresa ho kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ Bible no mu no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn yiyedi ho, na ɛda n’ayaresa tumi adi. Esiane sɛ anwonwa kwan so ayaresa ahorow yi hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛde anigye pii bae nti, ntease wom sɛ yebebisa sɛ, So honhom kronkron ayaresa akyɛde no da so ara yɛ adwuma?

Saa asemmisa no mmuae yɛ dabi​—na ebia nea enti a ɛte saa no bɛyɛ ebinom nwonwa. Saa afeha a edi kan no mu anwonwa kwan so ayaresa no adi wɔn atirimpɔw ho dwuma. The Illustrated Bible Dictionary ka no yiye sɛ: “Na ayaresa anwonwade ahorow no ho atirimpɔw fa nyamesom ho, na enye aduruyɛ ho.” Nyamesom mu atirimpɔw ahorow bɛn na saa anwonwade ahorow no dii ho dwuma?

Biako ne sɛ Yesu ayaresa anwonwade no dii atirimpɔw a ɛne hu a ɛbɛma wɔahu no sɛ ɔne Mesia no ho dwuma. Na ne wu akyi no, ɛboa ma wotumi hui sɛ Onyankopɔn nhyira wɔ Kristofo asafo foforo no so. (Mateo 11:2-6; Hebrifo 2:3, 4) Bio nso, ɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsa adesamma yare wɔ wiase foforo no mu no bɛbam. Esi yɛn gyidi so dua sɛ bere bi bɛba ampa a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow! Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.” (Yesaia 33:24) Bere a afeha a edi kan mu atirimpɔw ahorow yi baa mu no, na anwonwa nnwuma ho nhia bio.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na Yesu afeha a edi kan no mu asuafo no ankasa wɔ nyarewa ahorow a wɔansa no anwonwa kwan so. Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ bio sɛ na Yesu ne n’asomafo no anwonwa kwan so ayaresa no atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ nokware atitiriw bi, na ɛnyɛ sɛ na wɔde buebue ayaresabea. Bere a Paulo rekyerɛ Timoteo sɛnea ɔnsa yare a ɔtaa yare no, ɔkae sɛ ɔmfa bobesa nni dwuma sɛ aduru, ɛnyɛ gyidi ayaresa. Paulo a ɔsaa nyarewa anwonwa kwan so no, annya “ɔhonam mu nsɔe” a ɛkɔɔ so ‘bɔɔ no akuturuku’ no mu ahotɔ da.​—2 Korintofo 12:7; 1 Timothy 5:23.

Bere a asomafo no wui no, ayaresa akyɛde no twaa mu. Paulo ankasa kyerɛe sɛ eyi bɛba. Paulo de Kristofo asafo no totoo akokoaa ho, na ɔkae sɛ: “Meyɛ abofraa no, mekasae sɛ abofraa, medwenee sɛ abofraa, misusuwii sɛ abofraa; na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofraasɛm no.” Na aba a ɛwɔ ne mfatoho no mu ne sɛ na anwonwa nnwuma honhom akyɛde ahorow no yɛ Kristofo asafo no mfitiase mu nneɛma. Na ɛyɛ “mmofraasɛm.” Enti, ɔkae sɛ: “Wobegu [anwonwa nnwuma akyɛde] no.”​—1 Korintofo 13:8-11.

So Gyidi Betumi Aboa Bere a Yɛyare No?

Nanso nokwarem no, sɛ yɛmmfa yɛn ho nnto gyidi ayaresa so mpo a, ɛfata sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn mmoa bere a yɛyare no. Na nokwasɛm no ne sɛ bɔne biara nni mpae a afoforo bɛbɔ ama yɛn ho. Nanso ɛsɛ sɛ mpaebɔ no yɛ nea ntease wom na ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. (1 Yohane 5:14, 15) Bible no nhyɛ yɛn wɔ baabiara sɛ yɛmmɔ gyidi ayaresa ho mpae.a Mmom no, yɛbɔ mpae srɛ Yehowa ɔdɔ mmoa bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a ɔyare de ba no.

Bible no kyerɛ nea anokwafo a wɔyare betumi abɔ ho mpae bere a ɛka sɛ: “[Yehowa] bɛwaw no ɔyarepa so; ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa, wodan ma esi no yiye.” (Dwom 41:3) Onyankopɔn Asɛm ho nsusuwii bɛboa wɔn a wɔyare wɔ nkate mu no. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wo, [Yehowa], w’adɔe na ɛwaw me. Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani.”​—Dwom 94:18, 19; hwɛ 63:6-8 nso.

Bio nso, ehia sɛ yɛda atɛmpa adi wɔ akwahosan ho nsɛm ho, na Bible no de eyi ho afotu ma yɛn. Ɛyɛ papa koraa sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow bɛbɔ yɛn bra sen sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, sigaretnom, asanom pii, anaa potwaa mu, na afei sɛ yɛyare a, yɛde anibere akɔpɛ gyidi ayaresa. Obi rentumi mfa mpae a ɔbɛbɔ sɛ anwonwade bi nsi bere a ɔyare bi abɔ no no nsi ade a ɔbɛyɛ no nyansam na amma nyarewa a wotumi kwati ammɔ no, te sɛ nnuan a ahoɔden wom, a sɛ ne nsa ka bi a, obedi, anaasɛ aduruyɛfo a wɔfata, a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔbɛhwehwɛ wɔn akyi kwan no, anan mu.

Onyankopɔn Asɛm no nso hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ yenya adwenem tebea pa a ebetumi ama yɛn honam fam akwahosan pa. Mmebusɛm nhoma no tu fo sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” “Anigye koma ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.” (Mmebusɛm 14:30; 17:22) Mpae a yɛbɛbɔ na honhom kronkron no ama yɛanya odwo ne anigye wɔ yɛn mu no de mfaso nkutoo na ɛbɛma yɛn wɔ honam fam akwahosan mu.​—Filipifo 4:6, 7.

Na Gyidi Ayaresa Nso Ɛ?

Nokwarem no, sɛ obi tra ase a ɔwɔ akwahosan pa sɛnea ne nsɛm tebea ma no kwan koraa mpo a, obetumi ayare ara. Dɛn na ɔbɛyɛ afei? So bɔne bi wɔ ho sɛ ɔbɛkɔ gyidi ɔyaresafo bi nkyɛn a n’ani da so sɛ ɔbɛsa no yare anaa? Yiw, bɔne bi wɔ ho. Nnɛyi gyidi ayaresafo ntaa nyɛ wɔn adwuma no kwa. Na sika a yɛbɛsɛe wɔ gyidi ɔyaresafo ho bere a anka yebetumi de saa sika no ahwehwɛ aduruyɛ mu mmoa no betumi ama yɛahu amanne ahwere nneɛma pii. Bio nso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde sika ma nnipa a wɔfa gye a afoforo gye wɔn di so nya wɔn ho mfaso no?

Ebia ebinom begye akyinnye sɛ: ‘Nokwarem no, sɛ wɔn a wɔkɔ “ayaresafo” no nkyɛn no mu kakraa bi mpo nya ayaresa a, ɛnde na gyidi ayaresa mu wɔ mfaso bi. Nanso sɛ ebia gyidi ayaresafo tumi sa obi yare korakora no yɛ nea wobetumi agye ho kyim. Encyclopœdia Britannica no gye tom sɛ: “Gyidi ayaresa mu nsɛm pii a wonnim no ho nhwehwɛmu a wɔahyɛ da ayɛ no yiye no sua koraa.”

Sɛ ɛte sɛ nea wɔn mu kakraa bi nya ayaresa koraa mpo a, eyi nyɛ adanse biara a ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron na ɛreyɛ adwuma no. Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahohommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.” (Mateo 7:22, 23) Yesu kae nso sɛ, nnipa bi wɔ hɔ a, ɛwom sɛ wɔnsɔ Onyankopɔn ani de, nanso wɔnam nsɛnkyerɛnne so bɛtwe adwene aba wɔn ankasa so: “Na atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no po.” (Mateo 24:24) Nokwarem no, yebetumi de nnɛyi gyidi ayaresafo aka wɔn a saa nsɛm no fa wɔn ho no ho, esiane ɔkwan a wɔfa so ka wɔn nsɛm de twetwe afoforo adwene ba wɔn ho so, sɛnea wobisa sika bere nyinaa, ne anwonwa kwan so ayaresa ahorow a wɔka sɛ wɔatumi ama nkurɔfo anya no nti.

Saafo yi nni Yesu anammɔn akyi. Ɛnde, hena na wodi n’akyi? Ɔsomafo Paulo ma yehu ho biribi bere a ɔka sɛ: “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse bi; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.” (2 Korintofo 11:14, 15) Sɛ gyidi ayaresafo nsa nyarewa a wɔka sɛ wɔsa no a, ɛnde na wɔyɛ nnaadaafo a wodi Satan, a “ɔdaadaa amanaman nyinaa no” anammɔn akyi. (Adiyisɛm 12:9) Nanso, sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔsa nnipa no mu kakraa bi yare nso ɛ? So yɛrentumi nka sɛ wɔde Satan ne n’adaemone ahoɔden na ɛyɛɛ wɔn “ahoɔdenne” no anaa? Yiw, saa na ɛte!

Bere a Wɔbɛsa Yare Ankasa

Yesu nam Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa so na ɔsaa nyarewa wɔ anwonwa kwan so. Ɛkyerɛɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ obedi onipa akwahosan mu nsɛnnennen ho dwuma bere a ɛsɛ mu no. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsa amanaman no yare.’ (Adiyisɛm 22:2) Na ɛnyɛ sɛ ɔbɛsa nyarewa nkutoo, na mmom obeyi owu nso afi hɔ. Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛ Yesu bae “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ayaresa a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ! Yesu bɛsa nyarewa bio te sɛ nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu no, nanso ɛbɛyɛ kɛse koraa asen kan de no. Obenyan awufo mpo! (Yohane 5:28, 29) Bere bɛn na eyi bɛba?

Ɛbɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no a, sɛnea adanse ahorow nyinaa kyerɛ no, abɛn no mu. Saa wiase foforo no a ɛbɛba bere a wɔayi nneɛma nhyehyɛe yi mu amumɔyɛ afi hɔ koraa no, bɛyɛ nhyira ankasa ama adesamma komapafo. Ɛbɛyɛ wiase a amanehunu nnim. “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Hwɛ sɛnea eyi ne nea yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia nnɛ no bɔ abira!

Enti, sɛ woyare a, bɔ Onyankopɔn mpae srɛ ne mmoa. Na sɛ́ woyare anaasɛ wowɔ ahoɔden no, sua sɛnea daa nkwa a ɔyare nnim betumi aba ampa ho ade. Hyɛ gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a wotumi de ho to so yi mu no mu den denam ɛho nsɛm pii a ɛwɔ Bible no mu a wubesua no so. Sua sɛnea Onyankopɔn ankasa mmerebu kyerɛ sɛ n’atirimpɔw a ɛfa eyi ho no mmamu abɛn no ho ade. Mma w’adwenem nyɛ wo naa, efisɛ Onyankopɔn Asɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Amansan Hene Yehowa] bɛpopa ani nyinaa so nusu.”​—Yesaia 25:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Ebinom susuw sɛ nsɛm a ɛwɔ Yakobo 5:14, 15 no fa gyidi ayaresa ho. Nanso nsɛm a ɛka ho no kyerɛ sɛ na Yakobo reka honhom fam ɔyare ho asɛm wɔ ha. (Yakobo 5:15b, 16, 19, 20) Otu ankorankoro a wɔayɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no fo sɛ wɔmfrɛ mpanyimfo no na wɔmmɛboa wɔn.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu anwonwa kwan so ayaresa ahorow no dii wɔn atirimpɔw ahorow ho dwuma

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Yesu bɛsan ayɛ ayaresa mu anwonwade ahorow no na ɔbɛyɛ no pii

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena