Gyidi Ayaresa—So Edi Awu Ɔkwan Bi So?
GYIDI ayaresafo kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn ayaresa tumi no ntumi nyɛ adwuma bere nyinaa. Sɛnea yebetumi ahwɛ kwan no, eyi de ɔhaw pii aba. Bere a ayarefo de wɔn ho nyinaa ato gyidi ayaresafo so, na anwonwade a wɔhwɛ kwan no amma no, ɛtɔ da bi a nea ɛde ba no yɛ aniberesɛm. Ebinom fam no nyarewa ahorow a anka wobetumi afa ɔkwan foforo so asa no akum wɔn.
Ebia esiane eyi a ɛwɔ wɔn adwene mu nti, gyidi ayaresafo pii ka kyerɛ wɔn “ayarefo” nnɛ sɛ wobetumi akɔ so agye aduru afi wɔn dɔkta nkyɛn bere a wɔda so kɔ wɔn nkyɛn kɔhwehwɛ gyidi ayaresa. Wɔkyerɛ sɛ wobu dɔkta no sɛ ɔhokafo wɔ ayaresa adwuma no mu, ɛnyɛ obi a ɔne wɔn di asi. Dɔktafo bi pene gyidi ayaresa a ɛte saa so, esiane adwene mu mfaso horow a ebetumi ama wɔn ayarefo no anya nti.
Ɔde bere tenten hwehwɛɛ gyidi ayaresa mu akyi no, Dɔkta William Nolan kaa ade foforo a ɛhaw adwene ho asɛm. Bere a ɔrehwehwɛ ayaresa ahorow a wɔkyerɛ sɛ akɔ so no mu no, ohuu awerɛhow a wɔn mu bebree di. Wɔaka akyerɛ nnipa bi sɛ wɔn ho atɔ wɔn, anaasɛ wɔn ankasa agye adi sɛ wɔn ho atɔ wɔn. Nanso akyiri yi na ɔyare no da so wɔ hɔ. Ná nyarewa no mu binom mu ayɛ den asen kan no. Nnipa pii tee nka sɛ wɔadaadaa wɔn.
Nanso, sɛ obi dii afotu a wɔde mae sɛ ɔnkɔ so mma ne dɔkta nhwɛ no no akyi nso ɛ, na sɛ wɔmaa onii no hui sɛ ebia ayaresa a ɔhwɛ kwan no remma nso ɛ? So ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ ɔkɔ gyidi ayaresafo nkyɛn, sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye anaa? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua eyi no, ɛsɛ sɛ yesusuw nyamesom afã no ho.
NYAMESOM AFÃ NO
Gyidi ayaresa wɔ nyamesom afã horow a emu yɛ den. Asɛmpakafo ne anwonwa kwan so ayaresafo te nka sɛ wɔn dwumadi ahorow no ‘de nkurɔfo ‘ba Kristo nkyɛn.’ So ɛyɛ saa?
Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ wɔn asɔreyɛ ahorow mu no ebia nkurɔfo “ka kasa horow” anaasɛ “honhom si wɔn so,” sɛnea wɔka no no—kyerɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nea ade atɔ wɔn so a wontumi nka wɔn ho nanso ɛte sɛ nea wo hu nea ɛrekɔ so. Nea ɛyɛ anigye no, nneɛma a ɛtete saa te sɛ ade a esi nyamesom kwan so ayaresafo, akɔmfo ne asumanfo so no.
Ampa, “anwonwa kwan so ayaresafo” bi te nka sɛ ɛsono wɔn ayaresa no wɔ nyamesom ho. Nanso ɔkwan a wɔfa so di dwuma ne nneɛma a wɔyɛ no taa ne nyamesom mu ayaresafo de no hyia. Na anyɛ yiye koraa no wɔn mu binom fi wɔn a wodi ahonhonsɛm mu anaasɛ ebia wɔde Apueifam nyamesom ahorow mu nimdeɛ di dwuma. So saa nsɛm ahorow yi ho hia wɔ afeha a ɛto so 20 a obiara yɛ nea ɔpɛ wɔ mu no mu anaa? Yiw, saa nsɛm no ho hia yiye, sɛ yegyina ayaresa ahorow a Yesu Kristo ne n’asomafo no yɛe wɔ Kristosom mfitiase nna no mu no so susuw ho a. Sɛ yesusuw ayaresa ahorow yi ho a, dɛn na yehu?
AYARESA AHOROW A YESU YƐE NO
Ɛdefa ayaresa ahorow a Yesu yɛe no ho no, na “anwonwa kwan so ɔprehyɛn” anaasɛ “honhom a esi nkurɔfo so” biara nka ho. Na wamfa nteɛteɛm ankasa ansa na wasa yare. Mpɛn pii no ɔyɛɛ eyi a na ɔkasa bebrebe biara nka ho. Ebia ɔde ne nsa ka ɔyarefo no anaasɛ ɔyarefo no de ne nsa ka no, anaasɛ ɛtɔ da bi a ɔkasa kyerɛ ɔyarefo no ara kwa. Na wɔn ho tɔɔ wɔn.—Mat. 8:14, 15; Luka 8:43-48; 17:12-19.
Na ayaresa adwuma a Yesu yɛe no nyɛ nkate ara kwa a nkurɔfo nyae sɛ wɔn ho atɔ wɔn. Na wɔrentumi mma nsa a awu nnya ahoɔden wɔ saa kwan yi so, nanso ɔsaa yare a ɛtete saa. Otumi saa “nyarewa nyinaa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.” Onyan awufo mpo. (Mat. 4:23; Luka 6:6-11; 8:49-56) Ná eyi nyɛ nkɔso kakra ara kwa a ɛbae wɔ ɔyarefo no tebea mu, na ebiara nni hɔ a anyɛ yiye. Wɔante asɛmfua te sɛ “huammɔdi” anaasɛ “nnaadaa” wɔ Yesu ayaresa ahorow no ho. N’atamfo mpo gyee nea esisii no toom. (Yoh. 11:47, 48) Dɛn nti na nsonoe da saa bere no ne nnɛ de yi ntam?
DƐN NTI NA NSONOE WOM?
Esiane sɛ nnipa pii gye tom—ma gyidi ayaresafo pii nso gye tom—sɛ na Yesu ayaresa ahorow no fi Nyankopɔn nti, so ebetumi aba sɛ nnɛyi ayaresafo tumi no fi baabi foforo anaa? Ebetumi aba saa, titiriw sɛ yesusuw nkitahodi a gyidi ayaresafo bi ne ahonhonsɛmdi ne asumansɛmdi wɔ no ho a. Na ɛfata sɛ yehu sɛ Bible no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneyɛe a ɛtete sɛɛ yi ho sɛ: “Mma wonnhu mo mu obi a . . . ɔhyɛ mmosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanfo ne nea obisa afunu.”—Deut. 18:10, 11.
Eyi nyɛ nyamesom araa mu kateeyɛ. Mmom no, ɛbɔ yɛn ho ban fi ahonhommɔne dɔm—adaemone—a wɔako atia adesamma yiyedi bere nyinaa no nkɛntɛnso bɔne no ho. Ɛda adi pefee sɛ ɛsono nnɛyi gyidi ayaresa, a asumansɛm ahorow batabata ho no wɔ ayaresa adwuma a Yesu Kristo yɛe no ho, esiane sɛ ɔtwee ne ho fii nkɛntɛnso a ɛtete saa ho bere nyinaa nti. Biribiara a wɔyɛ wɔ saa ahonhom yi nkɛntɛnso ase no bɛkɔ akowie “huammɔdi” ne “nnaadaa” pii mu ɔkwan biara so.
Sɛ́ wɔn tumi no fi baabi foforo no da adi kɛse bere a yehu sɛ biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ayaresa adwuma koro no ara a Yesu yɛe no nnɛ no. Ayaresa adwuma a Yesu ne n’asomafo no yɛe no dii n’atirimpɔw ho dwuma wiei.
NEA ENTI A YESU SAA YARE
Bere a ɔsomafo Paulo adamfo Timoteo yare no Paulo ankyerɛ sɛ wɔmfa nsa ngu no so, na mmom ɔkyerɛɛ bobesa a wɔde bedi dwuma sɛ aduru. (1 Tim. 5:23) Dɛn ntia? Efisɛ tete Kristofo no ammu ayaresa akyɛde no sɛ ade a wɔde bɛsa wɔn ho yare. Na na ɛnyɛ wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ adesamma akwahosan so saa bere no.
Te sɛ Yesu no, na wɔyɛ asɛnkafo. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’atirimpɔw titiriw wɔ asetra mu no mu kyerɛɛ Pontio Pilato bere a ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.”—Yoh. 18:37.
Ɛnde dɛn nti na ɔsaa yare? Na ɛne anwonwade afoforo a ɔyɛe no yɛ sɛnkyerɛnne ɔma ɛdaa adi sɛ Kristofo asɛm no fi Onyankopɔn ne sɛ ɛne “nokware no.” Ɔsomafo Paulo daa eyi adi bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛammu nkwagye kɛse a ɛte sɛɛ yi a, yebeguan afi mu dɛn? Ɛno na Awurade fii ase kae no, wɔn a wɔtee no hyɛɛ mu den de maa yɛn, na Onyankopɔn nso de sɛnkyerɛnne ɛne anwonwade ne ahoɔdenne ahorow dii ho adanse.” (Heb. 2:3, 4) Enti, na ade a ɛho hia no ne nkwagye asɛm no, ɛnyɛ anwonwade ahorow no. Anwonwade ahorow no dii nokware a asɛm no yɛ ho adanse ara kwa. Bere a wɔama ɛno ne nokware a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn de Kristofo asafo no redi dwuma no ada adi pefee akyi no, na honhom mu anwonwadeyɛ akyɛde horow, a ayaresa ka ho, no ho nhia bio.—1 Kor. 12:27-13:8.
Na anwonwade ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ wɔ Yesu din mu nnɛ no nso ɛ? Yesu ankasa kae sɛ nnipa pii bɛka akyerɛ no sɛ: “Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu adaemone, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Na mmuae bɛn na Yesu de bɛma? “Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.” Yesu anka sɛ wɔrentumi nyɛ ahoɔden nnwuma. Nanso ɛnyɛ ne tumi na wɔde bɛyɛ eyi, ɛnyɛ ‘ne din mu.’ Ná tumi foforo bi na wɔde bɛyɛ eyinom; enti na ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ.—Mat. 7:21-23.
Nanso Yesu kaa ne nokware akyidifo no dwumadi ho asɛm sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” Ɔkae nso sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman . . . m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn.” Yiw, na nnɛyi adansedi adwuma no bɛyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ ɛnyɛ anwonwade ahorow te sɛ ayaresa.—Mat. 24:14; 28:19, 20.
NHYEHYƐE A EYE KYƐN SO
Enti, bere a mfaso horow a obi betumi anya afi gyidi ayaresafo nkyɛn a ɔkɔ mu no mu nna hɔ yiye no, asiane ahorow a ɛwɔ mu no yɛ nea akyinnye biara nni ho. Asiane wɔ hɔ sɛ wode wo ho bɛkɔ akɔhyɛ adaemone ase, na Yesu abu wo sɛ woka wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ no ho. Afei nso, asiane wɔ hɔ sɛ nea ɛyɛ adesamma nyarewa ahorow ano aduru ankasa a ɛsen gyidi ayaresa ankasa no bɛbɔ wo.
Nsiesiei a eye kyɛn so wɔ hɔ—nsiesiei a Onyankopɔn ankasa ayɛ, a wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ yɛn wɔ Bible mu. Saa nhoma a efi honhom mu no nhyɛ mpofirim ayaresa ho bɔ. Na mmom ɛde mmoa ma wɔ akwahosan ho nsɛm mu. Bible mu afotu a ɛfa ɔhonam fam ne abrabɔ mu ahotew ho no akyi a yebedi no bɛboa yɛn ma yɛakwati nyarewa ahorow pii, a babaso ne kokoram a sigaretnom de ba a ɛhaw nnipa pii nnɛ no ka ho. N’afotu a yebetie no bɛboa yɛn ma yɛakwati nyarewa a nitan, ahoɔyaw ne abufuw tumi de ba no.—Mmeb. 14:29, 30; 2 Kor. 7:1; Gal. 5:19-23.
Afei nso, ɔsomafo Paulo kyerɛ yɛn sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn so koraa wɔ ahohia bere mu, te sɛ ɔyare mu. Eyi yi dadwen bebrebe fi hɔ, na ɛde “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” ba. Saa asomdwoe yi de adwene mu mfaso horow ba wɔ ɔyare mu, a ɛho nhia sɛ obi de ne ho to gyidi ayaresa so.—Fil. 4:6, 7.
Nea ɛsen eyi no, Bible no ma yɛn ani gye denam tebea horow a ɛbɛba asase so nyinaa bere a Ahenni no, ɔsoro ahenni a Yesu kaa ho asɛm no, ayi mprempren pɛsɛmenkominya ne basabasayɛ nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ koraa no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛde ma no so. Saa nkyerɛkyerɛmu ahorow yi yɛ anigye kɛse bere a yɛte ase sɛ ne mmamu abɛn kɛse no.
Ɔsomafo Petro kae sɛ anwonwade ahorow a Yesu yɛe no yɛ “nsɛnkyerɛnne.” (Aso. 2:22) Ná ɛyɛ nokware a Yesu asɛm no yɛ no ho “sɛnkyerɛnne,” na na ɛyɛ nea Yehowa Nyankopɔn de tumi bɛma no ma wayɛ ama adesamma bere a Onyankopɔn ahenni ma wɔyɛ n’apɛde wɔ asase so nyinaa no ho “sɛnkyerɛnne.” Susuw ayaresa ne ɔsesɛw adwuma a ɛbɛkɔ so saa bere no ho hwɛ!
Ɛreka nea ebefi daakye ayaresa adwuma yi mu aba no ho asɛm no; Adiyisɛm nhoma no se: Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Eyi yɛ bɔhyɛ a ahotoso wom. Huammɔdi anaasɛ nnaadaa biara remma, efisɛ Onyankopɔn ankasa se: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adi. 21:4, 5.
So ɔyare ne owu ho asɛm no hia wo? Ɛho hia yɛn mu dodow no ara. Ɛnde, dɛn nti na wonhwehwɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yi mu nhwɛ? Wubehu sɛ ɛyɛ nea ahotoso ne anigye wom kɛse sen gyidi ayaresa.
[Kratafa 6 adaka]
Yesu ayaresa no—
• ɛda adi sɛ na efi Onyankopɔn
• obiara a ɔsaa no yare no ho tɔɔ no koraa
• mpɛn pii no na akasakasa pii biara nka ho
• n’atamfo mpo gye toom sɛ ɛyɛɛ yiye
• ná n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma nokware a nkwagye asɛm no yɛ no ada adi
[Kratafa 7 adaka]
Yesu ayaresa no—
• ƐNYƐ nea na ɛne ahonhomsɛmdi anaa asumansɛm wɔ biribi yɛ
• ƐNYƐ nea ɔkasa gyegyeegye kaa ho
• ƐNYƐ adwene mu nkate bi ara kwa anaa te sɛ aduruyɛ bi
• ƐNYƐ ne som adwuma ho fã a ɛho hia sen biara
• ƐNYƐ nea wɔka siei sɛ yensuasua no yɛn bere so
[Kratafa 7 adaka]
“Na ɔbea bi a mogya tu no mu mfirihyia dumien na obiara antumi ansa no yare befii n’akyi bɛkaa n’atade ano nnwow na amonom hɔ ara ne mogya no twae. Na Yesu kae sɛ: Hena na ɔkaa me? Na wɔn nyinaa resan no, Petro ne wɔn a wɔka ne ho no kae sɛ: Owura, nkurɔfo akuwakuw no akyere wo so, na woremia wo. Na Yesu se: Obi aka me, na mahu sɛ ahoɔden bi afi me mu kɔ. Na ɔbea no hui sɛ anhintaw no no, ɔde ahopopo bae bɛhwee n’anim, na ɔkaa dekode a enti ɔkɔkaa no ne sɛnea ne ho sanee no amonom hɔ ara no kyerɛɛ no ɔman no nyinaa anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agyae agye wo, kɔ asomdwoe mu!—Luka 8:43-48, Twi Bible Foforo.