Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 5/1 kr. 3-6
  • Mmu Ani Ngu Ɔsoro Hene No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmu Ani Ngu Ɔsoro Hene No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA BIBLE NO KA
  • NNIPA KO A YESU YƐ MPREMPREN
  • ONYANKOPƆN AHENNI NO A YEHIA
  • DƐN NA EYI KYERƐ MA WO?
  • ‘Oyi Ne Me Ba’
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Awo—Sɛnea Ɛde Asomdwoe Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Yesu Kristo​—Sɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛkae No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Buronya—Ɛyɛ Kristofo Afahyɛ Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 5/1 kr. 3-6

Mmu Ani Ngu Ɔsoro Hene No So

ƐDA ADI sɛ bere a Yesu wɔ asase so sɛ onipa no, wantwe adwene ansi ne mmofra bere so. Bere bi a ɔreka asɛm no, ɔbea bi a ɔwɔ nkurɔfokuw no mu maa ne nne so sɛ: “Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii!” Nanso Yesu buae sɛ: “Dabi, na mmom, wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so no wɔ anigye!” (Luka 11:27, 28, NW) Wanhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ womfi nkate ara kwa mu nka n’awo anaasɛ afã a Maria nyae wɔ mu ho asɛm.

Eye sɛ Bible no nkyerɛ yɛn bere a wɔwoo Yesu, na Yesu ankyerɛ yɛn wɔ baabiara sɛ yenni n’awoda. Bio nso, wɔ mfeha a edi kan wɔ Yesu wu akyi no mu no, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ sɛ Kristofo dii Buronya pɛn.

Esiane eyi​—ne abosonsom amanne ahorow a ɛbata Buronya ho no nti​—nnɛ nnipa pii mfa wɔn ho nhyɛ ne di mu. Wɔpɛ mmom sɛ wɔbɛkyerɛ obu a wɔwɔ ma Yesu wɔ akwan afoforo so. Wɔn fam no, Yesu nyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu bio. Wanyin abɛyɛ onipa kɛse.

NEA BIBLE NO KA

Edu bere a wɔredi Buronya a, wɔtaa kenkan Bible no afã horow bi wɔ nyamesom mu nneyɛe horow mu, na enti abɛyɛ nea wonim yiye. Susuw afã horow yi binom ho sɛnea epue wɔ nnɛyi Bible nkyerɛase bi mu, na hwɛ nea ɛka wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu Yesu nnɛ no ho.

Kyerɛwsɛm biako ka sɛnea Maria hui nea edi kan sɛ na ɔno na ɔrebɛyɛ Yesu ne na no kyerɛ yɛn. Ɔbɔfo Gabriel ba bɛkae sɛ: “Hwɛ, wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na wɔato ne din Yesu.” Saa asɛm yi ahyeta yiye. Nanso, so woahyɛ ɔbɔfo no asɛm a edi hɔ a ɛfa Yesu ho no nsow pɛn? “Obɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ Sorosoro no Ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.”​—Luka 1:31-33.

Yiw, ɔbɔfo Gabriel kyerɛe sɛ ná nneɛma pii wom sen abofra awo ara kwa. Nã Maria ba no bɛba abɛyɛ kɛse. Ɔno na ɔbɛyɛ Ɔhene Dawid ɔdedifo, na obedi hene daapem.

Bere a wɔwoo Yesu no, asɛm foforo a wonim no yiye sii. Ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ nguanhwɛfo a na wɔrewɛn wɔn nguankuw wɔ wuram na ɔkae sɛ: “Hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛyɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo, sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade, ama mo wɔ Dawid kurom. Na eyi ne mo sɛnkyerɛnne: mubehu akokoaa a wɔde ntama akyekyere no sɛ ɔda mmoa adididaka mu.” Afei abɔfo afoforo bebree bɛkaa nea odi kan yi ho, yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.”​—Luka 2:8-14.

Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no sɛ ná Yesu bɛda mmoa adididaka mu​—ná eyi yɛ sɛnkyerɛnne, a ɛbɛboa wɔn ma wɔahu akokoaa a ɔreka ne ho asɛm no. Nanso saa asɛm no fã bɛn na wususuw sɛ nguanhwɛfo no ani gyee ho kɛse? Ampa, asɛm a ɛne sɛ afei de na Agyenkwa a wɔahyɛ ne ho bɔ no aba, nea ɛda adi sɛ ɔbɛyɛ Kristo no. Ná wɔawo nea sɛ onyin a, ɔde asomdwoe bɛba asase so wɔ nnipa a wɔsɔ n’ani mu no.

Wohu kyerɛwsɛm foforo a wɔtaa de di dwuma wɔ Buronya asɔre ahorow a wɔyɛ wɔ Kristoman asɔre ahorow no mu no wɔ Yesaia ti akron. Ɛhɔ na wɔakyerɛw sɛ: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene.”​—Yesaia 9:6.

Wɔahyehyɛ dwom bi a ɛyɛ anigye de aka nsɛm yi ho, na mpɛn pii no wubetumi ate eyi Buronya bere. Nanso nnipa baahe na wotie nsɛm a edi “wɔawɔ akokoaa ama yɛn” no akyi no ankasa? Wɔma Yesu abodin ahorow bi a ɛsõ na ntease wom wɔ ha. Na nkyekyem 7 ka ne ho asɛm sɛ nea ɔnam n’Ahenni tumi so de nhyira horow a enni awiei ba. So ɛnyɛ eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so susuw ne ho nnɛ?

NNIPA KO A YESU YƐ MPREMPREN

Sɛ obi di n’awoda a, ɔtaa nya akyɛde ne nkamfo ahorow sɛ wanya afe aka ne mfe ho. Na sɛ bere biara a n’awoda bedu no ne nã kɔfa mfonini a ɛkyerɛ sɛnea na ɔte bere a ɔyɛ akokoaa no bɛkyerɛ a, anka ɔbɛte nka dɛn? Nkurɔfo pɛ Sɛ wobu wɔn sɛnea wɔte mprempren, ɛnyɛ sɛnea na wɔte bere a wɔyɛ nkokoaa no.

Ɛte saa ara nso wɔ nkwa ne owu ho. Nkurɔfo pɛ sɛ wɔde nea wɔyɛe wɔ asetra mu no kae wɔn, ɛnyɛ sɛnea nã wɔte bere a wɔrebewu no. Enti, sɛ wɔyɛ ohoni bi a wɔde rehyɛ onipa bi a ogyee din anuonyam a, wɔtaa yɛ a ogyina hɔ kyerebenn a ne ho yɛ den, anaasɛ ɔredi dwuma bi a ɛma ogyee din no, ɛnyɛ bere a ɔrehu amane wɔ ne wu mu.

Esiane eyi nti, sɛnea nkurɔfo pii taa yɛ Yesu ho mfonini no yɛ anika. Edu Buronya mu a, wɔyɛ no sɛ akokoaa a ontumi nyɛ hwee a ɔda mmoa adididaka mu. Bere nkae a aka wɔ afe no mu no, wɔda no adi mpɛn pii sɛ onipa a ɔrewu wɔ ɛyaw mu. So eyi yɛ adeyɛ a ɛfata?

Ampa, wɔ mmere horow abien yi mu no Yesu daa ahobrɛase a ɛyɛ nwonwa adi. Nea edi kan no, ogyaw n’anuonyam gyinabea a ɔwɔ wɔ soro no. Oyii “ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa.” Sɛ onipa no, “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.”​—Filipifo 2:7, 8.

Ɛsɛ sɛ yɛma saa afɔre ahorow a Yesu de ne ho bɔe yi tra yɛn adwenem yiye, efisɛ ɛyɛ ahobrɛase ho nhwɛso kɛse ma yɛn. (Filipifo 2:5, 6) Afei nso, ná saa nneɛma yi mu biara hia ma Yesu na ɔde ama n’Agya no apɛde aba mu na ɔde ne desani nkwa no ama de agye adesamma abusua no nkwa. Saa kwan yi so no ná obetumi abɛyɛ yɛn “Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no.”

Nanso Yesu ho asɛm no anso hɔ ara. Mprempren ɔnyɛ obi a ɔda hɔ a ontumi nyɛ hwee te sɛ akokoaa wɔ mmoa adididaka mu. Anaasɛ nea wawu wɔ asɛndua ho. Ne wu akyi no, Onyankopɔn nyan no baa nkwa mu na “wadom ama no din a edi din nyinaa so, sɛ Yesu din mu na nkotodwe nyinaa nkotow.”​—Filipifo 2:9, 10.

Yesu ankasa kae sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.” (Mateo 28:18) Mprempren ɔyɛ Onyankopɔn hene a wɔasra no, a ɔredi tumi wɔ soro wɔ ahenni a mprempren wɔde asi hɔ no mu. Daniel nkɔmhyɛ no anyɛ mmamu wɔ ne ho dedaw: “Ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”​—Daniel 7:14.

ONYANKOPƆN AHENNI NO A YEHIA

Bere a ɔwɔ asase so no, Yesu de saa ahenni yi yɛɛ n’asɛnka no asɛmti, kae sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ saa ahenni no ho mpae, na saa yɛ mu no osii hia a ɛho hia no so dua. Ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Enti ɔkyerɛe sɛ wɔrebɛyɛ Onyankopɔn apɛde denam saa ahenni a mprempren Yesu ne ne hene a wɔapaw no no so.

Dɛn ne Onyankopɔn apɛde? Ɛne sɛ Yesu bɛyɛ “Asomdwoe-hene.” Enti, Onyankopɔn bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ (Dwom 46:9) Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ, ɛdenam Yesu wu no so no, obegye adesamma afi bɔne ne owu mu na wama yɛn daa nkwa hokwan. Enti, Yesu ba bɛyɛ yɛn “Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no.” Saa nkwagye adwuma yi mu mfaso ahorow no bɛba adasamma so denam Ahenni no so.

Daakye wɔ Kristo ahenni ase bɛyɛ nhyira pii ama wɔn a wogye hokwan no tom no. Ɔyare ne owu a enni hɔ bio, yɛn adɔfo a wowuwui a wobenyan wɔn ne yiyedi wɔ honhom ne honam mu nyinaa yɛ nea wɔde ahyɛ adesamma a wɔyɛ nokwaredifo bɔ wɔ Yesu a sɛnea Gabriel ka kyerɛɛ Maria no, “obedi hene daapem” no ase.​—Adiyisɛm 21:4; Yohane 5:28, 29; Luka 1:33.

Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ yiye, esiane sɛ nnipa nniso ahorow a wɔn ani kũ wɔn tumidi ho kɛse na wodi asase so no nti? Bible no nyɛ Yesu ho mfonini sɛ asomdwoe-hene nko na mmom sɛ ɔhene a odi nkonim a oyi adesamma daa anigye ho akwanside ahorow a ɛwɔ n’anim nyinaa nso fi hɔ. Wɔbɔ ahemfo kɔkɔ sɛ wonnye n’ahenni no ntom. (Dwom 2:10-12) Wɔ wɔn a wobu ani gu n’ahenni no so fam no, Bible no ka sɛ: “Ahene [mprempren amammui sodifo] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Enti Yesu bɛyɛ wiase sodifo.​—Daniel 2:44.

DƐN NA EYI KYERƐ MA WO?

Bere a Yesu nyinii fi mmofra bere mu na ɔbɛyɛɛ ɔpanyin no, ɔdaa su ahorow adi a ɛma yɛn ani gye ne ho sɛ onipa. Ɔtee nka maa wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ne yam hyehyee no maa ayarefo na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn. (Mateo 14:14) Na ɔdɔ mmofra, na mmofra ani gye ne ho. (Mateo 19:13-15) Na ɔdɔ trenee na na okyi amumɔyɛ. (Hebrifo 1:9) Afei nso, ɔdɔɔ n’asuafo no “kosii ase.”​—Yohane 13:1.

So ɔda so ara wɔ saa su horow yi, mprempren a ɔyɛ ɔsoro hene no? Yiw ɔwɔ. Saa su ahorow yi a ɔdaa no adi bere a ɔyɛ onipa wɔ asase yi so no ma ɔyɛ sodifo a ɔfata ma adesamma abusua no.

Bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni, wɔbɔɔ Yesu awo ho amanneɛ na abɔfo a wɔwɔ soro no daa anigye kɛse adi. Nanso saa akokoaa ketewaa no anyini! Yɛrentumi mmu ani ngu nokwasɛm no so sɛ mprempren ɔyɛ “Ahene mu hene ne awuranom mu Awurade.” (1 Timoteo 6:15) Enti, ɛnyɛ sɛ akokoaa, na mmom sɛ́ ɔhene a ɔredi tumi no, ɔbɛma wɔanya “asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu,” sɛnea yɛn mu pii de ahopere hwehwɛ no.

Dɛn nti na wo ankasa wonhwehwɛ Bible no mu nhwɛ na woabehu onipa ko a Yesu yɛ ankasa, Onyankopɔn hene a ɔredi tumi mprempren no? Dɛn nti na wunsua na woabehu ɔkwan a wobɛfa so na woakan wo nso aka saa “nnipa a wɔsɔ n’ani” a wobenya “asomdwoe wɔ asase so” a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni no ho? Na mma wo werɛ mfi sɛ Yesu ankasa ato nsa afrɛ wo sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) So wubetumi afi nyansa mu abu w’ani agu ayamye mu a, ɔhene a ɔte sɛɛ fi to nsa frɛ wo no so?

[Kratafa 4 mfoni]

Maria tee sɛ Yesu “bedi . . . hene daapem”

[Kratafa 5 mfoni]

Wɔka kyerɛɛ Yesaia sɛ Yesu bɛyɛ Asomdwoe-hene

[Kratafa 5 mfoni]

Nnɛ nnipa bebree gye Yesu tom sɛ Ɔhene a ɔredi tumi mprempren

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena