Aware Rehyia Ɔhaw Ahorow
AWARE ho asɛmpa ne asɛmmɔne wɔ hɔ wɔ nnɛ wiase yi mu. Adwene ho oduyɛfo Dr. Alan Lyall a ofi Toronto ka ho asɛmpa. Ɔka kyerɛɛ atesɛm kyerɛwfo bi a ɔkyerɛw ma Toronto Star sɛ, ɔhaw ahorow a ahyia wɔ mfe kakraa yi mu no nyinaa akyi no, aware resan asi ne dedaw mu. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa? Obuae sɛ: “Ebetumi ayɛ akwan horow a anigye ne abotɔyam wom sen biara a obi betumi afa so atra ase no mu biako ankasa.”
Nanso, awerɛhosɛm no ne sɛ aware horow pii wɔ hɔ a anigye nni mu. Bere a ababaa sɛnkyerɛwfo bi rekasa atia aware no, ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ aware horow a, nea mihu titiriw ne ɛyaw. Na ade a ɛwɔ ɛyaw a wɔte ho ne sɛ, sɛ egyae a wo ho tɔ wo kɛse.” So wote nka sɛ aware yɛ ɔkwan a ɛyɛ anigye a wɔfa so tra ase anaasɛ ɛyɛ nea ɛde ɛyaw ba ara kwa?
Ɛyaw ne amanehunu a ɛwɔ aware ahorow bi mu no yɛ nea wontumi nnye ho akyinnye. Wotumi hu eyi wɔ awaregu bebrebe a ɛkɔ so wɔ nsase a wɔma awaregu ho kwan wɔ so no mu. Wɔ Amerika no, awaregu dodow yɛɛ mmɔho abiɛsa wɔ mfirihyia aduonu a etwaam no mu. Wɔ Rusia no, wɔkyerɛ sɛ aware horow abiɛsa biara mu biako kowie awaregu mu. Wɔ Australia no, awaregu dodow yɛɛ mmɔho anan wɔ afe biako pɛ mu bere a wɔdaa awaregu mmara foforo bi adi no. Sɛnea London Financial Times kyerɛ no, awaregu dodow a ɛrekɔ anim wɔ England no gye bɛyɛ dɔla ɔpepepem abien afe biara na wode ahwɛ mmea a wɔagyaa wɔn aware ne wɔn mma.
Dɛn nti na basabasayɛ a ɛte saa kɔ so wɔ aware mu?
Obiara Nyɛ Pɛ
Ade biako a ɛhaw adwene ne sɛ obiara nyɛ pɛ. Yɛn nyinaa wɔ sintɔ ahorow a ɛhaw afoforo. Sɛ ɛwom wom a na yehu afoforo a, saa sintɔ ahorow no ho nhia. Nanso sɛ yɛne obi tra wɔ aware mu a, etumi bɛyɛ asɛnkɛse paa. Etumi de akasakasa a ɛsɛe ade ba. Anaasɛ, etumi de ntɔkwaw ankasa ba. Wɔ Canada, sɛ nhwɛso no, wɔbɔ amanneɛ sɛ ɔyerenom du mu biako biara kunu hwe no.
Nsonsonoe wɔ nipasu mu, anaasɛ wɔ botae horow mu, tumi de ɔhaw kɛse ba. Dɛn na ɛba bere a obi a ɔkasa pii ware obi a ɔmpɛ kasa? Anaasɛ, bere a obiako pɛ ɔhonam fam nneɛma pii sen ɔfoforo? Ebia ɔyere bɛte nka sɛ n’anim agu ase, sɛ ne kunu antumi amma no nneɛma pa a na onya wɔ n’agya fie no a. Anaasɛ, ebia okunu de nnɔnhwerew pii bɛyɛ adwuma, na wagyaw ne yere nkutoo wɔ fie, ma wayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.
Asabow yɛ ade foforo nso a etumi de ɔhaw ba aware mu kɛse. Na saa na ahohwibɔ nso te. Wɔ nnɛ awo ntoatoaso a nkurɔfo yɛ nea wɔpɛ biara yi mu no, ebinom te nka sɛ wɔn aware mu ɔhokafo no akyi kakraa a wobefi bere ne bere mu no betumi ayɛ nea ɛho wɔ mfaso. Nanso nhwehwɛmufo ka sɛ: “Nokware a wonni ho nni mfaso. Nnipa pii susuw sɛ wɔn hokafo akyi kakra a wobefi akɔ obi foforo nkyɛn no betumi ama aware no asɔ, nanso adeyɛ a ɛte saa yɛ ɔhaw ankasa ho sɛnkyerɛnne. Ɛnyɛ ade a ɛyaw nni mu.” Ɔresi eyi so dua no, amanneɛbɔ bi a efi England kyerɛe sɛ awaresɛe ne nneɛma ahorow a wɔtaa gyina so gu aware wɔ hɔ no mu biako. Ampa, awaresɛefo yɛ “nea ɔsɛe ne kra.”—Mmebusɛm 6:32.
So woasusuw sɛnea sika fam ahokyere no nso betumi asɛe aware no ho? Bere a okunu ne ɔyere nyinaa kɔ adwuma—sɛnea pii yɛ nnɛ no—ɛma abusua mu paapae. Na sɛ awarefo bi bɛde ka kɛse a, ɛtaa de anibere, abufuw ne akasakasa ba.
Bio nso, suban a nkurɔfo wɔ nnɛ sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn ankasa pɛ no ko tia aware yiyedi. Ɛyɛ den ma aware mu ahokafo sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ma ɛne nneɛma a ɔfoforo no pɛ ne nea ɔmpɛ ahyia. Mpɛn pii no wɔhwehwɛ ahofadi koro no ara a na wɔwɔ bere a wɔnwaree no wɔ aware mu. Awarefo a wontumi nnya ɔma honhom no wɔ asɛm a emu yɛ den.
Afei abusuafo nso betumi ahaw adwene, titiriw wɔ nsase a wobu aware sɛ mmusua abien a wɔka bom sen nnipa baanu pɛ a wɔka bom no. Wɔ mmeae a ɛtete saa no nhyɛso a efi abusuafo nkyɛn mu betumi ayɛ den. Okunu no maame betumi ayɛ nhyɛso araa ma ɔno mmom abɛyɛ te sɛ ɔyere no ti asen ne kunu. Anaasɛ, ebia ɔbea no awofo nso bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ mmom sen sɛ wɔbɛma aberante ne ababaa a wɔaware no kwan ma wɔabɔ wɔn bra.
Eyinom ne ɔhaw ahorow a nkurɔfo betumi ahyia bere a wɔaware no mu binom. Enti, yebetumi aka ampa sɛ aware rehyia ɔhaw ara, sɛ ɛda so wɔ nhyɛso kɛse ase. So ebetumi agyina? Yiw, aware sɛ́ nhyehyɛe no bɛkɔ so atra hɔ, efisɛ ɛyɛ ampa sɛ ebetumi ayɛ “akwan horow a anigye ne abotɔyam wom sen biara a wɔfa so tra ase no mu biako.” Nanso ɛda adi sɛ aware horow mmiako mmiako betumi agu wɔ saa nhyɛso yi ase. So wunim ɔkwan a wubetumi afa so akwati saa awerɛhow tebea yi?
[Kratafa 3 mfoni]
ASABOW
NOKWARE A WONNI
HONAM FAM ADEPƐ
ABUSUAFO NHYƐSO
ƐKA AHOROW