Nokware Ahofadi—Wɔ Ahenni No Nniso Ase
“Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—ROMAFO 8:21.
1. Hena nkutoo na obetumi ama adesamma nsa aka ahofadi a wohia kɛse no, na dɛn ntia?
ƐHO HIA kɛse sɛ adesamma de wɔn ho wɔ tebea horow a ɛyɛ awerɛhow pii a akɔ so bere tenten no mu. Nanso, sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, ɛboro onipa ahoɔden so sɛ ɔde ahofadi ahorow a ɛte sɛɛ bɛba. “Adwene pii wɔ onipa komam, nanso [Yehowa] agyinatu na ebegyina.” (Mmebusɛm 19:21) Saa Yehowa “agyinatu” no hyɛ bɔ sɛ “ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:4) Tebea a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea ɛfata ahofadi ankasa ho asɛm a Bible ka sɛ ebefi Yehowa hɔ aba no: “Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”!—Romafo 8:21.
2. Dɛn na Yehowa de di dwuma de ma saa ahofadi ahorow yi ba?
2 Nea ɛde ahofadi ahorow a ɛyɛ nwonwa yi bɛba ne nniso a Yehowa de asi hɔ sɛ enni asase nyinaa so, Onyankopɔn soro Ahenni no. Onyankopɔn apɛde nam ɛno so bɛyɛ wɔ “asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɛyɛ saa Ahenni koro no ara na ɛrenkyɛ “ebebubu ahenni horow [a ɛwɔ hɔ nnɛ] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa” no.—Daniel 2:44.
3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa nhyehyɛe horow a wɔde bedi wiase ɔhaw horow ho dwuma no daadaa yɛn?
3 Dabi, ɛnyɛ wiase a aporɔw yi na Onyankopɔn rebesiesie. Ɛyɛ nea wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Enti sɛ obi ka sɛ, sɛ wodi nnipa nhyehyɛe pɔtee bi akyi a, wobedi wiase haw ahorow no ho dwuma a, nnye nni. Onyankopɔn Asɛm da no adi nokwarem mmom sɛ nnipa nniso a Onyankopɔn nsa nni mu a woasɔ ahwɛ bɛyɛ mfirihyia 6,000 a ɛyɛ awerɛhow no adu akyiri mprempren wɔ ne “nna a edi akyiri” no mu.—2 Timoteo 3:1-5, 13.
Nniso Biako
4. Dɛn na Ahenni nniso biako no bɛkyerɛ ama adesamma?
4 Onyankopɔn soro Ahenni nniso no bɛkyerɛ nniso biako pɛ a wobenya wɔ asase nyinaa so. Ne Sodifo panyin bɛyɛ Yesu Kristo, na nnipakuw ketewaa a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo afoforo a wɔafa wɔn afi asase so bɛka ne ho asom sɛ mfɛfo adedifo. Susuw nea nniso biako, a Onyankopɔn mmara ne nnyinasosɛm ahorow na ɛkyerɛ kwan, bɛkyerɛ ama asase yi no ho hwɛ! Ahye ahorow nyinaa a nnɛ ɛpaapae aman ahorow mu yɛ wɔn akuw horow a wɔtentan wɔn ho no befi hɔ. Nnipa bɛka abom ayɛ adesamma abusua kɛse biako a wobetumi akɔ asase so baabiara a biribiara nsiw wɔn kwan. Akwantu tumi nkrataa, (Passport ne visa) anaa ahye so asraafo ho renhia bio.—Filipifo 2:9, 10; Adiyisɛm 14:4; 20:6.
5. Ɔkwan bɛn so na wɔahu hia a nniso biako pɛ ho hia ma wiase nyinaa no?
5 Ebinom de bere tenten ahu hia a nniso biako ho hia no. Wɔ Philippines atesɛm krataa, Bulletin Today mu no, nsɛnkyerɛwfo Gwynne Dyer bɔ amanneɛ sɛ: “A. J. P. Taylor a ɔyɛ abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔaben yiye wɔ yɛn bere yi mu no mu biako no ka kyerɛ me nnansa yi sɛ, ogye di sɛ anidaso biako pɛ a ɛwɔ hɔ a ɛbɛma wɔakwati wiase ko a ɛyɛ hu a ɛbɛma anibuei aba awiei ne sɛ obi bɛma wɔanya wiase ahemman. . . . Ɔkwan biako anaa foforo so no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn mprempren tebea a ɛne aman ahorow a obiara ade ne ho [a wɔboro 150] a yɛte mu—a wɔn nyinaa de akode atwa wɔn ho nyinaa ahyia, na wɔn nyinaa betumi asɛe no mu—kɔ wiase tumidi biako mu . . . Na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ntɛm ara. Amanaman Nkabom a ɛyɛ mmerɛw yiye na emu apaapae kɛse no kyerɛ faako a ɛsɛ sɛ yekodu. . . . Asɛm a na wɔka wɔ 1950 mfe no mu no da so ara yɛ nea eye: sɛ́ yebenya wiase biako, anaa ebi nni hɔ koraa.”
6. Ahenni no bɛyɛ nniso bɛn?
6 Ɛbɛyɛ wiase biako wɔ Onyankopɔn nniso biako ase. Nhyira bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ yebenya nniso a ɛde ayamye, atɛntrenee ne pɛpɛɛpɛyɛ bedi obiara ho dwuma! Ɛreka ɔsoro Hene, Yesu Kristo ho asɛm no, Bible no ka wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo.” (Yesaia 11:3, 4) Yiw, Kristo bɛyɛ nea ɛteɛ. Ɔdaa no adi saa, bere a ɔwɔ asase so no, efisɛ ɔkaa nokware na ɔkasa tiaa nyaatwomyɛ. Ɔboaa wɔn a na wɔyɛ mmɔbɔ na wamfa ne ho ammɔ adefo ne wɔn a wɔwɔ tumi no, ɛwom sɛ wanyɛ nyiyim antia wɔn de. Bere a Sodifo a ada adi sɛ ɔbɔ mmɔden sɛɛ wɔ hɔ na ɔreyɛ adwuma wɔ Yehowa akwankyerɛ ase no, “nokware befifi asase so, na trenee afi soro ahwɛ.”—Dwom 85:11, 12.
Nokware Asomdwoe Ne Yiyedi
7. Wɔn a wɔbɛkora wɔn so wɔ nkwa mu akɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu no bɛyɛ wɔn a wɔayɛ dɛn dedaw?
7 Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ yɛrentra nnipa nniso a emu apaapae na ɛde ne ho to asraafo dɔm akɛseakɛse ne akodi so bere nyinaa ase bio! Wɔrensɛe nneɛma a ɛwɔ asase so mfa nyɛ nneɛma a edi awu bio. Mmom no, wɔde saa nneɛma no bedi atirimpɔw horow a asomdwoe wom na eye ho dwuma. Nokwarem, wɔn a Onyankopɔn bɛkora wɔn so wɔ nkwa mu wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛreba no mu no bɛyɛ wɔn a wɔama Mika 4:3 nkɔmhyɛ no abam dedaw: “Wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” Henanom na nnɛ, wɔ asase so nnipa nyinaa mu no, wɔama saa nkɔmhyɛ no abam dedaw? Nnɛyi abakɔsɛm kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo. Wɔyɛ nokwasɛm no ho adanse a ɛte ase a ɛkyerɛ sɛ asomdwoe wɔ asase nyinaa so wɔ Onyankopɔn nniso ase bɛba ankasa, efisɛ wiase nyinaa asomdwoe rekɔ so dedaw wɔ wɔn mu mprempren!
8, 9. Asomdwoe ne yiyedi bɛba akodu he wɔ Ahenni no nniso ase?
8 Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu no asomdwoe mu bɛtrɛw akɔ asase so baabiara. Yesaia 32:17, 18 ka ‘kommyɛ ne ahotoso kosi daa’ ho asɛm, na ɛde ka ho sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” Susuw dwoodwoo asetra a ɛte sɛɛ a wubenya a ɛho nhia mpo sɛ woto w’apon mu, ne sɛ wubetumi anantew baabiara wɔ bere biara mu, awia anaa anadwo, a wunsuro nsɛmmɔnedifo anaa mmonnaatofo no ho hwɛ. Ntease pa nti na Bible no ka sɛ: “Na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu” no.—Dwom 37:11.
9 Yiyedi bɛka saa asomdwoe no ho, mmom sen sɛ aduan pa a wonnya nni bekunkum ɔpepem pii afe biara sɛnea ɛte mprempren yi no. Esiane sɛ na Yesu wɔ tumi a ɔde maa nnipa mpempem aduan denam anwonwa kwan so a ɔnam maa abodoo ne nam kakraa bi yɛɛ bebree no so nti, wɔ n’Ahenni nniso no ase no obetumi adi adesamma anim ma Dwom 72:16 anya mmamu: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Na esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi amammui ahye nyinaa, ne afei adifudepɛ aguadi ne akansi a mfaso nni so afi hɔ nti, asase no so nnuan bebu so pii ma adesamma nyinaa, a ɛnyɛ kakraa bi, anya bi adi. Enti wɔrenhu mmofra a ɔkɔm ama wɔn ho ayɛ hu a wɔn nsa ne wɔn anan ayeyɛ nhweahweaa na wɔn yafunu ayeyɛ akɛse bio.
Adwuma Pa A Anigye Wom
10. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛsono adwumayɛ wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu wɔ nnɛ de no ho?
10 Ɛnnɛ nnipa pii ani nnye esiane adwuma bi a ebia ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔde atra ase nti. Ɔpepem afoforo pii nso nni adwuma koraa. Nanso wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu no nnipa benya anigye kɛse wɔ adwumayɛ mu. Na wɔrensuro sɛ ebia wobehu sɛ mfaso biara amma wɔn mmɔdenbɔ ahorow no so esiane sikasɛm nhyehyɛe bɔne ahorow, asiane bi anaa ɔko nti. “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.”—Yesaia 65:21-23.
11. Dɛn na Onyankopɔn Ahenni no mma bɛyɛ wɔ asase yi ne nkwa a ɛwɔ so ho?
11 Bere a adwumayɛ ho nhyehyɛe a ɛhyɛ nkuran sɛɛ, ne nnipa a wɔdɔ wɔn yɔnkonom ankasa wɔ hɔ no, Ahenni no mma bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa kɛse sen biribiara a wiase yi ahu pɛn mpɛn apem na ɛho aba asase yi ne nkwa a ɛwɔ so mfaso. Ɛno nti na Yesu tumi kaa Paradise a ɛreba no ho asɛm no. (Luka 23:43) Sɛnea Yesaia ka too hɔ no: “Anhwea pradada bɛto dwom na adi ahurusi; ne fɛ bɛyɛ sɛ Lebanon Mmepɔw na aba aduan sɛ Karmel ne Saron mfuw. . . . Nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote adan atare. . . . Wobenya anigye daa, wɔbɛde wɔn ho daa afi awerɛhow ne apinisi mu.”—Yesaia 35:2, 6, 7, 10, Today’s English Version.
Ɔyare Ne Owu Nni Hɔ Bio
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ayaresa adwuma kɛse a ɔbɛyɛ wɔ Ahenni no tumi mu no ho nhwɛso?
12 Nanso, ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ wubenya ɛnonom nyinaa na afei ayɛ ɔkwa esiane ɔyare a ɛbɛbɔ wo, akwakora anaa aberewa a wobɛbɔ na woawu nti. Nanso nea nnuruyɛfo ne nyansahufo ntumi nyɛ mprempren no, Onyankopɔn bɛyɛ wɔ Ahenni no nniso ase. Onyankopɔn na ɔbɔɔ onipa nipadua, n’adwene ne ne nkate horow. Ɔno na onim nea ɛbɛma wanya ahoɔden, wayɛ pɛ. Bere a Yesu wɔ asase so no ɔyɛɛ ayaresa tumi a na Onyankopɔn de ama no no ho nhwɛso, na ɔde bedi dwuma wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu: “Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.” (Mateo 15:30, 31) Afei nso, bere a wɔama adesamma adu ɔdesani pɛyɛ ho wɔ Ahenni no nniso ase no, ‘ɔbɛmene owu akosi daa.’ (Yesaia 25:8) Yehowa dɔ no bi bɛka wɔn a wɔawuwu bere tenten no mpo, na wobenya hokwan atra ase wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu denam nkwa mu a wɔbɛsan de wɔn aba wɔ owusɔre mu no so. Anigye a ɛbɛba saa bere no bɛyɛ mmɔho pii, na akae yɛn bere a Yesu nyanee abeawa bi na wɔn a wɔwɔ hɔ “ho dwiriw wɔn kɛse” no.—Marko 5:41, 42; Yohane 5:28, 29.
13. Nneɛma ahorow bɛn na nnipa bɛpɛ sɛ wɔyɛ wɔ Nhyehyɛe Foforo no mu?
13 Susuw nea wubetumi ayɛ wɔ trenee Nhyehyɛe Foforo a asomdwoe ne yiyedi wom a wowɔ adwene ne nipadua a ɛyɛ pɛ—na wunwu da—mu no ho hwɛ! Hwɛ sɛnea ebia wopɛe sɛ woyɛ nneɛma pii, nanso woantumi annya ho bere anaa woantumi anyɛ! Susuw mmepɔw akɛse a wobɛkɔ akɔhwehwɛ so ne w’ani a ebegye, kwae a ɛyɛ fɛ, asase a nhwiren ayɛ so ma ne nturo ahorow, mmoa ahorow a wɔn ho yɛ anika, asuten ne atare a efĩ biara nni mu ne nnipa ahorow ahorow ne wɔn nnuan a ɛyɛ dɛ, no ho hwɛ. Susuw nimdeɛ ahorow a mmarima ne mmea benya wɔ adwinni, adansi, asase ho adwuma ahorow, ofie mu siesie, nsaanodwuma ahorow ne nnwom mu no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkanyan adesamma ma wɔayɛ nneɛma akɛse afoforo a ɛyɛ fɛ. Afei nso susuw Nea ɔma ɛnonom nyinaa yɛ yiye, Yehowa Nyankopɔn, a wubetumi ahu no yiye no ho. N’amansan a ɛyɛ nwonwa no ne ne kyinsoromma ne nsoromma afoforo no ho nimdeɛ a emu dɔ bɛma w’ani agye. Yiw, ampa, “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:21.
Nokware No A Yebegye Atom
14. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso kɛse wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow no nyinaa mu?
14 So wubetumi agye Onyankopɔn bɔhyɛ horow yi nyinaa adi ankasa? Yiw, wubetumi. Wubetumi ate nka te sɛ Yosua a na osuro Nyankopɔn no, bere a ɔkae sɛ: “Nsɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu; ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam” no. (Yosua 23:14) Ampa, wubetumi de wo nkwa ato Onyankopɔn bɔhyɛ horow no so efisɛ nea ɔka no ne nokware na nea ɛbɛyɛ biara ɛbɛbam.—Yesaia 46:9-11
15. Wiase yi su bɛn na Onyankopɔn nkoa pow?
15 Bible da no adi pefee sɛ nokware no wɔ hɔ, ɛkyerɛ nea ɛyɛ, faako a ɛwɔ ne wɔn a wɔwɔ. Asemmisa a ɛwɔ hɔ ma obiara ne eyi: So wopɛ nokware no ankasa? Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Na so nnipa pii mpɛ nokware no?’ Dabi, efisɛ Yesu kae sɛ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no sua na nnipa kakraa bi na wɔnam so. (Mateo 7:13, 14) Adesamma a wɔwɔ hɔ nnɛ fã kɛse no ara te nka te sɛ nea Bible no ka ho asɛm wɔ Hiob 21:14-16 no: “Wɔka kyerɛɛ [nokware.] Nyankopɔn sɛ: Fi yɛn so, na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ. Dɛn ne Otumfoɔ no a yɛnsom no, na sɛ yɛbɔ no mpae a, mfaso bɛn na yebenya?” Nanso Hiob se, “Abɔnefo agyinatu mpare me.” Wɔn adwene nyɛ nea egyina nokware no so na mmom egyina Satan nnaadaa a ɛne sɛ sɛ nnipa twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho a wɔn ho bɛtɔ wɔn no so.
16. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ obiara a ɔhwehwɛ nokware no ampa behu?
16 Ɛda adi sɛ onipa biara a ɔpɛ nokware no ampa, na ɔsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no ma onhu no, ɔbɛkyerɛ no kwan akɔ ho. Faako a ɔte anaa tebea a ɔwom mfa ho. Dɛn ntia? Efisɛ bere a Yehowa de ne nkoa anokwafo a wɔwɔ asase so di dwuma ma wɔka Ahenni no ho asɛmpa ansa na awiei no aba no, adwuma a ɛne wɔn a wɔdɔ nokware a wɔhwehwɛ wɔn no nyɛ nnipa adwuma bi ara kwa. Ɔsoro Hene Yesu Kristo ne ne soro dɔm pii de ahoɔden a emu kɔ so yɛ den daa gyina asɛm a wɔreka wɔ wiase nyinaa no akyi.—Mateo 25:31, 32; Adiyisɛm 14:6, 7.
17. Sɛ obi pɛ nokware no ankasa a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?
17 Aka kakraa na nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa aba n’awiei. Sɛ wopɛ nokware no ankasa na wopɛ sɛ wokɔ so tra ase a, ɛho hia sɛ woda eyi adi kyerɛ Onyankopɔn ne nipa. Na wunya Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ a edi mu. Na wo ne ne nkurɔfo hyiam. “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.”—Mateo 6:33; Yohane 17:3; Hebrifo 10:24, 25.
18. Mfaso horow bɛn na wɔn a wɔde nokware no tra ase nya nnɛ mpo?
18 Bere a woyɛ saa no, wubenya mfaso pii nnɛ mpo. Wɔn a wosua nokware no na wɔde tra ase no nya ahotɔ pii wɔ adwene ne nkate mu, efisɛ wonim nea enti a mmere no mu ayɛ den saa ne nea ɛwɔ hɔ daakye. Wɔade wɔn ho nso afi asetra kwan a mfaso nni so a nnipa a wɔwɔ wiase yi mu nam so a honam fam nneɛma nkutoo akyi na wodi nanso wɔbɛhwere ne nyinaa bere a nhyehyɛe yi ba awiei no ho. (1 Yohane 2:15-17) Ɛyɛ ahotɔ kɛse nso sɛ obi bɛde ne ho afi nyamesom mu atoro ho.
19. Sɛ wowɔ ɔdɔ ma nokware no a, dɛn na wobɛyɛ?
19 So wowɔ ɔdɔ ankasa ma nokware no? Ɛnde wobɛdɔ nokware Nyankopɔn no. Wobɛdɔ nokware ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɔda no adi wɔ n’Ahenni nniso no ho no. Wobɛdɔ n’ahyehyɛde a ɛwɔ asase so a aniwa hu, a nnipa a ɔreboaboa wɔn ano mprempren ama nkwagye na wɔwom no. (Yesaia 2:2-4) Woremma biribiara a ɛwɔ soro anaa asase so nsiw wo kwan wɔ nokware Nyankopɔn a ɔnam ne nokware no so betumi ama woade wo ho no a wobɛsom no nokwaredi mu no mu.—Yohane 8:31, 32.
So wubetumi abua nsemmisa yi?
□ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de nokware ahofadi bɛbrɛ adesamma?
□ Dɛn na wiase nniso biako bɛkyerɛ ama nnipa?
□ Adanse a ɛte ase bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nokware asomdwoe bɛba wɔ Ahenni no nniso ase?
□ Nsonsonoe bɛn na ɛbɛda adwumayɛ wɔ nhyehyɛe yi mu ne Nhyehyɛe Foforo no mu de ntam?
□ Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no ampa kwan akɔ ho?
[Kratafa 17 mfoni]
Wɔn a wonya nkwa wɔ nhyehyɛe yi awiei mu no bɛyɛ wɔn a ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw’ dedaw
[Kratafa 19 mfoni]
Wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu no, nnipa benya anigye kɛse wɔ adwumayɛ ho nhyehyɛe a ɛhyɛ nkuran mu