Dɛn Na Paradise Kyerɛ Ma Wo?
SO W’ANI begye sɛ wobɛtra paradise—mprempren? Ebia wobɛka sɛ: ‘Wo ho yɛ anika yiye! Paradise biara nni asase so!’ Anaa ebi wo hɔ? Wiɛ, ɛno gyina nea “paradise” kyerɛ no so.
Dɛn na saa asɛmfua no kyerɛ ma wo? Asase ani tebea horow a ɛyɛ fɛ? Nsubɔnten ahorow a ɛsen yɔɔ ne abon ahorow a asomdwoe wom a wɔntow afide ne nneɛma funu nguu mu anaa? Mmoa—gyata, sebɔ, nguammaa ne ɔforote—a wɔn nyinaa te hɔ asomdwoe mu anaa? Ampa, sɛ yɛbɛka no tiaa a, ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛtra paradise tebea a ɛte saa mu. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow no ne sɛ, bere a mmeae horow a ɛyɛ fɛ da so wɔ asase so no, yɛmmɛn paradise asetra ho baabiara. Anaa ɛnte saa?
Susuw eyi ho hwɛ: Nea “paradise” kyerɛ ankasa no kɔ akyiri sen nnua ne afifide ahorow a ɛyɛ fɛ—nneɛma a ɛyɛ fɛ a atwa yɛn ho ahyia. Egye nea ɛsen nwura frɔmfrɔm a atwa yɛn ho ahyia na ama asetra ayɛ anigye. Pii ho hia. Sɛ nhwɛso no: Fa no sɛ wubetumi apaw asase so baabi a ɛyɛ fɛ atra—asase bi a ɛda hɔ fɛfɛɛfɛ anaasɛ supɔw fɛfɛɛfɛ bi so. So w’ani betumi agye ankasa, sɛ w’afipamfo yɛ ntɔkwapɛfo, atirimɔdenfo, pɛsɛmenkominya ne animtiaabufo, a wonni obu biara mma wo ne wo nneɛma a? Dabida! Nnipa a wɔte saa betumi ama w’asetra ayɛ awerɛhow yiye, a sɛnea nneɛma a atwa wo ho ahyia no fɛ te no mfa ho!
Enti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ, ɛnyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no so nko na “paradise” gyina, na mmom egyina nnipa so nso. Efisɛ sɛ wususuw paradise ho a, so wunsusuw nnipa a wɔwɔ anigye, wɔpɛ asomdwoe, a wotumi ne wɔn ho wɔn ho tra ɔdɔ mu ho anaa? Enti, ansa na wobetumi afrɛ beae bi a ɛyɛ fɛ wɔ asase so paradise ma afata no, ɛsɛ sɛ nnipa a wɔbɛtra hɔ no nya nipasu ahorow a ɛte sɛ Onyankopɔn de.
Bible no da nsakrae a ɛte saa a ɛbɛba wɔ nnipasu horow mu adi, na ɛka nnipa honhom mu tebea—nnipa a wɔsakra wɔn nipasu ne wɔn abrabɔ ma ɛyɛ yiye, no ho asɛm. Nanso ebia woresusuw sɛ: ‘So sɛnkyerɛnne kwan so paradise a ɛte saa wɔ hɔ ankasa nnɛ? Sɛ saa, ɛwɔ he?’