Bere A Yɛn Koma Ka Yɛn Sɛ Yɛnyɛ Nea Yebetumi Nyinaa
Ɛyɛ Nisan 12, 33 Y.B. Yesu Kristo ne afoforo redidi wɔ ɔkwatani Simon fie wɔ Betania, a ɛbɛn Yerusalem. Wɔn a na wɔwɔ hɔ ne osuani nokwafo bi a wɔfrɛ no Maria. Obue sradehuam toaa bi so na ohwie ngo huamhuam a ne bo yɛ den no gu Yesu atifi.
Ebinom kasa tia sɛ, ‘Adesɛe yi ase ne dɛn? Anka wobetumi atɔn ngo yi na wɔde sika no ama ahiafo!’ Nanso Yesu bua sɛ: ‘Munnyaa no, efisɛ ahiafo wɔ mo nkyɛn daa na mubetumi ayɛ wɔn yiye. Na me de, morennya me daa. Ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa, de ngo huamhuam agu me nipadua so ama me sie.’—Mateo 26:6-13; Marko 14:3-9; Yohane 12:1-8.
Maria a ofi Betania no antumi anyɛ hwee amfa annwudwo Yesu amanehunu no ano bere a wɔde no bɔɔ asɛndua ho nnanu pɛ akyi, Nisan 14, 33 Y.B. no. Nanso mprempren de na obetumi de ngo a ne bo yɛ den asra no. Enti, sɛnea Yesu kae no: “Wayɛ nea obetumi.” (Marko 14:8) Ampa, Maria koma kaa no ma ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa.
Ɛkanyan Yɛn Ma Yɛyɛ Nea Yebetumi
Sɛ́ Yehowa Adansefo, anaa sɛ́ nnipa a yɛresua Onyankopɔn nokware no, ebia yɛn ho bɛpere yɛn sɛ yɛbɛtrɛw Ahenni asɛmpa no mu wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (Mateo 24:14; 2 Timoteo 3:1-5) Nokwarem no, ebia yebenya kyɛfa fɛfɛ wɔ saa adwuma no mu.
Nanso, ebia abusua ho asɛyɛde ahorow, nipadua mu ahoɔden a enni hɔ ne nneɛma afoforo remma yentumi nsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ akyirikyiri asase bi so. Ebia yɛrentumi nyɛ Ɔwɛn Aban Asafo ti anaasɛ ne baa dwumadibea hɔ adwumayɛfo no mufo. Ebia yɛrentumi nsom sɛ ahwɛfo akwantufo ne nea ɛtete saa. Nanso, ebia ɛrensiw yɛn kwan sɛ yɛde nea yɛwɔ no bedi dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛtrɛw Ahenni adwuma no mu. (Mateo 6:33) Ebia yebetumi de ‘yɛn ahonyade ahyɛ Yehowa anuonyam.’ Nhyira bɛba eyi so, efisɛ ‘ade dodow bɛyɛ yɛn asan ama ama.’—Mmebusɛm 3:9, 10.
Wɔyɛɛ Nea Wobetumi
Yiw, yɛn honhom betumi ayɛ te sɛ Maria a ofi Betania ne Onyankopɔn asomfo afoforo a wɔtraa ase tete hɔ no de no. Sɛ nhwɛso no, Israelfo a na wɔwɔ Mose nna no mu no nyaa hokwan sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa anuonyam bere a wosii ne som ntamadan no. Wɔn nyinaa antumi anyɛ ade koro no ara, nanso wɔn koma kaa wɔn ma wɔyɛɛ nea wobetumi. Sɛ nhwɛso no, mmea binom too mmirekyi nhwi asaawa a wɔde dii dwuma no. Mmarima no binom dii dwuma sɛ adwumfo yɛɛ nnwuma ahorow. Na ɔman no nyinaa nso ɛ? Wiɛ, wɔhyɛɛ Yehowa anuonyam denam sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, asaawa, nwera ne nneɛma afoforo a wɔde mae sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi awie ntamadan no so. Wɔn a wɔpɛ no de anigye ‘yii ntoboa yi maa Yehowa,’ na na ɛyɛ ‘ayamyi ayɛyɛde.’ (Exodus 35:4-35) Ahe na wɔde mae? Wiɛ, ɔhonam fam nneɛma a wɔde mae no ‘yɛɛ nea na ɛdɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma no’! (Exodus 36:4-7) Yiw, wɔyɛɛ nea wobetumi.
Mfe pii akyi no Ɔhene Dawid yii ntoboa kɛse wɔ asɔrefi a na ne ba Salomo rebesi no ho. Dawid de ne sika ne dwetɛ “akorade” maa saa atirimpɔw no. Afei ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Hena na oyi ne yam de n’ayɛyɛde ma [Yehowa] nnɛ?” Eyi ho adeyɛ mu no mmapɔmma ne abirɛmpɔn de ayɛyɛde mae, na “wɔn a wohuu wɔn hɔ abo no de maa [Yehowa] fi akorade no.” Ɛnyɛ anwiinwii na wɔde yɛɛ eyi, efisɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔman no ani gyei nea woyii wɔn yam de mae no ho, efisɛ koma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa [Yehowa], na ɔhene Dawid nso ani gyee anigye kɛse.” (1 Beresosɛm 29:3-9) Wɔn nyinaa yɛɛ nea wobetumi.
Sɛ́ ankorankoro no, tete Kristofo pii boa maa Ahenni dawurubɔ adwuma no mu trɛwee. Sɛ nhwɛso no, akwakora ɔsomafo Yohane daa no adi sɛ ɛyɛ Kristofo asafo no mufo asɛyɛde sɛ wɔboa ananmusifo a wɔsoma wɔn no. “Na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.” Yohane kamfoo Gaio wɔ ahɔhoyɛsu a oyii adi kyerɛɛ “ahɔho” no, kyerɛ sɛ wɔn a na Gaio nnim wɔn dedaw nanso ogyee wɔn fɛw so esiane adwuma a na wɔreyɛ ma asafo no nti, no ho. (3 Yohane 5-8) Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ beae pɔtee bi no antumi antu kwan tenten ankɔka “asɛmpa no,” nanso wɔyɛɛ nea wobetumi.
Asafo horow bi nso de wɔn honam fam nneɛma boaa Ahenni adwuma no. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo tumi ka kyerɛɛ Filipifo gyidifo sɛ: “Tesalonika nso mosomae prɛko ne ne mprenu brɛɛ me nea ehia me. Ɛnyɛ sɛ mehwehwɛ akyɛde, na mmom mehwehwɛ aba a ɛma mo akontaa dɔɔso.” (Filipifo 4:15-17) Asafo mũ no nyinaa antumi ne ɔsomafo no antu kwan, nanso woyɛɛ nea wobetumi.
Sɛnea Ebinom Ate Nka
Yesu Kristo kae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei kɛse bere a wɔde ‘ayamyi ayɛyɛde maa Yehowa’ wɔ Ɔhene Dawid nna no mu no. (1 Beresosɛm 29:9: Asomafo no Nnwuma 20:35) Honhom a ɛte saa ara wɔ hɔ nnɛ.
Yehowa Adansefo mu biako kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ: “Madi mfe 81 na mintumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu bio esiane sasaborɔ a ama mabubu no nti, nanso mɛpɛ sɛ meyɛ biribi wɔ ɔsom adwuma no yɛ mu. Mede ntoboa bi bɛbrɛ mo ɔsram biara bere tenten a metumi, na titiriw no mɛpɛ sɛ meboa Gilead Ɔwɛn Aban Bible Sukuu no mufo a wɔkɔ amanɔnne nsase so no.” Ná aberewa yi rentumi nsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo ankasa, nanso ne koma kaa no ma ɔyɛɛ nea obetumi.
Mmusua horow abom adi dwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi de ntoboa bi ama de aboa nhoma tintim ne asafo no ntrɛwmu dwumadi no. Abusua biako kyerɛwee sɛ: “Sɛ́ abusua no yɛtee nka sɛ́ ɛsɛ sɛ yenya kyɛfa ketewaa wɔ eyi mu. . . . yɛn ani gyei bere a yɛn mmabarima baanu a wɔrebɛn mpanyin afe so no baa yɛn nkyɛn na wɔkyerɛɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya kyɛfa wɔ ntoboa a yɛn abusua no de kɔma Asafo ti no mu no. Ná wɔn kyɛfa no fi sika a wɔayɛ nnwuma nketenkete anya de asie no mu. Yɛn ani agye nhoma ahorow fɛfɛ ne honhom fam aduan bebree a yɛn nsa ka bere nyinaa wɔ Yehowa pon so no ho.”
Sɛnea Ebetumi Ayɛ Yiye
Yehowa Adansefo mu kakraa bi pɛ na wɔyɛ adefo ɔhonam fam, na ɛsɛ sɛ wɔn mu dodow no ara gyina asetra mu den a ayɛ nnɛ no ano. Nanso sɛ wɔde biribi kakra boa Ahenni adwuma no ntrɛwmu a, ɛnsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔn ntoboa no sua dodo. Bere a Yesu huu okunafo hiani no sɛ ɔde mman abien akogu asɔrefi ntoboa adaka no mu no, wammu no animtiaa. Mmom no, ɔkae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so no mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de, ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.” (Luka 21:1-4) Ɛwom sɛ na n’akyɛde no bo wɔ ɔhonam fam no sua de, nanso ɔyɛɛ nea obetumi.
Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi anya biribi de ama no, mpɛn pii no nhyehyɛe bi ho hia, ebia wɔ nnipa nkorɛnkorɛ ne mmusua no fam, anaasɛ wɔ asafo horow fam. Saa pɛpɛɛpɛ na, bere a mmoa ho hia wɔ Kristofo a wɔwɔ Yudea no fam no, gyidifo a wɔwɔ Korinto a wɔpɛe sɛ wɔboa wɔn no nsa kaa nyansahyɛ a ɛho wɔ mfaso fii ɔsomafo Paulo nkyɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na ɔtow a wɔde kɔmaa ahotefo no ho de, sɛnea mehyehyɛe Galatia asafo mu no, mo nso monyɛ saa ara. Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.”—1 Korintofo 16:1, 2.
Sɛnea ebia onipa de sika bi besie ama biribi a wɔnhwɛ kwan a ɛba mpofirim no, saa ara na Adansefo mmiako mmiako, mmusua anaa asafo horow betumi de biribi ato hɔ sɛ wɔde bɛboa ma nokware som akɔ so. Nokwarem no, asafo horow taa de sika kɔboa Ahenni adwuma no nkɔso. Wɔyɛ saa denam tirimbɔ a wɔde to asafo no anim ma wogye tom so. Ebinom nso a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa no tumi boa Kristofo asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa denam ntoboa a wɔn ankasa yi de boa saa atirimpɔw no so. Saa adema a ɛfata yi ma wɔn ani gye na ɛma wɔte nka sɛ wɔreyɛ nea wobetumi.
Ntoboa horow a Ɔwɛn Aban Asafo no nsa ka no yɛ nea wɔnam nkrataa a Asafo ti no kyerɛw so ma wohu sɛ nsa aka. Ankorankoro, mmusua anaa asafo horow a wɔpɛ sɛ wɔde ntoboa a ɛte sɛɛ ma no betumi de akɔma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia, Heights, Brooklyn, New York 11201, anaasɛ Asafo no baa dwumadibea a ɛbɛn. Wɔ Ghana no, ɛyɛ Box 760, Accra.
Ani sɔ ntoboa horow a Asafo ti no nsa ka no nyinaa kɛse, na wɔde trɛw Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛdenam eyi so no wotumi hwɛ asɛmpatrɛwfo afie ne wɔn dwumadi ahorow so wɔ aman pii mu. Afei nso, eyi boa ma yetumi nya nhoma tintim mfiri ahorow a ɛho hia na yɛn nsa aka Bible nhoma horow no, na ɛma wotumi trɛw mu wɔ baabi a ɛho hia. Esiane ntoboa a ɛtete sɛɛ nti, ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo tumi kɔsrasra Kristofo asafo horow wɔ asase so nyinaa de honhom mu mmoa ma mfɛfo gyidifo. (Romafo 1:11, 12) Na wɔboa afoforo a wɔde wɔn bere nyinaa resom no nso wɔ saa kwan yi so. Wɔn a wɔboaa nokware som wɔ tete hɔ no nyaa ɔsoro nhyira efisɛ wɔde wɔn nneɛma a ɛsom bo hyɛɛ Yehowa anuonyam. Na hwɛ anigye ara a wonyae! Bere a yɛn nso yedi boa Ahenni adwuma no nnɛ no, yɛn nso yenya nhyira pii. Enti, momma yenni ho dwuma bere a yɛn koma ka yɛn sɛ yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa no.
January Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)