Asiesie Aware Bi
Okunu bi a ɔwɔ New Caledonia bɔ amanneɛ sɛ, “afe a etwaam no yɛtee nka sɛ yɛayɛ krado sɛ yebegyae aware.” Dɛn ntia? Nkitahodi a na enni hɔ, abufuw su horow a enye, nipadua mu ahoɔden a ɔyere no nni ne nyarewa ahorow bi. Bere a wɔabom atra mfe du akyi no wɔn baanu nyinaa tee nka sɛ wɔn aware no adi nkogu.
Da bi anɔpa ɔyere no ne wɔn fipamfo bi bɔɔ ne haw ahorow no ho nkɔmmɔ. Ofipamfo yi a ɛbɛdaa adi sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no kaa sɛnea afotu a ɛwɔ Bible mu no boa ma wosiesie nsɛm a emu yɛ den a ɛsɔre wɔ abusua mu no ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a okunu no tee eyi ho asɛm akyiri yi no, n’ani annye ho. Ɔtee nka sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛsakra ne yere suban ne ne koma bɔne no. Nanso ankyɛ na ɔyere no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Otiee Bible mu nnyinasosɛm ahorow no yiye bere a na wɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ no no na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde bedi dwuma wɔ n’asetra mu.
Okunu no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ adapɛn bi akyi no mifii ase huu nsakrae ahorow wɔ n’abrabɔ mu.” Bere a ama ne ho adwiriw no no, ɔpenee no sɛ ɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam bi ase akɔhwɛ nea wɔyɛ wɔ hɔ. Ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ hɔ no kaa no yiye. Ɔne ne yere boom suaa Bible no, na ogye tom sɛ: “Mprempren yɛahu nea ɛde abusua asetra a ɛyɛ anigye ankasa ba. Na me ne me yere ani agye yiye sɛ yɛne afoforo kyɛ nea etumi siesie nsɛm a emu yɛ den a ɛsɔre wɔ abusua mu yi—nokwarem no, nea etumi siesie nsɛm a ɛyɛ den nyinaa a adesamma hyia nnɛ no.”
June Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)