Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 12/1 kr. 13-17
  • Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nnam Yɛ Ɔsom Adwuma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nnam Yɛ Ɔsom Adwuma No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Mu Nhwɛso Horow
  • Mmoa A Ɛma Yenya Boasetɔ
  • Adwuma A Wɔde Nnam Yɛ Ho Nhwɛso Horow
  • Nhyehyɛe Bi Ba Awiei
  • Nnamyɛ Wɔ Gyidi No Mu
  • Adansefo Mununkum Kɛse!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Monhyɛ Mo Koma Den”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yehowa Di Bɔ Ahorow A Ɔhyɛ Anokwafo No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘Yɛnam Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Yehu Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 12/1 kr. 13-17

Ɛnnɛ Ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nnam Yɛ Ɔsom Adwuma No

“Nea obegyina akodua awiei no, ɔno na wobegye no.”​—MARKO 13:13.

1, 2. (a) Tebea horow bɛn na ɛma ɛda adi sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi awiei mu? (b) Wubetumi ayɛ w’ade wɔ akwan horow abien bɛn so?

NNIPA binom adwenem da so ara yɛ wɔn naa wɔ mprempren nhyehyɛe yi awiei mu a yɛwɔ no ho, ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu nea enti a wɔn adwenem yɛ wɔn naa wɔ saa nokwasɛm no ho no de. Abrabɔ pa kɔ so sɛe. Sikasɛm mu kɔ so yɛ den. Nnipa a wɔredɔɔso dodo no rekɔ so ara, efĩ mu retrɛw, atomik ahoɔden nneɛma a wɔsɛe no yɛ kɛse, atomik akode ahorow redɔɔso ntɛmntɛm na wɔn a wonnye nni adwenem taa yɛ wɔn naa sɛ ebia abɔde a wɔwɔ nkwa benya wɔn ti adidi mu wɔ asase so.

2 Nanso, nhyehyɛe dedaw yi awiei mmae ara ɛ. Ebia Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no bi bɛbrɛ wɔ Ahenni adwuma a wɔyɛ no mu. Wɔ eyi mu no, sɛ obi hyiraa ne nkwa so maa bere na ɛnyɛ Onyankopɔn mmom a, ɛnde ebia wɔbɛpopo so ma wafi mu. Nanso wɔn a wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde bere nyinaa na wɔafa n’akwan so no ayɛ den sen bere biara na wɔn dodow rekɔ anim ara.

3. (a) Dɛn nti na nnipa a wɔdɔ trenee ho pere wɔn sɛ nhyehyɛe dedaw yi bɛba awiei? (b) Ansa na ɛbɛba no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ?

3 Nnipa a wɔdɔ trenee ho pere wɔn sɛ wobehu sɛ nhyehyɛe dedaw yi aba awiei, efisɛ wɔde asase so Paradise besi ananmu denam trenee Nhyehyɛe Foforo a Bible hyɛ ho bɔ no so. (Yesaia 9:6, 7; Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4) Ampa, Yehowa asomfo pɛ sɛ nsakrae yi ba ntɛm sɛnea Onyankopɔn pɛ te. Nanso, esiane sɛ wɔahyira wɔn ho so ankasa ama Onyankopɔn nti, wɔde boasetɔ twɛn ne bere no bere a wɔkɔ wɔn anim nnam so wɔ Ahenni asɛnka adwuma a ɛyɛ anigye a ɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ no mu no.​—Mateo 24:14.

Honhom Mu Nhwɛso Horow

4. Nhwɛso fɛfɛ bɛn na mmarima ne mmea gyidifo a wɔtraa ase tete mmere mu no ayɛ ama yɛn?

4 Ntease nnim sɛ obi bɛsan n’akyi, ɔbɛyɛ anihaw anaa obegow ne nsa mu. Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu yɛ adwuma. (Yohane 5:17) Bio nso, kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa mmarima ne mmea gyidifo a na wɔwɔ anigye a wɔyɛ denhyɛ ne nkuranhyɛ ho nhwɛso ahorow ma yɛn ayɛ Bible no ma. Nanso na mmarima ne mmea gyidifo yi nim sɛ bɔhyɛ ahorow a wɔretwɛn no remma mu wɔ wɔn bere so. Awo ntoatoaso ahorow, ne wɔ binom mu mpo no, mfirihyia mpempem pii, betwam ansa na nneɛma a na wɔrehwɛ kwan no aba. Nanso wɔammrɛ wɔn dwumadi no ase. Pii de anigye somee kosii sɛ wɔbɔɔ nkwakora ne mmerewa, na na wɔyɛ den wɔ gyidi no mu, wɔde nnamyɛ tiee Onyankopɔn na wɔde boasetɔ twɛn n’atirimpɔw ahorow mmamu. Afei nso, wɔ mfehaha a atwam no mu no, Onyankopɔn de n’adiyisɛm mae nkakrankakra. Enti, gyidifo a wɔtraa ase tete no annya sɛnea Onyankopɔn bɛma nneɛma a wahyɛ ho bɔ no abam no ho nimdeɛ kɛse te sɛ nea wubetumi anya nnɛ no.

5. Nhwɛso bɛn na Habel yɛe?

5 Sɛ nhwɛso no, susuw nsɛm kakraa bi pɛ a na Habel nim no ho. Nea na onim ara ne sɛ Onyankopɔn ahyɛ “aseni” bi ho bɔ ne sɛ daakye bi no saa “aseni” no bɛbɔ ɔwɔ no ti. (Genesis 3:15) Nanso Yesu frɛɛ Habel “trenee,” na ɔno na Paulo dii kan bɔɔ ne din wɔ gyidifo atitiriw a ɔkaa wɔn ho asɛm no mu. (Mateo 23:35; Hebrifo 11:4) So anka wubetumi de nsɛm kakraa bi a na ɛwɔ hɔ wɔ Habel bere so no anya gyidi a ɛte saa?

6, 7. Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bi amma mu wɔ Abraham bere so de, nanso ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa yɛn?

6 Noa, Abraham, Isak ne Yakob nom nyinaa wuwui ansa na Yehowa daa ne tumi kɛse no adi bere a Israel refi Misraim no. Ná wonnim nsɛm a ebesisi a ɛyɛ nwonwa bere a wɔde Mmara no rema wɔ Sinai no. Bere a wɔte ase no na wɔnkyerɛw Bible mu nhoma a edi kan no mpo.

7 Ná Abraham nni anidaso biara sɛ wɔde Paradise bi bɛsan asi hɔ wɔ ne bere so. Mmom no, wɔka kyerɛɛ no sɛ n’asefo behu amane mfirihyia 400. Ná daakye bi na Onyankopɔn bɔhyɛ no bɛbam sɛ ‘Abraham asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.’ (Genesis 15:13; 22:18; Galatifo 3:8) Ná Abraham ‘retwɛn kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.’ (Hebrifo 11:10) Nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Abraham renhu wɔ ne bere so na mmom wɔ owusɔre no mu no ama ne gyidi, osetie ne nnam a ɔde som Onyankopɔn no ano ammrɛ ase. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: So gyidi a mewɔ, me osetie ne me nnamyɛ te sɛ Abraham?

8. Dɛn na yesua fa boasetɔ ho fi Mose hɔ?

8 Ná Mose susuw sɛ ɔrentumi nyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no. Ɔkae sɛ ɔyɛ obi a ne kasa mu nna hɔ na ɔtee nka sɛ n’ankasa ne nkurɔfo anaa Farao rentie no. (Exodus 4:1, 10; 6:12) Nanso Mose yɛɛ osetie. Ɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no, na ɔyɛɛ eyi bere tenteenten Wɔ sare no so no, na Mose nim sɛ ebegye mfirihyia 40 bio ansa na ne nkurɔfo ahyɛn Bɔhyɛ Asase no so, na esiane bɔne a ɔno ankasa yɛe akyiri yi nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔrenkɔ asase no so. Nanso ɔkɔɔ so nantew Yehowa kwan so mfe pii. (Numeri 14:33, 34; 20:9-12; Deuteronomium 3:23-28; 34:1-6) So anka ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no bɛka wo ma woatɔ wo bo ase na woabɔ mmɔden wɔ ne som mu saa? So anka wubedi afoforo anim wɔ nokwaredi mu akɔ botae a wo ankasa wunim sɛ worennu ho no ho?

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ne Yeremia yii boasetɔ adi bere a na wonni anidaso sɛ wɔn nsa bɛka akatua a wɔhwehwɛ no wɔ wɔn nkwa nna mu no?

9 Bere a Yehowa bisae sɛ hena na ɔbɛkɔ akɔkasa ama no no, Yesaia kae sɛ: “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8-11) Wɔ nea ɛboro mfirihyia 40 mu no, ɔsomee sɛ Yehowa diyifo. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, Yesaia bɔɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho no ho dawuru, ɛwom sɛ na trenee nhyehyɛe foforo biara ho anidaso nni hɔ wɔ ne bere so de. (Yesaia 65:17-25) So anka wubedi nokware saa, esiane sɛ nokwaredi a wubekura mu yɛ nea ɛteɛ na ɛne ɔdɔ kɛse a wowɔ ma Onyankopɔn no hyia nti?

10 Wɔmaa Yeremia de kɔkɔbɔ bi a wɔmpɛ maa nnipa bi a wonnye nni. Ná asase so trenee Paradise biara nni hɔ a ɛretwɛn wɔ n’asɛnka adwuma no awiei. Mmom no, na Yerusalem kurow a n’ani gye ho no bɛba abɛyɛ ‘nea wɔasɛe no pasaa na wɔama adan ahodwiriwde,’ esiane sɛ na emufo nni gyidi nti. Ná Yeremia nim sɛ wɔbɛsan akyekye, nanso gye sɛ mfirihyia 70​—a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ nkwa mfe foforo​—atwam ansa! (Yeremia 25:8-11; 29:10) Nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Yeremia rentra ase nhu eyi a wɔaka ato hɔ no amma wannyae asɛm no ka. Bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyae mpo no, na Yehowa asɛm no te sɛ “ogya a ɛredɛw” wɔ ne nnompe mu. Ná ɛsɛ sɛ ɔkasa, na na Yehowa ka ne ho “sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu.”​—Yeremia 20:7-11.

Mmoa A Ɛma Yenya Boasetɔ

11, 12. Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ tete gyidi ho nhwɛso horow no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

11 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ tumi a ɛsɛ sɛ nhwɛso horow yi nya wɔ yɛn so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne [gyidi a wonni] a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”​—Hebrifo 12:1.

12 Paulo kyerɛwee bio sɛ: “Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso. Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no, na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya, anuonyam.” (Romafo 15:4-6) Enti ɛsɛ sɛ tete gyidi ho nhwɛso ahorow yi kanyan yɛn ma yɛtɔ kan bo ase, na yɛkɔ so wɔ yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu na yɛnam saa yɛ so de nnamyɛ ahyɛ Yehowa, yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya no anuonyam.

13. Dɛn na yenim a gyidifo a wɔtraa ase tete no annya hokwan anhu?

13 Susuw nneɛma a ɛhyɛ gyidi den a yenim a tete adiyifo a na wɔwɔ gyidi no antumi anhu no ho. Bere a wɔte ase no, na wɔn mu biara nnya nhuu nea ɔbɛyɛ Mesia no. Nanso yɛn de, ɛnyɛ nim nko na yenim no; yenim saa Onii, Yesu Kristo no awo, ne nkyerɛkyerɛ, ne wu ne ne wusɔre ho asɛm nso. Bio nso, yenim agyede, Ahenni no ne “aseni” a saa nnipa no de gyidi twɛnee no no ho asɛm nso. Nea ɛka ho no, yɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa​—efi Mateo kosi Adiyisɛm. Na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛte saa Adiyisɛm nhoma a ɛyɛ nwonwa no, ne emu nkɔmhyɛ ahorow a ɛhyɛ gyidi den a ɛrenya mmamu wɔ yɛn bere yi mu na ɛbɛkɔ so anya mmamu no ase. Ampa, yɛte bere a ɛyɛ anigye na ɛho hia mu​—bere a saa tetefo no de ahopere twɛnee no.

Adwuma A Wɔde Nnam Yɛ Ho Nhwɛso Horow

14, 15. So nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Ahenni no da so ara wɔ akyirikyiri no maa afeha a edi kan Kristofo no abasam tui? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Ná Yesu tete akyidifo nohɔ pere wɔn sɛ wobehu Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no. Wobisaa Yesu sɛ: “Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?” Asuafo no anhu saa bere no sɛ Ahenni no bɛyɛ ɔsoro de. Ná wɔbɛba abɛte ɛno ase akyiri yi wɔ Onyankopɔn honhom no tumi ase. Nanso Yesu ma wohui sɛ wɔwɔ adwuma kɛse a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ “[n’adansefo] Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:6-8) Ná saa adwuma no nyɛ nea ɛso dodo sɛ wɔbɛyɛ. Pentekoste da wɔ 33 Y.B. mu no, asuafo bɛyɛ 120 a honhom kronkron rekyerɛ wɔn kwan fii ase kaa asɛmpa no. Nnipa bɛyɛ 3,000 gyee asɛm no toom saa da no! Na wɔ bere tiaa mu no, ná Yudafo sɔfo panyin no betumi aka sɛ: “Hwɛ, mode mo kyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma.”​—Asomafo no Nnwuma 2:41; 5:28.

15 Ebetumi aba sɛ nnipa a na wɔwɔ Yerusalem saa bere no a wofi Europa, Asia ne Afrika mmeae ahorow no de asɛmpa no kɔɔ wɔn aman a wofi mu no mu. (Asomafo no Nnwuma 2:5-11) Ankyɛ, ná Paulo reka asɛm nnam so a ɔreboa ma wɔahyehyɛ Kristofo asafo ahorow wɔ Romafo mansin a wɔfrɛ no Asia no nyinaa mu ne wɔ Hela. Ɔtoaa so kɔɔ Roma ne ebia Spain nso. Petro kɔɔ mmeae afoforo, na oduu Babilon nso. Wɔ nea ɛboro mfirihyia 30 kakraa bi a Kristofo a wodi kan no ne nnipadɔm a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no de yɛɛ adwuma akyi no, na Paulo betumi aka sɛ asɛmpa no yɛ nea “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Hwɛ adwuma ara a wɔyɛe, de nnamyɛ tiee Yesu ahyɛde sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo no!​—Mateo 28:19, 20; Tito 2:13, 14.

Nhyehyɛe Bi Ba Awiei

16. Asɛm a ebesi bɛn na na tete Kristofo no rehwɛ kwan?

16 Nanso, na bere pɔtee bi wɔ hɔ a ɛho hia afeha a edi kan Kristofo no. Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.”​—Luka 21:20-22.

17, 18. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Kristofo no tiee Yesu asɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Luka 21:20-22 no? (b) Sɔhwɛ foforo bɛn na ebia wohyiae?

17 Ná bɛboro mfirihyia 30 atwam. Afei wɔ afe 66 Y.B mu no, Romafo dɔm bɛkaa Yerusalem hyeem. Bere a aka kakraa na wɔadi nkonim no, wɔsan wɔn akyi kɔe. Bere a Yudafo a na wosusuw sɛ wɔadi nkonim no ani agye no, wotiw Romafo no.a Nanso na dɛn na Kristofo no bɛyɛ? Eusebius a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anan no mfiase mu hɔ no bɔ amanneɛ sɛ “wɔn a na wogye Kristo di no guan fii Yerusalem” kɔɔ kurow bi a ɛwɔ Perea a wɔfrɛ no Pella mu.b

18 Bere kɔɔ so. Afe 66 twaam maa 67 bae. Afei afe 68 ne 69 nso betwaam. So mmere a etwaam no sɔɔ saa Kristofo no hwɛe? So nneɛma bɛyɛɛ nea akyɛ dodo maa ebinom? So na wɔadi mfomso? Yesu anka bere tenten a ɛsɛ sɛ wɔtwɛn. Nanso sɛ ebinom san baa Yerusalem a, ɛnde ɛyɛ nea wɔn werɛ bɛhow, efisɛ wɔ afe 70 mu no Romafo no san bae na wɔbɛfaa kurow no, kunkum emufo pii. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus se nnipa ɔpepem 1.1 wuwui, efisɛ na “nnipa ayɛ ma” wɔ Yerusalem a “wofi ɔman no mu nyinaa” aba Yerusalem rebedi Twam no.c

19. (a) Dɛn ne nsemmisa ankasa a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so bua nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ ɔsom kronn mu?

19 So ɛno ma wususuw tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no ho? Ɛnyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa ne: Bere bɛn na nhyehyɛe dedaw yi bɛba awiei? Ɛno bɛba wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu. Nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne nea yɛreyɛ. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: So masua Onyankopɔn Asɛm no yiye na mahyira me nkwa so ama no a ɛnkaa biribiara? So metra ase sɛnea saa ahosohyira no te ankasa? Ɛnyɛ faako a yɛadu wɔ mmerebu no mu na ɛsɛ sɛ ɛkã yɛn ma yɛde yɛn ho hyɛ ɔsom kronn mu. Te sɛ Habel, Abraham, Mose, Yesaia ne afoforo no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Yehowa na ɛkã yɛn ma yɛyɛ saa. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu som Yehowa a ɛmfa ho sɛ bere bɛn na awiei no bɛba. Nanso yɛwɔ biribi titiriw a ɛkanyan yɛn mprempren. Yɛadu mprempren nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no fã a etwa to mu. (2 Timoteo 3:1) Ɛsɛ sɛ saa nokwasɛm no ka yɛn ma yɛyɛ adwuma kɛse.

20. Sɛ wode nsɛm a asisi a woahu ne nea afeha a edi kan Kristofo hui no toto ho a, ɛte dɛn?

20 Kristofo no guan fii Yerusalem efisɛ na wɔahu Yesu “sɛnkyerɛnne” ahorow pii no sɛ abam ne afei nso bere a wohuu asɛm a ɛfa asraafo a wobetwa kurow no ho ahyia no mmamu no. Efi 1914 afe soronko no so no, yɛahu nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa awiei bere no ho mmamu. (Mateo, ti 24, 25; Adiyisɛm 6:1-8; 2 Timoteo 3:1-5) Saa nneɛma ahorow a wɔhyɛɛ ho nkɔm yi fii ase baa mu bɛyɛ mfirihyia 70 bi a atwam ni. Nanso Yesu kae sɛ ne nyinaa besisi wɔ awo ntotoaso biako mu. (Mateo 24:32-34) Ɛda adi sɛ yɛadu akyiri wɔ saa awo ntoatoaso no mu!

Nnamyɛ Wɔ Gyidi No Mu

21. Dɛn nti na Onyankopɔn som adwuma a wɔde nnam yɛ yɛ nea egye ntɛmpɛ?

21 Nkwagye adwuma yɛ nea mpɛn pii wɔyɛ no ahoɔhare so. Yɛn bere yi yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma kɛse, nea wɔde hyɛ ɔsom adwuma no mu den ne nea wɔde nya gyidi a ɛyɛ den na wɔyɛ nnam kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ da koro bɛyɛ yɛn da a etwa to wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu. Ebia yɛbɛtra ase atwa nhyehyɛe yi awiei no anaasɛ yɛn nkwa bedi kan aba awiei ansa. Nkwa ayɛ tiaa mprempren, etwam ntɛmntɛm. Obiara nnim sɛ ɔbɛtra ase ɔkyena. Bere tiaa bi na aka a yɛde bɛkyerɛ yɛn gyidi ne yɛn mudi mu a yekura ma Onyankopɔn. (Dwom 39:5; Ɔsɛnkafo 12:1; Luka 12:18-21) Enti ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ: So m’ani sɔ nea meyɛe nnɛ no?

22. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ akatua no ho?

22 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi akatua no. Fa w’ani to akatua no so. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” Paulo kyerɛwee sɛ “obiara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.” Ɔkae nso sɛ: “Boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.”​—Marko 13:13; 1 Korintofo 3:8; Hebrifo 10:36.

23, 24. Esiane afotu a ɛwɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ ha no mu no nti, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ wo gyidi ne Ahenni adwuma no ho?

23 Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Esiane sɛ nneɛma yi nyinaa bɛsɛe nti, nnipa bɛn na ɛsɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa ahofama nneyɛe mu, bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba no tra mo adwene mu yiye.” Wɔka kyerɛ yɛn bio sɛ: “Nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ [Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. . . . Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.”​—2 Petro 3:11, 12, New World Translation; 1 Tesalonikafo 5:1-6.

24 Enti, momma yenkura gyidi a ɛyɛ den mu na yɛnkɔ so nyɛ nnam wɔ Ahenni adwuma no mu a yɛn adwenem nyɛ yɛn naa koraa. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yɛne ɔsomafo no betumi aka sɛ: “Yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a, wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.”​—Hebrifo 10:39.

[Ase hɔ nsɛm]

a Josephus, Wars of the Jews, II, 19:5-7.

b Eusebius, Ecclesiastical History, III, 5:3.

c Josephus, Wars of the Jews, VI, 9:3, 4.

Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Wususuw Ho

◻ Ɔkwan bɛn so no Habel, Abraham, Mose ne Yeremia nhwɛso horow no hyɛ yɛn nkuran kɛse nnɛ?

◻ Nokwasɛm a na ɛyɛ sɛ Ahenni no nnya mmae no kãa afeha a edi kan Kristofo no dɛn?

◻ Sɔhwɛ bɛn na ebia tete Kristofo no hyiae bere a wɔaguan ofi Yerusalem no akyi?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn ahiasɛm titiriw nnɛ?

[Kratafa 16 mfoni]

Wɔannyae!

Habel

Abraham

Dawid

Yeremiah

Paulo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena