Onyankopɔn Bɛn Wo Dɛn?
Raphael a wadi mfirihyia abiɛsa no fii ne mpaebɔ ase wɔ ɔkwan tiawa yi so sɛ: “Yehowa, wo ho te dɛn?” Bere a yɛrentumi nnye ɔkwan a ɛte sɛɛ a ɔpanyin bɛfa so ntom no, ebia nokwaredi a abofra yi de yɛɛ saa no bɛyɛ yɛn sarew. Nokwasɛm no ne sɛ, ɛyɛ nea ɛda adi sɛ Raphael te nka sɛ ɔbɛn Onyankopɔn. Wɔ ne fam no, Onyankopɔn nyɛ tumi bi a aniwa nhu ara kwa. Ɔyɛ obi ankasa. So Onyankopɔn wɔ hɔ paara saa ma wo, ɔbɛn wo saa?
Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wogye Onyankopɔn di mmɔ mmɔden sɛ wobesua ne ho ade pii anaasɛ wɔbɛbɛn no! Wɔ ebinom fam no, ahantan mma wontumi mmɛn Onyankopɔn. Ɔhene Dawid kae sɛ Onyankopɔn ‘ani sa ahantanfo.’ (2 Samuel 22:28) Afoforo nso dwo dodo araa ma wonsusuw sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ. Nea ɛho hia sɛ ahantanfo no yɛ ne sɛ wɔbɛyɛ osetie te sɛ abofra. Yesu kae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:1-4) Na ebia wɔn a wodwo wɔ ɔkwan a ɛtra so so no benya mfaso kakra afi su a ɛte sɛ mmofra de a ɛmma Raphael ntwentwɛn ne nan ase koraa sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn anim no mu.
Nanso bere a su a ɛteɛ a wubenya yɛ nhyɛase pa no, pii ho hia, sɛ wobɛte nka sɛ wobɛn Onyankopɔn ampa a. Nea edi kan koraa no ɛsɛ sɛ wususuw ne ho. Sɛ wohwɛ Onyankopɔn adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no a so ɛka wo ma wususuw ne ho, so ɛma wuyi no ayɛ na woda no ase te sɛ nea odwontofo Dawid yɛe no? Obisae sɛ “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho?” (Dwom 8:3, 4) Anisɔ mu a wubefi agye bere de asusuw Onyankopɔn adebɔ ho no yɛ nea ɛbɛma ɔdɔ a ɛwɔ wo ne Onyankopɔn ntam no mu ayɛ den.
‘Bɛn Onyankopɔn’
Sɛ wɔde twebo abien to hɔ ma ɛbɛn ho kakra a, ahoɔden a ɛwɔ emu biara mu no ma ɛtwe bɛn ho. Ampa, dodow a wɔma ɛbɛn ho kɛse no, dodow no ara na ahoɔden a ɛma ɛtwe bɛn ho no ano yɛ den. Biribi a ɛte saa betumi aba wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu, efisɛ ɔsomafo Yakobo ka sɛ, “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn.—Yakobo 4:8.
Onyankopɔn ho ade a wubesua yɛ ɔkwan biako a wobɛfa so ‘abɛn’ no. (Yohane 17:3) Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm, Bible no sua so nkutoo na obi betumi abu ne din Yehowa no ne nokware a ɛfa n’atirimpɔw ahorow ma asase ho no, ne ne su horow te sɛ ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee ne tumi. (Dwom 83:18) Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso minim dedaw sɛ Onyankopɔn ne ade nyinaa so tumfoɔ, nea ɔteɛ na nyansa ne ɔdɔ ayɛ no ma.’ Nanso so ɛno kyerɛ sɛ wowɔ Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ? Ɛnkyerɛ saa ankasa.
Nsɛm ara kwa a woka fa Onyankopɔn ne ne su ahorow no ho betumi ayɛ nea ɛnkyerɛ hwee, titiriw sɛ ɛyɛ nea wuntumi mfa ntoto wo ankasa osuahu ho a. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na obi a ɔyɛ asotifo fi awo mu betumi ahu nea nnyigyei a “ano yɛ den” ne nea “ano yɛ mmerɛw” no kyerɛ? Ɔbɛyɛ dɛn atumi ahu nsonsonoe a ɛda akasanoma sũ ne aborɔnoma sũ ntam, sɛ onni ɔkwan biara a ɔbɛfa so ayɛ ntotoho ahu a? Saa ara na asɛm a ɛne sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ” no betumi ayɛ nokwasɛm a wonte ase. (1 Yohane 4:8) Nanso sɛ wobɛte Onyankopɔn dɔ no ase yiye wɔ adwene ne nkate mu a, na ɛsɛ sɛ obi susuw sɛnea wɔayi saa ɔdɔ no adi akyerɛ adesamma no ho. (Yohane 3:16) Ɛsɛ sɛ otumi de Onyankopɔn dɔ no toto n’ankasa osuahu nso ho. Odwontofo no kae sɛ, “Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye.” (Dwom 34:8) Bere a obi yɛ eyi no, ɔbɛte nka sɛ wabɛn Onyankopɔn.
Bere a abofra ketewa Larry rehwɛ n’agya bere bi no, ɔkae sɛɛ “Minim sɛ ɛsɛ sɛ medɔ Yehowa sen biribi foforo biara, nanso mɛyɛ dɛn atumi adɔ no kɛse sen wo? Mitumi hu wo na medɔ wo, nanso mintumi nhu Yehowa.” Agya no maa abofra no koma tɔɔ ne yam denam kyerɛ a ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ nkate a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛtaa ba mfiase no so. Na ɔmaa abofra no nyaa awerɛhyem sɛ bere a wasua nea Bible no ka fa Yehowa su ne ne nneyɛe horow a ɛyɛ nwonwa no ho na ɔno ankasa ahu ɔdɔ mu a Onyankopɔn fi hwɛ yɛn akyi no, ɔne Yehowa betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den kɛse sen nea ɔne afoforo nyinaa wɔ! (Mateo 22:37, 38) Saa ara na ebetumi aba wɔ yɛn mu biara a ogye bere sua Yehowa ho ade no fam.
Nea Onyankopɔn a “Wubehu” No No Kyerɛ
Mpɛn pii yɛde asɛmfua “nim” di dwuma de kyerɛ obi a yehuu no bere tiaa bi anaa kae a yɛkae no ara kwa. Ebia yɛka sɛ, ‘Sɛ memmoa a, anka mɛka sɛ minim no.’ Ebia yɛbɛka eyi, sɛ ɛyɛ nea yɛn ani twaa onipa no so wɔ baabi anaasɛ wode no kyiaa yɛn bere tiaa bi mu mpo a.
Ɔsomafo Yohane boa yɛn ma yehu sɛ Onyankopɔn a “wubehu” no no kyerɛ pii sen Ne ho asɛm a wobɛte wɔ bere tiaa bi mu.
Susuw nsɛm ahorow a wɔaka wɔ Yohane krataa a edi kan a efi Onyankopɔn home mu no ho. Bere a wɔatwa no tiaa no, ne fã bi ka sɛ: Sɛ́ wubehu Onyankopɔn ne sɛ wobɛdɔ Onyankopɔn. Sɛ́ wubehu Onyankopɔn na woadɔ no ne sɛ wubedi n’ahyɛde so. Ɛkyerɛ gyae a wubegyae sum mu nantew na wode nokware no ayɛ adwuma. Ɛkyerɛ di a wubedi Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom no akwankyerɛ akyi na wode wo ho afam nokware no ho. Esiane sɛ yenim Onyankopɔn nti, yensuro sɛ yɛbɛkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu a yegye di sɛ otie yɛn na bere a ɔrebua no, ɔma yɛn nneɛma a yebehia na yɛde ayɛ n’apɛde nyinaa.—1 Yohane 1:5-7; 2:3, 4, 13, 14; 3:19-24; 4:6-8, 13; 5:3, 14, 15.
Ɛnde ɛda adi sɛ Onyankopɔn a wobehu no no nyɛ biribi a wɔyɛ no bi-ne-bi. Egye mmɔdenbɔ kɛse na wɔabehu Yehowa Nyankopɔn na wɔne no anya abusuabɔ a emu yɛ den mu anigye. Ampa, pii ho hia sen nyamesom mu guasodeyɔ bi ara kwa a wɔbɛyɛ. Saa ara na Onyankopɔn a wubehu no no nyɛ mpofirim nkate bi a obi nya te sɛ nea “awo foforo Kristofo” pii kyerɛ sɛ wonya no. Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.” (Dwom 25:4, 5) Enti, Onyankopɔn a “wobehu” no no yɛ obi asetra nyinaa kwan!
Bio nso, bere a odwontofo no atu yɛn fo akyi no, ose: “Monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye. Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoe, na tiw no.” (Dwom 34:8, 14) Wɔ tebea horow bi mu no, adeyɛ a emu yɛ den ho hia na ama ‘wɔayi bɔne ho akwa.’
Sɛ nhwɛso no, Mari a na ɔka kuw bi a wɔn bra asɛe ho wɔ 1960 mfe no mu bɛyɛɛ obi a ɔnom nnubɔne kɛse. Nea eyi de bae ne korɔnbɔ, abrabɔ bɔne, nyinsɛn a woyi gu—ne aguamammɔ a ɔde yɛɛ n’adwuma ankasa mpo. Ankyɛ na ɔne Yehowa Adansefo hyiae na ofii ase huu hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow, sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛn Onyankopɔn a. “Migyaee sigaret nnaka abien anaa abiɛsa a menom da biara no ne nnubɔne ahorow nyinaa, na mekae wɔ me komam sɛ medi Yehowa ahyɛde a ɛfa aguamammɔ ho no akyi. Metow me nhoma ahorow a ɛfa adaeso, nsoromma-mu-hwɛ ne ahonhonsɛmdi ho no gui, na mesɛee m’abosonsom ahoni, kyɛnerɛ ne mfonini ahorow no nyinaa.” Awiei koraa no, ohyiraa ne ho so maa Onyankopɔn, na ɔda so ara som no besi nnɛ.
Nanso so wobɛbɔ mmɔden sɛnea ɛho hia na ama woabehu Onyankopɔn? Ebia ɛwom sɛ w’abrabɔ nyɛ nea asɛe te sɛ Mari de no de, nanso ebia ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae ankasa. Nanso wubetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn nni wɔn a wɔde nokwaredi ne ahobrɛase hwehwɛ no wɔ ahopere mu te sɛ abofra, sɛ wobesua n’apɛde na wɔayɛ, no huammɔ
[Kratafa 4 mfoni]
Ɔpɛ a nnipa pii wɔ sɛ wobehu Onyankopɔn rema wɔayɛ nsakrae a emu yɛ den wɔ wɔn asetra mu