Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Nkrasɛm Ahorow A Efi Soro
Bible mũ na nyinaa yɛ nkrasɛm a efi soro a yɛn soro Agya no de ama ama yɛn afotu. Nanso, ɔbɔfo bi a ‘ogyina Onyankopɔn anim’ bɛkaa nkrasɛm atitiriw abien bi bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni. Ne din de Gabriel. Ma yɛnhwehwɛ asase so nsrahwɛ atitiriw abien yi ho nsɛm mu.
Afe no ne 3 A.Y.B. mu. Wɔ Yudea mmepɔw so, wɔ baabi a ebia ɛbɛn Yerusalem, na Yehowa sɔfo a ne din de Sakaria no te. Ná wabɔ akora, na na ne yere nso abɔ aberewa. Ná wonni mma. Na adu Sakaria so sɛ ɔbɛkɔ akɔsom wɔ Onyankopɔn asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem. Mpofirim ara Gabriel yii ne ho adi wɔ aduhuam afɔremuka no nkyɛn.
Ehu kɛse kaa Sakaria. Nanso Gabriel maa ne koma tɔɔ ne yam na ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn atie wo mpaebɔ. Elisabet bɛwɔ ɔbabanin na ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane. Ɔno na ɔbɛma wɔanya nnipa a wɔasiesie wɔn ho retwɛn Yehowa.’ Nanso Sakaria annye anni. Ná ɛte sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔ wɔn mfe a wɔadi no mu no ɔne Elisabet betumi awo ba. Enti Gabriel kae sɛ, ‘Esiane sɛ woannye anni nti, worentumi nkasa de bɛkɔ akosi sɛ asɛm yi bɛbam.’
Nanso wɔ saa bere yi mu no, na nnipa a wɔwɔ akyiri no resusuw nea enti a Sakaria akyɛ wɔ asɔrefi hɔ no ho. Awiei koraa bere a ɔbae no, na ontumi nkasa na mmom ne nsa ara kwa na ɔde yɛ sɛnkyerɛnne, na wohui sɛ wahu biribi wɔ hɔ. Bere a Sakaria wiee n’adwuma wɔ asɔrefi hɔ no, ɔsan baa fie. Na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɛbaa mu saa ampa—Elisabet nyinsɛnee! Bere a Elisabet retwɛn sɛ ɔbɛwo ne ba no, ɔde ne ho siei asram anum.
Hwɛ! Gabriel yi ne ho adi bio. Na ɔkasa kyerɛ hena? Ɛyɛ ɔbaabun a wɔfrɛ no Maria a ofi Nasaret kurom no. Nkrasɛm bɛn na ɔde rema afei? Tie! Gabriel se, ‘Wubenyinsɛn na woawo ɔbabanin na ɛsɛ sɛ wɔto no din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔhenkɛse na n’ahenni to rentwa da.’
Yebetumi agye adi sɛ Gabriel tee nka sɛ ɛyɛ hokwan a wanya sɛ ɔbɛba abɛka nkrasɛm ahorow yi. Na bere a yɛkenkan Yohane ne Yesu ho nsɛm pii wɔ nsɛmma nhoma yi ahorow a ɛbɛba akyiri yi mu no, yebehu nea enti a nkrasɛm ahorow a efi soro yi ho hia saa no kɛse. 2 Timoteo 3:16; Luka 1:5-33.
◆ Nkrasɛm atitiriw abien bɛn na wofi soro bɛkae?
◆ Hena na ɔbɛkaa nkrasɛm no, na ɔka kyerɛɛ henanom?
◆ Dɛn nti na na ɛyɛ den sɛ wobegye nkrasɛm ahorow no adi?