Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 11/1 kr. 20-25
  • Adamfofa A Eye Sen Biara Kɔ So Wɔ Wiase A Enni Adamfofa Su Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adamfofa A Eye Sen Biara Kɔ So Wɔ Wiase A Enni Adamfofa Su Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gye A Wogye Obi Ba Adamfofa A Eye Sen Biara No Mu
  • Din Foforo A Efi Adamfo A Oye Sen Biara No Nkyɛn
  • Adamfofa a Eye Sen Biara Wɔ Amansan Nyinaa Mu No A Yebenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • “Mafrɛ Mo Nnamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • “Moyɛ Me Nnamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Yehowa​—Ɔyɛ Ɔmannifo Anaasɛ Adamfo Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 11/1 kr. 20-25

Adamfofa A Eye Sen Biara Kɔ So Wɔ Wiase A Enni Adamfofa Su Mu

“Momfa ahonyade a ɛnteɛ no so mfa nnamfo, na sɛ eyi gu a, wɔagye mo akɔ daa atrae no mu.”​—LUKA 16:9, New World Translation.

1. Dɛn nti na na Mmebusɛm 14:20 nyɛ nea ɛfa Yesu Kristo ho bere a ɔwɔ asase so no?

OHIANI de, ne yɔnko po tan no, na ɔdefo adɔfo [“nnamfo,” NW] dɔɔso.” (Mmebusɛm 14:20) Ɔhene Salomo a na ɔwɔ Israel bɛ yi anyɛ nea ɛfa onipa a na ɔyɛ kɛse sen biara wɔ asase so, Yesu Kristo, nea ɔsen Salomo no ho. Yesu antwetwe Israelfo no amma ne nkyɛn ma wɔne no abenya abusuabɔ a emu yɛ den denam honam fam ahonyade so; na saa ara na wammu asase so ahonyade sɛ nea wogyina so nya nokware adamfofa a ɛkɔ so daa.

2. Henanom na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmfa wɔn nnamfo no, na dɛn ntia?

2 Ɛyɛ nokware sɛ Yesu kae bere bi sɛ: “Momfa ahonyade a ɛnteɛ no so mfa nnamfo, na sɛ eyi gu a, wɔagye mo akɔ daa atrae no mu.” (Luka 16:9, NW) Nanso na “nnamfo” a wɔwɔ Yesu adwene mu ne Yehowa Nyankopɔn, ahonyade a ɛfata nyinaa fibea no, ne ɔno ankasa, sɛ́ Agya a n’ahonyade nni ano no Ba no. Sɛ yedi saa afotu koro no ara akyi nnɛ a, wɔde yɛn ba adamfofa a eye sen biara a wobetumi anya wɔ asase so a ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn de denam ne Ba a ɔde ne ho bɔɔ afɔre, Yesu Kristo so no.

3. “Atrae” bɛn na ɔsoro nnamfo yi betumi agye yɛn akɔ mu?

3 Esiane sɛ wonwu da nti, saa ɔsorofo yi betumi akɔ so ayɛ yɛn nnamfo a wɔyɛ den na wobetumi agye yɛn akɔ “daa atrae no mu.” Ɛno te saa, sɛ́ ɛyɛ nea saa “daa atrae no mu” bɛyɛ ɔsoro, faako a abɔfo kronkron no nyinaa wɔ no anaasɛ asase so ha wɔ Paradise a wɔbɛsan de aba no so.​—Luka 23:43.

Gye A Wogye Obi Ba Adamfofa A Eye Sen Biara No Mu

4. (a) Bible mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia Onyankopɔn adamfofa yɛ nea wobetumi atɔ? (b) Ɔkwan pa bɛn so na yebetumi afa de yɛn ahonyade adi dwuma?

4 Adamfofa a wɔne Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ne ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, nya no nyɛ nea wobetumi de sika atɔ. Wosii nokwasɛm yi so dua wɔ Anania ne Safira asɛm no mu wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu. Bere a yɛnhwehwɛ anuonyam ne din te sɛ nea wɔyɛe no, yebetumi de yɛn asase so ahonyade adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ani so. (Asomafo no Nnwuma 5:1-11) Eyi ne nea na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Momfa wiase ahonyade nni dwuma nya nnamfo mma mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a bere a eyi kɔ no, wobegye mo aba daa atrae mu” no.​—Luka 16:9, New International Version.

5. Ɔkwan bɛn na Sakeo faa so, na dɛn na efii mu bae?

5 Bere a Yesu kaa saa asɛm no na ɛnyɛ nea ɔde repɛ towgyefo a na wɔwɔ Roma Ahemman no mu ne abɔnefo afoforo no anim dom. Ná ɛnyɛ nea n’ani gye ho sɛ obenya ahonyade bi wɔ asase so, efisɛ na waka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnhyehyɛ wɔn ademude wɔ ɔsoro. Sakeo a na ɔyɛ Yudani towgyefo ma Roma nniso no sii gyinae sɛ obetie Mesia Yesu afotu yi na ɔdaa ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛyɛ saa no adi kyerɛe. Esiane ade a ɔyɛ de boaa Ahenni nneɛma nti, Sakeo ɔhɔho titiriw no kae sɛ: “Ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba. Na onipa ba no bae sɛ ɔbɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.” (Luka 19:1-10) Ná towgyeni Sakeo ankasa ka “nea ayera” no ho.

6. Dɛn mu na wogyee Sakeo bae, nanso henanom kwammɔne na ɛyɛ kɔkɔbɔ?

6 Wogyee Sakeo baa adamfofa a eye sen biara wɔ amansan nyinaa mu, nea ɛfa ɔhɔho titiriw a na wagye no saa bere no mu no Nyankopɔn ne n’Agya no ho no mu. Sɛ́ ɛyɛ nea Sakeo huu Yesu wɔ ne wusɔre no akyi, ne sɛ ɔka asuafo bɛyɛ 120 a na wɔahyiam wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem wɔ da titiriw a ɛyɛ Pentekoste 33 Y.B. mu no ho no yɛ nea wɔnka ho asɛm wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na Sakeo ka asuafo 5,000 a na wɔde honhom awo wɔn a wɔasra wɔn a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ ɛno akyi bere tiaa no ho. (Asomafo no Nnwuma, atiri 2 ne 4; 1 Korintofo 15:1-6) Nanso hwɛ sɛnea na Anania ne Safira a yɛadi kan abɔ wɔn din no yɛ soronko! Saa nnipa baanu a na wɔwɔ Yerusalem asafo no mu no bɔɔ mmɔden sɛ wobegye din kɛse wɔ asuafo no mu denam atoro a wodii wɔ sika a na wɔde reyi ntoboa ho no so. Asotwe a wonyae wɔ atoro a wodii no ho no ma wɔhweree adamfofa a eye sen biara no, na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma Kristofo nyinaa nnɛ.​—Asomafo no Nnwuma 4:34-5:11.

7. Ɛmfa ho sɛ wiase yi nni adamfofa su no, ade a ɛho yɛ nã bɛn na Yehowa Adansefo nya mu anigye?

7 Wɔ adamfofa su a afeha a ɛto so 20 wiase yi nni nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo kɔ so nya adamfofa a eye sen biara wɔ asetra nyinaa mn no mu anigye. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wonya biribi a ɛho yɛ nã yi mu anigye bere a nyamesom nhyehyɛe ahorow bɛboro apem no nyɛ saa no? Adanse no kyerɛ sɛ eyi te saa efisɛ Yehowa Adansefo no yɛ biribi titiriw a nyamesomfo a wɔwɔ Kristoman mu nyɛɛ bi. Ade biako ne sɛ, Adansefo no ayi wɔn ho afi atoro nyamesom nhyehyɛe ahorow no mu, efisɛ wohu sɛ eyi na ɛka bom yɛ wiase atoro som ahemman a wɔfrɛ no Babilon Kɛse wɔ Bible mu no. Ɛwom, atoro nyamesom bi a obi befi mu no nkyerɛ sɛ ɛno bɛma waba Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ ɔkwan biara so, efisɛ onipa no betumi de ne ho akɔbɔ nyamesom nhyehyɛe foforo bi a ɛwɔ wiase atoro som ahemman no mu ho.

8. Henanom na wɔde ahyɛde a ese womfi Babilon Kɛse no mu no ma tẽe nnɛ?

8 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔsoro ahyɛde a wɔde ma sɛ womfi Babilon Kɛse no mu no yɛ nea wɔka kyerɛ “me man.” (Adiyisɛm 18:4) Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, saa ɔsoro frɛ yi te sɛ ahyɛde a Onyankopɔn de maa Israelfo a na wɔwɔ nnomumfa mu wɔ Babilon asase so no. (Yesaia 52:11) Enti, asɛntitiriw a ɛne “me man” no fa Yesu Kristo asuafo a wɔasra wɔn a wɔde honhom awo wɔn no nkaefo a wɔda so wɔ asase so no ho tẽe. Wɔ 1914-18 Wiase Ko I no mu no, na Babilon Kɛse no afa wɔn a wɔasra wɔn yi nnomum denam wiase yi mu amansɛmdifo, asraafo ne atemmufo no so sɛnea ɛbɛyɛ a honhom mu nkaefo yi rentumi nyɛ hwee. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, nkaefo no baa nnomumfa tebea mu a wonni ahofadi biara wɔ Yehowa som mu.

9. Ná ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo fi Babilon Kɛse no mu kodu he?

9 Wɔ Adiyisɛm ti 17 no, wɔyɛ Babilon Kɛse no ho mfonini sɛ aguaman a ɔte aboa bi a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so. Saa sɛnkyerɛnne kwan so aboa a ɔkɔ ebun no mu na ɔsan ba bio no yɛ nnɛyi ahyehyɛde ma wiase asomdwoe a wɔfrɛ no Amanaman Nkabom a ebesii Amanaman Apam a ɛkɔɔ ebun mu bere a Wiase Ko II pae gui no ananmu no ho mfonini. Enti bere a Yehowa nkurɔfo a ɔfrɛ wɔn sɛ “me man” no tiee ne frɛ a, ese womfi Babilon Kɛse no mu no, dɛn na wɔyɛe? Ɛnyɛ saa wiase atoro som ahemman no nkɛntɛnso ne ne tumi ase nko na wofii na mmom wofii n’ahokafo a wɔyɛ amansɛmdifo a wɔaka abom wɔ Amanaman Nkabom no mu mprempren no nso nkɛntɛnso ase.

10. Amanaman ntam ahyehyɛde bɛn na Yehowa Adansefo ne no nni hwee yɛ nnɛ, dɛn nti na ɛte saa?

10 Nkaefo a wɔasra wɔn no apaw sɛ wobekura afã biara a wonni wɔ nneɛma nhyehyɛe yi amammui ne sraadi ho nsɛm mu no mu pintinn. (Yohane 15:19) Wogyina pintinn ma Onyankopɔn Ahenni denam Yɛsu Kristo so a wɔde sii hɔ wɔ soro wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no. Wɔ Ahenni no animtiaabu mu no, wɔde Amanaman Apam no sii hɔ na Babilon Kɛse no gye toom wɔ Wiase Ko I awiei wɔ 1918 mu. Enti, amanaman ntam ahyehyɛde a onipa de asi hɔ yi yɛ atantanne, akyide ma Yehowa Nyankopɔn ne afei nso honhom mu Israelfo nkaefo anokwafo a wɔwɔ asase so no. Wɔde wɔn ani to Yehowa Ahenni no ankasa so na ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔde asi ananmu wɔ asase so biara so. (Mateo 24:15, 16) Saa ara nso na nnɛyi “nnipakuw kɛse” a wɔde asɔfokwaa ne “Salomo nkoa mma” yɛɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne no yɛ.​—Adiyisɛm 7:9-17; Esra 2:48-58.

11. (a) Dɛn nti na ɛyɛ mfomso ma Yɛsu asuafo sɛ wɔbɛyɛ wiase yi nnamfo? (b) Su bɛn na wiase yi da no adi wɔ Yehowa adansefo ho, nanso wɔkɔ so nya dɛn mu anigye?

11 Bere a na wɔredi Yesu asɛm a ɛfa ne nkwa ho wɔ Roma amrado Pontio Pilato anim no, ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:36) Enti ɛbɛyɛ mfomso koraa sɛ Yesu ‘asomfo,’ anaa asuafo no bɛyɛ wiase yi nnamfo. Ansa na eyi reba no na Yesu aka akyerɛ ‘n’asomfo’ a wodi kan, asomafo anokwafo 11 no sɛ, “womfi wiase” a Satan Ɔbonsam ne ne “sodifo no.” (Yohane 14:30; 15:19; fa toto 2 Korintofo 4:4 ho.) Eyi nti na wiase no tan wɔn anaasɛ anyi adamfofa su adi ankyerɛ wɔn no. Saa ara na Yesu asuafo a wɔwɔ afeha a ɛto so 20 yi mu hu sɛ wɔwɔ wiase bi a enni adamfofa su mu. Wɔ eyi nyinaa akyi no, wɔkɔ so ara nya adamfofa a eye sen biara wɔ amansan nyinaa mu, nea ɛyɛ trenee wiase a ɛbɛba a “ɔsoro foforo ne asase foforo” ka ho no Nyankopɔn no de no mu anigye.​—2 Petro 3:13.

12. Sɛ obi fi Babilon Kɛse no mu na ɔtwe ne ho fi ne wiase no mu mpenafo no ho a, dɛn nkutoo afã na ɛsɛ sɛ obegyina, na dɛn na eyi kyerɛ?

12 Sɛ obi fi Babilon Kɛse no mu na ɔtwe ne ho fi ne wiase ayɔnkofo, Adwuma Akɛse ne Amammuisɛm ne Sraadisɛm no ho a, beae biako pɛ na ɛwɔ hɔ a obetumi akɔ. Ɛno ne Onyankopɔn teasefo ne ɔnokwafo koro, Yehowa no amansan ahyehyɛde no afã a ɔbɛba. Obi rentumi nnyina n’abien no ntam. Eyi hwehwɛ sɛ wɔbɛkɔ so agyina wiase nitan no ano, biribi a ɛma ɛyɛ den kɛse ma obi sɛ obesi gyinae sɛ obegyaw Babilon Kɛse ne wiase a ɛyɛ ne fã titiriw no.

Din Foforo A Efi Adamfo A Oye Sen Biara No Nkyɛn

13. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, dɛn na wɔnam akwankyerɛ so frɛɛ Yesu asuafo no?

13 Yɛne Onyankopɔn ntam adamfofa a yɛn ani gye ho no ma ɛyɛ yɛn anigye sɛ wɔbɛfrɛ yɛn Yehowa Adansefo. Ampa, Kristo asuafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no amfa edin “Yehowa Adansefo” no anto wɔn ho so. Nanso yɛsrɛ wo susuw wɔne adamfo a oye sen biara no ntam abusuabɔ no ho. Asomafo no Nnwuma 11:26 (NW) bɔ amanneɛ sɛ: “Antiokia [Siria] na wodii kan nam ɔsoro akwankyerɛ so frɛɛ asuafo no Kristofo.” Wubehu sɛ New World Translation of the Holy Scriptures no ka sɛ ‘wɔnam ɔsoro akwankyerɛ so frɛɛ wɔn Kristofo.’ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “nam ɔsoro akwankyerɛ so frɛɛ” no kyerɛ biribi a ɛsen edin bi a wɔde frɛɛ wɔn ara kwa. Adamfo a oye sen biara wɔ amansan yi mu no penee saa din “Kristofo” no so.

14. Dɛn na wobetumi aka wɔ din “Kristoman” no ho, na nsemmisa bɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

14 Asɛm “Kristoni” no mu na edin Kristoman a wɔde frɛ nnipa a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo a wɔn asɔre ne akuw ahorow no nyinaa ka ho no fi bae. Enti edin “Kristoman” no nyɛ nea ‘wɔnam ɔsoro akwankyerɛ so’ de ama, na saa ara na ɛnyɛ nea wɔnam asomafo no anaa ‘akwankyerɛ’ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ te no de ama. Enti tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko koraa wɔ nea na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no ho. Nokware Kristofo nkutoo na wobetumi anya adamfofa a eye sen biara mu anigye wɔ wiase a enni adamfofa su yi mu. Enti asemmisa kɛse a ɛwɔ hɔ nnɛ ne sɛ, Henanom ne nokware Kristofo ankasa a wɔyɛ ade ma ɛne Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu hyia no? Asemmisa titiriw foforo ne, So Yehowa Adansefo yɛ nokware Kristofo a wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo sɛ wɔn nnamfo? Ɛdefa eyi ho no, Nyankopɔn din a n’ankasa apaw, Yehowa, no ho aba asɛm.

15. Esiane tebea horow bɛn nti na bere adu sɛ Yehowa da ne din adi, na kyɛfa bɛn na ‘ɔman ma ne din’ no renya wɔ eyi yɛ mu mprempren?

15 Ɔkwan bɛn so na Kristoman ne n’asɔre ahorow pii no betumi ne Yehowa anya adamfofa? Kristoman de Yesu Kristo din abedi kan akodu baabi a ɛkame ayɛ sɛ wɔayi ne soro Agya, Yehowa, no din afi mu. Nanso, nea ɛne Bible nkɔmhyɛ ahorow hyia no, bere adu sɛ Yehowa bɛda ne din adi. Enti, ɛsɛ sɛ ne din yɛ nea edi kan. Wɔ eyi mu no, ne nokware adansefo, nnipa a wɔapaw wɔn, wɔn a wonya n’adamfofa mu anigye no na ɔde wɔn bedi dwuma. Wɔ afeha a edi kan no mu nhyiam titiriw bi a asomafo ne Yesu Kristo akyidifo atitiriw afoforo yɛe ase no, osuani Yakobo kae sɛ: “Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwehwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.”​—Asomafo no Nnwuma 15:14.

16, 17. Dɛn na wɔayɛ wɔ Onyankopɔn din no ho wɔ Kristoman Bible nkyerɛase ahorow mu, nanso dɛn na ɛyɛ nokware wɔ New World Translation no ho wɔ eyi mu?

16 Ɛyɛ nea wɔbɛhwɛ kwan sɛ ‘ɔman ma Onyankopɔn din’ no bɛyɛ ne nnamfo na wɔbɛma din kronkron no so. Nanso dɛn na akɔ so wɔ Kristoman mu? Wɔ ne Bible nkyerɛase atitiriw no mu no, wɔde abodin akata Yehowa din no so. Ne din no pue mpɛn anan pɛ wɔ nnɛyi Engiresi nkyerɛase a agye din sen biara no mu! (Exodus 6:3; Dwom 83:18; Yesaia 12:2; 26:4, King James Version) Bio nso, wɔ Yudafo nkyerɛase ahorow a ɛfa Hebri Kyerɛwnsɛm no ho mu mpo no, wɔda Onyankopɔn din no adi sɛ “Awurade no.” Mmɔden a ɛte sɛɛ a wɔbɔ sɛ wɔbɛkata Yehowa din so yi nyɛ ne nnamfo adwuma.

17 Nanso wɔ 1950 mu no, woyii New World Translation of the Holy Scriptures no adi, na asan ada din kronkron no adi wɔ baabiara a epue wɔ mfitiase Hebri Bible no mu no. New World Translation no asan de din kronkron no ahyɛ n’afã horow a ɛfata nso wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, nea wɔfrɛ no Apam Foforo no​—yiw, mpɛn 237. Eyi yɛ Yehowa nnamfo adwuma.

18. Sɛnea Yesaia 62:2 kyerɛ no nti, dɛn na Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ 1931 mu, na asɛyɛde bɛn na wɔredi ho dwuma?

18 Nea Yehowa nnamfo ani gye ho ne asɛm a ɛwɔ Yesaia 62:2 no. Saa asɛm yi a wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no mufo a wɔyɛ Mesia no asuafo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔde honhom awo wɔn no kenkan sɛ: “Na amanaman behu wo trenee, na ahene nyinaa ahu w’anuonyam, na wɔate wo din foforo a [Yehowa] ano bɛkyerɛ no.” Saa “din” no kyerɛ tebea a nhyira wom a wɔaboaboa nnɛyi asuafo a wɔasra wɔn yi ano wom no. Bio nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ ‘ɔman ma Onyankopɔn din’ no, ɛsɛ sɛ n’ahyehyɛde a aniwa hu no mufo a wɔaka no ma wɔde ne din frɛ wɔn, ɛsɛ sɛ wɔde saa din no to wɔn so. Wohuu nokwasɛm yi wɔ bere a ɛsɛ mu. Enti, sɛnea Yesaia 62:2 kyerɛ no, Onyankopɔn ahyehyɛde a wɔde honhom awo no no mufo hyiae wɔ nhyiam bi ase wɔ Columbus, Ohio, wɔ 1931 mu, na wɔde anigye gyee edin “Yehowa Adansefo” no toom. Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so asafo ahorow no nyinaa dii saa nhwɛso no akyi na wogyee saa din no toom. Na saa din no akɔ so agyina hɔ a nsɛm a ɛbɔ eyi abira a wiase no ka faa ho no mfa ho. Wɔ Adiyisɛm 3:14 no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no frɛ ne ho “ɔdansefo a ɛsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo.” Ɛnde, sɛnea ɛfata no, efi saa 1931 afe titiriw no so reba no, n’asuafo asafo ahorow a ɛwɔ asase so no agye saa din no atom wɔ n’akwankyerɛ ase. Efi saa bere no reba no, wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn asɛyɛde ho dwuma a ɛne sɛ wɔbɛtra ase sɛnea saa din no te na wɔada no adi. Enti, Yehowa din​—wɔn adamfo a oye sen biara no din a ɛso bi nni​—no yɛ nea wɔama ada adi wɔ asase nyinaa so. Na Yehowa de adanse a ɛda adi ama a ɛkyerɛ sɛ n’adamfofa su wɔ n’adansefo no ho no ayɛ nea akɔ so de abesi akyiri yi bere yi mu.

19. (a) Dɛn nti na Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so no nsuro nitan su a wiase yi wɔ no, na hokwan bɛn na mudi mu kurafo benya wɔ Harmagedon? (b) Ɛsɛ sɛ yɛde aseda ne ayeyi nyinaa ma Yehowa wɔ dɛn ho?

19 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ yɛn afã sɛ n’adansefo a yɛahyira yɛn ho so nti, hena na obetumi asɔre atia yɛn na wadi nkonim ankasa? (Romafo 8:31-34) Enti yensuro ɔtamfo wiase yi ɔtan no. Esiane eyi nti, yɛkɔ so sɛ Mesia Ahenni no ho ahemmɔfo anaasɛ asomafo na yɛfrɛ nnipa a wɔte sɛ nguanten no sɛ wɔmma wɔnka wɔn mmɔ Yehowa Nyankopɔn ho denam ne Sɔfo Panyin a ɔyɛ ɔhene, Yesu Kristo so. (2 Korintofo 5:20) Ɛwom sɛ esiane eyi nti wiase yi nitan no mu kɔ so yɛ den tia nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo “nnipakuw kɛse” no de, nanso adamfofa a eye sen biara wɔ amansan nyinaa mu, nea ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn de, no kɔ so ara wɔ nokwaredi mu. (Adiyisɛm 7:9) Sɛ́ nnipa a yekura yɛn mudi mu ma no no, ɛnyɛ nea wobetumi asɛe no da. Nokwarem no, ɛrenkyɛ, wɔ bere a ebi mmae da mu no wɔbɛda saa adamfofa no adi wɔ ɔko nyinaa mu ko, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛhɔ, bere a obehyia Satan Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm ne n’asase so ahyehyɛde a aniwa hu no nyinaa no, Yehowa bɛtew n’amansan tumidi no ho denam ne nkonimdi kɛse a ɛsen biara wɔ bere nyinaa mu no so. Afei wɔbɛkora yɛn a Yehowa adamfofa a eye sen biara no akɔ so wɔ yɛn ho abesi mprempren no so na yɛanya hokwan a anuonyam wom a ɛne yɛn ani a yɛde behu ne nkonimdi a ɛsen biara denam Ɔhene Yesu Kristo nkonimdifo no so no. (Dwom 110:1, 2; Yesaia 66:23, 24) Yɛde aseda ne ayeyi a efi yɛn komam nyinaa ma Yehowa Nyankopɔn wɔ n’ayɔnkofa a akɔ so bere nyinaa no ho!​—Dwom 136:1-26.

Wubebua Dɛn?

◻ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmfa henanom nnamfo, na “atrae” bɛn na wobetumi agye wɔn akɔ mu?

◻ Su bɛn na wiase no wɔ wɔ Yehowa Adansefo ho, nanso adamfofa bɛn na wɔkɔ so nya mu anigye?

◻ Nnipa a wɔyɛ ‘ɔman ma Onyankopɔn din’ no redi asɛyɛde a ɛfa ne din ho bɛn ho dwuma?

◻ Dɛn nti na Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so nsuro nitan su a wiase yi wɔ no?

[Kratafa 22 mfoni]

Wogyee Sakeo baa adamfofa a eye sen biara wɔ amansan nyinaa mu no mu. So aba saa wɔ wo fam?

[Kratafa 24 mfoni]

Esiane sɛ wɔn ani gye sɛ Onyankopɔn bɛyɛ wɔn Adamfo a oye sen biara nti, Yehowa Adansefo bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛma wɔahu wɔn denam ne din a ɛso bi nni no so wɔ 1931 mu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Na sɛnea ɔsoro foforo ne asase foforo a mɛyɛ no begyina m’anim no, [Yehowa] asɛm ni, saa ara na mo asefo ne mo din begyina. Na ɛbɛba sɛ ɔsram foforo daa ne homeda no ɔhonam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, [Yehowa] na ose. Na wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔatõ me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔn ho bepurow ɔhonam nyinaa.”​—Yesaia 66:22-24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena