Nyamesom Ne Ammamuisɛm—So Wɔnam Ɔkwan A Ɛbɛma Wɔapem Mu So?
ADWENE a ɛne amammui ne nyamesom tumi a wɔde bɛbom wɔ onipa biako ase no nyɛ nea Henry VIII na ofii ase. Wɔ ne bere so no na ɛyɛ amammui adwene a wɔasɔ ahwɛ a wɔde rebɛma ɔman biakoyɛ aba dedaw.
Sɛ nhwɛso no, na tete Misraim ahemman no wɔ anyame pii. The New Bible Dictionary ka sɛ, “Ná Farao ankasa yɛ anyame no mu biako ne onipa titiriw wɔ ne manfo asetra mu.” Ná Roma Ahemman no nso wɔ anyame ahorow pii a wɔn ahempɔn no ka ho. Abakɔsɛm kyerɛwfo biako kaa ahempɔnsom ho asɛm sɛ “tumi a ɛho hia titiriw wɔ Roma wiase no som mu.”
Nanso wɔ nokware a ɛyɛ sɛ Asɔre ne Ɔman nkabom ayɛ nea ɛwɔ hɔ mfehaha pii mu akyi no, Kristoman ho a ɛde hyehyɛ amammuisɛm mu nnɛ no ama wafa ɔkwan a ɛbɛma ɔne wɔn a ɔpɛ sɛ onya wɔn anim dom no apem mu so. Dɛn ntia? Sɛ yebebua asemmisa yi a, ma yɛnhwɛ sɛnea Kristoman de ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu no ansa.
Nokware Kristosom—Abirabɔ
Yesu Kristo a ɔde Kristosom sii hɔ no pow amammui tumidi nyinaa. Bere bi a n’anwonwade a ɔyɛe ama nnipa no ani agye no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde no bɛyɛ ɔhene, nanso “ɔtwee ne ho, na ɔno nko ara kɔɔ bepɔw no so bio.” (Yohane 6:15) Bere a Roma amrado bisaa Yesu sɛ ɔyɛ ɔhene no, obuae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa.”—Yohane 18:36.
Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.” (Yohane 15:19) Enti asetra anaa amammuisɛm mu ɔhaw ahorow antwe tete Kristofo no amfi ɔkwan a wɔnam so no so. Sɛ nhwɛso no, na nkoatɔ yɛ ɔhaw kɛse saa bere no, nanso Kristofo no amfa wɔn ho anhyɛ ɔsatu a ɛbɛma ase agu mu. Mmom no, wɔhyɛɛ Kristofo a wɔyɛ nkoa sɛ wontie wɔn wuranom.—Kolosefo 3:22.
Sɛ́ wɔde wɔn ho bɛhyɛ amammuisɛm mu no, tete Kristofo yi kyinkyinii na wowiee wɔn asɛnka adwuma a ‘ɛfa Onyankopɔn ahenni ho’ no mmom. (Asomafo no Nnwuma 28:23) Wɔn asɛm no duu wiase a na wonim saa bere no nyinaa mu wɔ mfe kakraa bi mu. (Kolosefo 1:23) Dɛn na efii mu bae? Mpempem pii gye toom na wɔbɛyɛɛ honhom mu ‘anuanom.’ (Mateo 23:8, 9) Yudafo ne Amanaman Mufo a wɔbɛyɛɛ Kristofo no gyaee wɔn nitan ahorow no. Yudafo ne Samariafo ntam ntawntawdi no mpo fii hɔ esiane “ɔdɔ a emu yɛ den” a Kristofo nya maa wɔn ho wɔn ho nti.—1 Petro 4:8.
Nanso na Kristofo dɔ no mu trɛw ma ɛka wɔn atamfo mpo. (Mateo 5:44) Enti wɔpowee sɛ wɔbɛka Kaesare asraafo no ho. Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso so Yesu anka sɛ “Momfa Kaesare de mma Kaesare?’” Ampa. Nanso so na Yesu reka sraadi ho asɛm? Dabi, nea na ɔreka ho asɛm ne sɛ eye sɛ ‘wobeyi tow ama Kaesare anaasɛ dabi.’ (Mateo 22:15-21) Enti Kristofo tuaa wɔn tow ahorow. Nanso wobuu wɔn nkwa sɛ biribi a wɔahyira so ama Onyankopɔn na wɔpowee sɛ wɔbɛyɛ wɔn mfɛfo nnipa bɔne.
Wiase No Adamfo A Wobɛyɛ
Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso hwɛ Kristoman nnɛ, emu apaapae basaa, na emufo no taa kunkum wɔn ho wɔn ho, n’asɔfo de wɔn ho hyɛ amamuisɛm mu. Dɛn na ɛbaa Kristosom so?’ Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘wobegu’ atoro Kristofo aba wɔ nokware Kristofo mu. (Mateo 13:24-30) Paulo nso hyɛɛ nkɔm sɛ: “Minim sɛ . . . mpataku bɔne bɛhyɛn mo mu . . . Nso . . nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.”—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.
Wɔ afeha a edi kan no mu mpo na adeyɛ yi afi ase. Osuani Yakobo hui sɛ ɛho hia sɛ ɔkyerɛw nsɛm a emu da hɔ yi: “Moyɛ nnipa a wonni nokware te sɛ ɔbea ɔwaresɛefo; so munhu sɛ wiase no adamfo a mobɛyɛ no yɛ Onyankopɔn atamfo a moyɛ mo ho?” (Yakobo 4:4, The Jerusalem Bible; yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Ebinom buu wɔn ani guu ɔsoro afotu yi so—araa ma wɔ afeha a ɛto so anan no mu no, pataku a ɔnam oguan nhoma mu, Ɔhempɔn Konstantino, tumi maa “Kristosom” a asɛe no yɛɛ nea ɔpɛ denam yɛ a ɔyɛɛ no Roma Ahemman no asɔre no so. Nanso bere a Kristoman bɛyɛɛ ‘wiase no adamfo’ no, ɛbɛyɛɛ Onyankopɔn tamfo. Ná pem a wɔbɛpem mu akyiri yi yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee.
Ebeduu afeha a ɛto so 13 no na Asɔre no a ne “paapa” anaa “agya” di so no adu “ne tumi no pɔmpɔn so,” na esiesiee ne ho sɛ ɛbɛma Asɔre ne Ɔman anya ayɔnkofa a emu yɛ den kɛse. Paapa Innocent III begye dii sɛ “ɛnyɛ Amansan Asɔre no so tumidi nko na Awurade de maa Petro, na mmom wiase nyinaa so tumidi nso.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Abakɔsɛm ho ɔbenfo T. F. Tout toa so wɔ The Empire and the Papacy mu sɛ: “Ná Innocent adwuma yɛ ɔsɔfo ne ɔmanyɛfo, . . . ɔde ahemfo ne ahempɔn si nkogua so na otu wɔn nso sɛnea ɔpɛ.” Nanso ɔkyerɛwfo koro no ara de ka ho sɛ: “Dodow a paapa no tumi ba bɛyɛɛ amammuisɛm de no, dodow no ara na ɛbɛyɛɛ den sɛ obekura n’anuonyam sɛ mmara, abrabɔ pa, ne ɔsom fibea no mu.”
Nyamesom Ne Akodi
Akodi yɛ amammuisɛm wɔ basabasayɛ kwan so. Nanso Paapa Innocent III ankasa boaboaa asraafo ano de tiaa Albigenfo a na wɔwɔ Franse kesee fam no. Eyi na ɛma wokunkum nnipa mpempem pii wɔ Béziers wɔ 1209 mu ne afei nnipadɔm pii a Atirimɔden Asenni Kronkron no ma wɔhyew wɔn no. Ntua a na mfiase no wɔde rekɔ Palestina so no yɛ nea amansɛmdifo dan ani ma ɛde Konstantinople kaa ho. “Kristofo” asraafo de wɔn ho hyɛɛ “nnansa adefow a emu yɛ den, awudi, aniwude, ne akyide mu.” De tiaa henanom? De tiaa mfɛfo “Kristofo”! Abakɔsɛm kyerɛwfo biako se: “Asɔre ahorow no ankasa de wɔn ho hyɛɛ adefow yi mu.”
Ɔkwan a ɛnyɛ Kristofo de a Asɔre no faa so no na ɛmaa Martin Luther de ne ɔsɔretia nsɛm no kɔfam asɔredan pon ano wɔ Wittenberg wɔ 1517 mu no—na ɛno na efii Nyamesom Mu Ɔsesɛw no ase. Nanso H. A. L. Fisher ka wɔ History of Europe mu sɛ: “Ná mpaemuka foforo no . . . gyina nea ahemfo ne nniso no pɛ so kɛse.” Germany mu paee wɔ amammuisɛm ne nyamesom ho nsɛm mu. Wɔ France nso Calvinfo ne amammui akannifo bɔe kɛse. Enti ɛnyɛ nyamesom mu ahofadi nko nti na wɔkoo ɔko ahorow no na mmom esiane “Protestantfo ne Roman Katolekfo ntam ntawntawdi wɔ nea odi ahemman no so tumi ho nso.” Enti, nyamesom ho abakɔsɛm wɔ Europa yɛ nea mogya ayɛ mu ma!
Afeha a ɛto so 20 no fii ase a na Briton ne Boer reko wɔ South Africa. Asɔfo a wɔwɔ afanu nyinaa de “afotu a efi asɛnka agua so” hyɛɛ ho nkuran. Abakɔsɛm kyerɛwfo R. Kruger se: “Ɔsoro mpae dodow a afanu no bɔe wɔ ɔko no mu no yɛ nea nkate a akuw horow no de yɛɛ saa no ne no yɛ pɛ.” “Kristofo” a wɔyɛ aborɔfo kunkum wɔn ho wɔn ho na wɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn ma wɔnyɛ saa! Wɔsan tĩĩ adeyɛ koro yi ara mu wɔ ɔkwan a ɛso so wɔ 1914 mu bere a Germany asraafo too santen kɔɔ Belgium a wɔbobɔ bɛlt a wɔakyerɛw so “Gott mit uns” (Onyankopɔn ka yɛn ho) no. Asɔre no bɔɔ mpae maa afanu no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nkonim na ɛboae kɛse wɔ ayayade a wɔyɛɛ atamfo no mu.
Nyamesom ho a ɛde hyɛɛ Wiase Ko I mu no maa nnipa pii aba mu bui. Nyamesom a wɔkae sɛ “ɛyɛ adubɔne ma ɔmanfo” no maa nnipa a wonnye Onyankopɔn nni ne komunismfo dodow kɔɔ anim. Nanso, asɔfo no kɔɔ so ara de wɔn ho hyɛɛ amammuisɛm mu na wɔboaa katabaako sodifo te sɛ Mussolini ne Franco. Roman Katolek Asɔre no ne Nazi nniso no yɛɛ apam mpo wɔ 1933 mu. Ɔsɔfo Panyin Faulhaber kyerɛw kɔmaa Hitler sɛ: “Paapa no a woakyia ne nsam yi . . . kyerɛ nhyira a enni ano . . . Onyankopɔn nkɔ so nkora Ɔmanpanyin [Hitler] so.”
Wiase nyinaa ko foforo a ebetumi aba no mpo nyɛ nea ama asɔfo no atwe wɔn ho afi amammuisɛm mu. Ade biako a asɔre binom yɛ nnansa yi ne sɛ wɔbɛdan akɔ benkum fam amammuisɛm so. Ɔkyerɛwfo biako se: “Asɔfo a wɔaba nnansa yi a wofi Latin America . . . ka sɛ Marxism yɛ Kristosom a wɔda no adi wɔ amammui kwan so a wontumi nkwati.” Nanso Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mframa na wogu, na ahum nso na wobetwa.”—Hosea 8:7.
Twa A Wobetwa Ahum
Yiw, Bible no de kɔkɔbɔ a anibere wom ma: Ntawntawdi a emu yɛ den a ɛbɛba nyamesom ne amammuisɛm ntam reba. Wɔ Adiyisɛm ti 17 no, Bible no yɛ wiase nyinaa atoro som ahemman a mogya ayɛ mu ma no ho mfonini sɛ “aguaman kɛse a ɔte nsu pii so.” Saa “nsu” yi gyina hɔ ma ‘nkurɔfo ne aman.’ (Nkyekyem 1, 15) Wɔato aguaman no din sɛ “Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide na” ne nea “ahotefo mogya abow” no. (Nkyekyem 5, 6) “Babilon” yɛ din a ɛfata atoro som ahorow a wɔahyehyɛ no, efisɛ ne nkyerɛkyerɛ ahorow pii fi tete kurow Babilon mu.a Wagye din sɛ owudifo esiane nokware Kristofo a wɔataa wɔn wɔ mfehaha pii a atwam no mu nti.
Wɔayɛ wiase nyinaa atoro som ahemman no ho mfonini bio sɛ ɔte aboa bi a “ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so . . . [a] ɛkyerɛ ahene du.” (Nkyekyem 3, 12) Nsɛm ahorow a edi kan wɔ nsɛmma nhoma yi mu no ama yɛahu “aboa” yi sɛ ɛyɛ adwinnade a ɛne Amanaman Nkabom no a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɛmma wiase nyinaa asomdwoe ntra hɔ no. Asɔre ahorow no ada wɔn ho adi sɛ wogyina saa ahyehyɛde yi akyi. Wɔ October 1965 mu no, Paapa Paul VI kaa Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “dwoodwoo asetra ne asomdwoe ho anidaso a etwa to.” Wɔ 1979 mu no, Paapa John Paul II kasa kyerɛɛ Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no. Ɔkaa Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “asomdwoe ne atɛntrenee bagua kɛse” a wammɔ Kristo anaa n’Ahenni no din koraa.
Dɛn nti na biako a Amanaman Nkabom no ne nyamesom yɛ yi yɛ ade a asiane wom? Efisɛ “mmɛn du . . . no ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, . . . na wɔde ogya ahyew no.” (Nkyekyem 16) Enti atoro som nam ɔkwan a ɛbɛma ɔne amammui asɔre atia wɔn ho wɔn ho kɛse so. Bere a wama wada adagyaw na wama ne ho a ɛntew no ada adi no, ɔbɛsɛe no pasaa.
Ɛno na ebefi “ahohiahia kɛse” a Yesu kaa ho asɛm no ase, na aba awiei wɔ Harmagedon ko no mu. Kristo a ɔsoro asafo a wɔrentumi nni wɔn so nkonim ka ne ho no ‘bebubu Satan wiase nyinaa nhyehyɛe no ama asa’ ma aka ‘ahobrɛasefo a wobenya asase no adi’ nkutoo. Nea ɛka ho no, eyinom bɛyɛ nokware Kristofo a wɔamfa wɔn ho anhyɛ amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ba mu no.—Mateo 24:21; Daniel 2:44; Dwom 37:10, 11; Mateo 5:5; Adiyisɛm 6:2; 16:14-16.
Sɛ woyɛ obi a amanehunu ne ahohorabɔ a atoro som de aba Onyankopɔn din so no haw wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ mprempren? Bible no hyɛ yɛn sɛ: “Me man mumfi [atoro som] mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Yehowa Adansefo nkutoo na wɔrehyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonni ahyɛde yi so. Te sɛ tete Kristofo no, wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔko ne amammuisɛm mu ma enti wɔrenyɛ wɔn a wɔbɛsɛe wɔn bere a nyamesom ne amammui pem mu no. Enti kohu wɔn. Wofi anigye mu bɛkyerɛ wo sɛnea wubehu “ɔpon teateaa” a ɛnyɛ ɔsɛe mu na ɛde nnipa kɔ na mmom daa nkwa mu no.—Mateo 7:13, 14; Yohane 17:3.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ “Babilon the Great Has Fallen” God’s Kingdom Rules! a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii no mu.
[Kratafa 6 mfoni]
Wɔ 1914 mu no, Ɔsɔfo panyin a ɔwɔ London no kanyan ɔman ho dɔ wɔ Britania asraafo mu wɔ wɔn asɔredan anim