Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 7/1 kr. 3-4
  • So W’ani Sɔ Nea Yesu Yɛe No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ani Sɔ Nea Yesu Yɛe No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛ Maa Wo
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Bi Nni—Adɛn Nti na Ɛsom Bo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Yesu Kristo​—Sɛnea Ne Nsɛm Ka Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Daa Anigye Retwɛn Ademafo A Wosuro Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Akyɛde Bɛn na Ne Sɛso Nni Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 7/1 kr. 3-4

So W’ani Sɔ Nea Yesu Yɛe No?

ƆKWAN a ɛyɛ tiawa ne tẽẽ bɛn so na wubetumi afa de aseda ama wɔ biribi ho sen sɛ wobɛka “Meda w’ase.”? Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔka “Meda w’ase” nyinaa na wɔkyerɛ nea wɔanya no ho anisɔ ankasa. Wobetumi aka saa asɛm no esiane atirimpɔw foforo nti, te sɛ obu ara kwa a wɔkyerɛ ma obi wɔ ade a wayɛ ho. Eye de, nanso wofi nkate ara kwa mu na wɔka.

Nanso, bere a woanya akyɛde bi, ne titiriw nea ɛsom bo no, asɛm a eye a efi komam a wobɛka de ada onii no ase fata kɛse. Akyɛde betumi ama yɛn ani agye; ebetumi adi yɛn ahiade bi ho dwuma. Sɛ etumi di n’abien nyinaa ho dwuma a, na akyɛde no som bo kɛse. Nanso wɔ ɛno akyi no sɛ yebu yɛn ani gu akyɛde no so na yɛde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a, ɛnde na aseda biara a yɛde mae wɔ ho no yɛ nea mfaso nni so. Enti, sɛnea yɛte nka wɔ ho anaasɛ yɛde di dwuma no na ɛtaa kyerɛ anisɔ a yɛwɔ anaasɛ anisɔ a yenni wɔ ho.

Adesamma Bɔfo, Yehowa, de ade a ɛsom bo sen biara a ɔwɔ a ɛne ne Ba maa yɛn sɛ akyɛde. Yohane 3:16 ka sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Sɛ yɛde aseda ankasa ma wɔ ho a, saa akyɛde no bɛma yɛanya anigye na ebedi yɛn ahiade ahorow ho dwuma. Nanso esiane sɛ Yehowa na Ɔde mae nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woda Yesu ase?

Nea Yesu Yɛ Maa Wo

Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn na Yesu yɛ maa me?’ Ansa na wɔrewo wo mpo no, na Yesu ayɛ biribi ama wo. Ɛyɛ dɛn? Yesu de n’asetra wɔ soro ansa na ɔrebɛyɛ onipa no bɔɔ afɔre na ama ɔbaabun Maria awo no sɛ onipa. (Luka 1: 26-33) Ná eyi nyɛ adewa. So wubefi wo pɛ mu atu afi ofi a nnipa a wɔwɔ mu no wɔ asomdwoe, ahobammɔ ne akwahosan a nnamfo anokwafo atwa wo ho ahyia mu akɔtra baabi a ntawntawdi, asiane, ne ɔyare wɔ hɔ bere nyinaa a w’atamfo reyɛ wo ho apam sɛ wobekum wo? Nnipa pii bebua sɛ ‘Dabida.’ Nanso, ɛno na Yesu yɛe.​—Yohane 17:5; Filipifo 2:5-8.

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn na na ɔyɛ Yesu Agya na ɛnyɛ ɔdesani biara nti, na bɔne nni ne ho. (Luka 1:34, 35) Wamfom wɔ nsusuwii, asɛm, ne adeyɛ mu pɛnkoro mpo. wɔ bɔne a na atwa ne ho ahyia ne ɔsɔretia a na ɛsɛ sɛ ohyia nyinaa akyi no, otumi ka kyerɛɛ n’asɔretiafo sɛ: “Mo mu hena na obu me bɔne bi ho atɛn?” Obiara antumi anyɛ saa! Sɛnea ɔsomafo Petro kae no: “Ɔno na wanyɛ bɔne, nanso wɔanhu nnaadaa n’anom.” (Yohane 8:46; 1 Petro 2:22) Bere a yegyina nokwasɛm ahorow yi so no, ma yɛnkyerɛkyerɛ sɛnea eyi fa wo ho no mu bio.

Nnipa pii ani nnye ho sɛ wɔbɛkɔ akɔsra ayarefo wɔ ayaresabea na mene sɛ wɔne wɔn bɛtra. Esiane sɛ na Yesu yɛ pɛ wɔ nipadua mu nti, na ɔwɔ akwahosan a edi mũ. Nanso, wantwe ne ho amfi afoforo ho na saa ara na wanhwehwɛ sɛ ɔbɛkɔ akɔtra baabi a ɔyare biara nni hɔ. Mmom no, esiane ɔdɔ a Yesu wɔ nti, ofii ne pɛ mu ne adesamma a wɔyare na wowuwu didii, ɔne wɔn dae na ɔne wɔn bɔɔ fekuw.​—Mateo 15:30-37; Marko 1:40-42.

Afei Yesu fii ne pɛ mu de saa ɔdesani asetra a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɛde mfaso bɛbrɛ adesamma. Esiane sɛ ɔyɛ pɛ nti, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔtra ase daa sɛ ɔdesani, na eyi na ɔde bɔɔ afɔre na ama hokwan kɛse bi abue ama yɛn no. Sɛnea ɔno ankasa kae no: ‘Onipa ba no . . . bɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20: 28) N’asomafo no de adansedi a ɛte saa ara mae wɔ eyi ho: “Na nea wɔbrɛɛ no ase ma ɛkaa kakraa na ɔtoo abɔfo a ɔne Yesu no. . . wafa Onyankopɔn dom so aka owu ahwɛ ama onipa biara nipa.” (Hebrifo 2:9) Yesu desani nkwa a ɔde too hɔ maa adesamma no yɛ ɔdɔ a ɛsen biara a ɔdesani bi betumi ayi adi akyerɛ. Ɛdenam ɛno so no, ɔde akyɛde a ɛso sen biara a ɛne hokwan a ɛbɛma yɛatumi anya daa nkwa a yɛn sɛ́ nnipa a wɔnyɛ pɛ no betumi anya no mae.​—Yohane 3:16.

Ebia wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ ampa sɛ Yesu ayɛ pii ama me nanso mɛyɛ dɛn atumi akyerɛ ho anisɔ?’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena