Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 3/1 kr. 15
  • 1986​—Afe a ‘Wɔde Rebɔ Asomdwoe ho Ban’?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1986​—Afe a ‘Wɔde Rebɔ Asomdwoe ho Ban’?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 3/1 kr. 15

1986​—Afe a ‘Wɔde Rebɔ Asomdwoe ho Ban’?

AMANAMAN NKABOM no kae sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe. Nkɔso bɛn na wonyae wɔ wiase nyinaa asomdwoe no ho? Nsɛm a wɔakeka a edidi so yi fi wiase nyinaa.

Efi April 7 besi 12, 1986 no, mmarahyɛ baguafo a wofi aman 103 so nyaa wɔn nhyiam a ɛto so 75 no mu kyɛfa wɔ Mexico Kurom. Amanaman Nkabom no ɔkyerɛwfo panyin Javier Pérez de Cuéllar de nkrasɛm yi kɔmaa wɔn: “Bere a Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no afi ase yi, momma yɛn nyinaa nkae sɛ ne ti​—‘Sɛ́ Wɔde Rebɔ Asomdwoe ne Adesamma Daakye ho Ban’​—no nyɛ nea ɛma wonya botae titiriw bi ma 1986 nko na mmom ma mfe a ɛbɛba no nso. Momma yɛmfa hokwan ahorow a yɛanya wɔ 1986 mu no nni dwuma anibere so.”

Kuw no titrani no kae sɛ wakɔ aman ahorow pii so “akobisa sɛ ebia mmarahyɛ baguafo a wɔwɔ hɔ no betumi abɛyɛ asomdwoe mmarahyɛ baguafo.” Dɛn na ɔkae: “Mihuu sɛnea eyi ho asɛm yɛ den no, na wɔ ebi mu mpo no, anidaso biara nni hɔ.”

Kuw a wofi Mexico hɔ ankasa no daa “abasamtu kɛse adi sɛ wɔ akodeyɛ ho akansi no ho asiane a ɛkɔ so haw ɔmanfo kɛse no ne mmɔden ahorow a Amanaman Nkabom no abɔ nyinaa akyi no, wontumi nyaa nkɔso titiriw biara wɔ akodeyɛ ano a ɛbɛbrɛ ase no mu wɔ nnansa yi mfe no mu.”

Argentina kuw no kyerɛe sɛ “nnipa ɔpepem aduosia a wowuwui wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, anaasɛ nuklea akode a wɔde dii dwuma wɔ Hiroshima no, anaasɛ ntawntawdi ahorow ɔha ne aduasa a akɔ so fi saa bere no nyɛ nea ama adesamma ahu sɛ wɔabɛn sɛe a wɔbɛsɛe wɔn ho no ho pɛɛ.” Ɛhaw wɔn kɛse sɛ “aman anum a wɔwɔ nuklea akode aboaboa nea ne dodow boro 50,000 ano, a ɛma nea ɛwɔ hɔ ma onipa biara a ɔwɔ okyinsoromma yi so yɛ tɔn abiɛsa.”

Amanaman Nkabom no bagua a ɛhwɛ ahotɔ ho nsɛm so no ananmusifo bae, na nsɛm a wɔkekae no bi na edidi so yi:

Britania kuw no kae sɛ: “Botae a ehia titiriw ne sɛ wobesiw akode ho akansi wɔ wim no ano. Nanso, ɛho hia sɛ yegye nokwasɛm bi tom . . . Ayɛ nea akode ahorow wɔ wim dedaw.” Franse kuw no sii so dua “sɛ ahotɔ ne asomdwoe a Amanaman Nkabom no ntumi mma ɛnkɔ so no fi amanaman ntam ne abrabɔ ho mmara ho nnyinasosɛm atitiriw a aman binom bu so no.” Rusia kuw no kyerɛɛ sɛnea “nuklea ɔsɛe a ehunahuna adesamma a ebetumi akyerɛ asase yi awiei no haw wɔn kɛse no.” Wɔkyerɛ sɛ Amerika kuw no kae sɛ “ɛbɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛma wɔahu hia a ɛho hia sɛ amanaman no yɛ biako de ko tia nsɛmmɔnedi no.”

Wɔ asase yi fã foforo no, wɔhyɛɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no ho fã March 21 wɔ Asa Kɛse a ɛwɔ Beijing no so. Ná China ɔmampanyin Zhao Ziyan wɔ anidaso kɛse sen afoforo. Ɔkae sɛ: “Bere dodow a nnipa a wɔwɔ wiase kɔ so ara bɔ mmɔden no, nea ɛbɛyɛ biara wobedi nkonim.”

Ɛdefa Amanaman Nkabom no Asomdwoe Afe no ho no. Paapa John Paul ll kae sɛ Asɔre no pɛ sɛ wonya “wiase nyinaa mpaebɔ kuw bi ma asomdwoe a ɛfa aman ne nyamesom ahorow nyinaa ho.”

Asomdwoe ho ayɛ nã ama wiase yi. Dɛn ntia? Ɛsɛ sɛ asomdwoe ankasa yɛ nea egyina ɔdɔ so; ɔmampɛ honhom ne nitan ama wiase no mu apaapae. Asomdwoe ankasa hia nniso a ɛda nyansa adi a ɛteɛ; sodifo ahorow a wɔyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nni su horow yi. Ɛsɛ sɛ nokware asomdwoe yɛ nea egyina nokware Nyankopɔn koro no biakoyɛ som so; wiase yi nyamesom ahorow no mu apaapae ayɛ akuw mpempem pii na emu biara nni hɔ a ɛhyɛ Yehowa anuonyam sɛ Amansan Hene. Nokware asomdwoe ma ɛho hia sɛ woyi “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, ne ne sodifo ahorow no fi hɔ; Yehowa Ahenni a ɛwɔ Ne Kristo no nsam no nkutoo na ebetumi asɛe Satan ne ne nnwuma.​—2 Korintofo 4:4.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Australiafo “asomdwoe” sika

Kenyafo “asomdwoe” stamp

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena