Nsaano Nkyerɛwee A Egu Afasu Ho No—So Wuhu?
“N’ankasa nsa ano na odii kan huu n’asehwe, . . .
Ɛte sɛ nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho.”
NSƐM yi na afeha a ɛto so 18 ɔkyerɛwfo Jonathan Swift a ofi Ireland no de kaa sikakorabea odwumayeni bi ho asɛm. Bere a ba a nkurɔfo bae sɛ wɔrebegye wɔn sika a wɔde asie no maa ne ho kyeree no no, ohui sɛ n’awiei abɛn. Wɔ mfehaha pii mu no, asɛm, ‘nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho’ no ayɛ nea ɛkyerɛ asiane bi bɛn a abɛn.
Nanso ‘nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho’ a edi kan no puei wɔ mfe bɛboro 2,500 a atwam ni no mu. Na ahoɔhare a ɛde nyaa mmamu no sakraa abakɔsɛm. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛhwehwɛ faako a asɛm ‘nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho’ no fi mu kɔ akyiri a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ Bible mu nhoma a ɛne Daniel no so. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu bo a kɔkɔbɔ ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no som, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yetie yɛn bere yi mu kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den.
Ofi Ne Tumi Pɔmpɔn So
Ɛyɛ October 5, 539 A.Y.B. anadwo. Nã nnipa a wɔwɔ Babilon renom nsa na wɔresaw. Ɛwom sɛ na atamfo a wofi Medo-Persia no wɔ n’apon ano de, nanso na ɛte sɛ nea ɛnyɛ hu mma wɔn. N’afasu no yɛ nea wɔrentumi mmu ngu, enti obiara gyee n’ani. Apontow no ho nnyigyei ahorow mpo betumi ama atamfo no ahu sɛ kurow no mufo betumi ne wɔn ako akyɛ!
Bere a Ɔhene Belsasar wɔ n’abangua kɛse mu, ne ahantan kɛse a akyinnye biara nni ho mu no, ɔhwɛ nnipa atitiriw a wato nsa afrɛ wɔn ma wɔabehyiam no. Ɔma n’asomfo kɔfa sika ne dwetɛ nnwinne a ne nana, Ɔhene Nebukadnesar, fa fii Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem mfe dudu a atwam no mu no ba. ‘Momma yɛnnom nsa wɔ nnwinne yi mu mfa nyi yɛn anyame no ayɛ!’ Ebia saa na Belsasar kae.—Daniel 5:1-4.
Kɔɔ Ɔseɛ Koraa Mu
Mpofirim ara, ehu ma Belsasar anim sakra. Kanea dua no anim, wɔ faako a ɛbɛn afasu no ho, na nsa bi puei na ɛkyerɛw nsɛmfua anan a ɛyɛ nwonwa. Eyi maa nnwom ne asaw no gyaee. Ehu ka ɔhene no na ne nkotodwe keka bobom biribiri. Dɛn na eyi kyerɛ? Momfrɛ anyansafo ne pɛadeahufo mmra! Obiara a obetumi akyerɛ nkyerɛwee yi ase no wɔbɛhyɛ no anuonyam.—Daniel 5:5-7.
Obiara de ahopere twɛnee sɛ anyansafo no bɛka biribi. Nanso wɔn tirim yɛ wɔn keserenee. Saa ‘nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho’ no nkyerɛase a emu dɔ ne dɛn? Obiara ammɔ ne ho mmusu sɛ ɔbɛkyerɛ ase, na ɛma ehu ka ɔhene no kɛse.—Daniel 5:8, 9.
Bere a ɔhemmaa no tee nea esii no, ɔbaa apontow dan no mu. Ɔkae Belsasar sɛ ɔhɔho nyansafo bi wɔ ahenni no mu a wada ne ho adi sɛ ɔyɛ onyansafo. Enti wɔkɔfrɛ Daniel ba. Ɔde akokoduru kae ɔhene no nea ɛbaa Nebukadnesar so wɔ mfe a atwam mu no. Afei Daniel ka nea ɛrebɛba ɔno, ɔhene, no so kyerɛ no, sɛ:
“Kyerɛw a wɔakurukyerɛw no ni: MENE, MENE, TEKEL UFARSIN.
“Asɛm no nkyerɛase ni: MENE, Onyankopɔn akan w’ahenni, na wabɔ no.
“TEKEL, wɔakari no nsenia mu, na wɔahu wo sɛ wunnu.
“PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.”—Daniel 5:10-28.
Mmamu A Ɛba Ntɛm
So ɛsɛ sɛ Belsasar twɛn bere tenten ansa na wahu sɛ Daniel asɛm no yɛ nokware? Ma yɛnhwɛ nea esii bio na yensusuw nsɛm a ɛkyerɛ biribi kɛse sen abakɔsɛm mu asɛm ara kwa no ho.
Ná Medo-Persiafo no retu nsukã de adan Eufrate nsubɔnten a ɛsen fa Babilon kurow mu no ani. Ná Ɔhene Kores retwɛn saa anadwo a ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma yi a na ɔwɔ anidaso sɛ esiane sɛ ade asa nti ɛrenyɛ nea Babilonfo no ani da hɔ pii. Afei wobuebuee nsukã no. Bere a asubɔnten no mu nsu yowee no, asraafo no faa subonka no mu.
Saa anadwo yi, wogyaw apon a ɛkɔ asubɔnten no mu ano to hɔ a ebetumi aba sɛ ɛyɛ ahotoso dodo a wɔwɔ nti. Medo-Persia asraafo hyɛn kurow no mu mpofirim ara. Dɔm no fã bi tumi hyɛn ahemfie hɔ na wokum Belsasar. Babilon ahemman kɛse no ahwe ase.—Daniel 5:30.
Ɔsɛe A Ɛbɛba Mpofirim Saa Ara
Nokware a Daniel nkyerɛase no yɛ no yɛ aniberesɛm a Bible no kɔkɔbɔ ahorow yɛ no ho nhwɛso. Nsɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛwee akyiri yi kyerɛ sɛ nsɛm afoforo a ɛho hia besisi mpofirim. Wɔ ne krataa a edi kan a efi honhom mu a ɔde kɔmaa Tesalonika Kristofo no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe [a efi Nyankopɔn hɔ] bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so na wɔrennya ɔkwan nguan.”—1 Tesalonikafo 5:3.
Nanso sɛnea wogyee Daniel ne Yudafo no nkwa bere a Babilon hwee ase no, saa ara na ebetumi ayɛ yiye sɛ wubenya nkwa wɔ ɔsɛe a efi Nyankopɔn hɔ no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam w’ani a wobɛma ada hɔ wɔ honhom mu na ama woanya Yehowa ahobammɔ no so. Paulo kae sɛ: “Na mo de, anuanom, munni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo.”—1 Tesalonikafo 5:4.
Ná Paulo reka “[Yehowa] da” a ɛyɛ bere a Onyankopɔn nam ne Mesia Ahenni no so de ne ho begye adesamma nsɛm mu no ho asɛm. (1 Tesalonikafo 5:2) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ‘nsaano nkyerɛwee a egu afasu ho’—a ɛyɛ kɔkɔbɔ a wɔde rekyerɛ bere a eyi bɛba—no kwan? Nkɔmhyɛ bi a edi eyi kan a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Daniel ti 2 bua yɛn asemmisa no.