Sodifo Ɔhantanfo Bi Ma Ahemman Bi Fi Ne Nsa
ODIYIFO Daniel kyerɛwee sɛ: “Ɔhene Belsasar tow n’abirɛmpɔn apem ponkɛse, na ɔnom nsã, apem no anim.” Nanso bere a apontow no rekɔ so no, ɔhene no “anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka bobɔɔm biribiri.” Saa anadwo no ara “wokum Kaldeafo hene Belsasar. Na Mediani Dario faa ahenni no.”—Daniel 5:1, 6, 30, 31.
Ná hena ne Belsasar? Ɛyɛɛ dɛn na wɔbɛfrɛɛ no “Kaldeafo hene”? Ná ne dibea ankasa ne dɛn wɔ Babilon Ahemman Foforo no mu? Ɛyɛɛ dɛn na ahemman no fii ne nsa?
Yɔnko Sodifo Anaa Ɔhene?
Daniel ka Nebukadnesar ho asɛm sɛ Belsasar agya. (Daniel 5:2, 11, 18, 22) Nanso, saa abusuabɔ yi nyɛ paa ara. Nabonidus and Belshazzar nhoma a Raymond P. Dougherty, kyerɛwee no kyerɛ sɛ ebia na Nebukadnesar yɛ ne nanabarima a ɔwoo ne maame Nitocris. Ebetumi nso aba sɛ na Nebukadnesar a odii kan sɛ ɔdehye no yɛ Belsasar “agya” wɔ ahenni no fam kɛkɛ. (Fa toto Genesis 28:10, 13 ho.) Sɛnea ɛte biara no, cuneiform nkyerɛwde a ɛwɔ anwemmo pii a wohui wɔ Iraq anafo fam so wɔ afeha a ɛto so 19 mu no ka Belsasar ho asɛm sɛ Babilon hene Nabonidus ba panyin.
Esiane sɛ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Daniel ti 5 no twe adwene si nsɛm a esisii anadwo a Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu no so nti, ɛnkyerɛ nea ɛyɛe a Belsasar bedii tumi. Nanso wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma no amanneɛbɔ ma yenya Nabonidus ne Belsasar ntam abusuabɔ ho adwene bi. Alan Millard a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma na waben wɔ tete Atɔe famfo kasa ahorow mu no ka sɛ: “Babilon nkyerɛwee da no adi sɛ ná Nabonidus yɛ sodifo wɔ ɔkwan soronko so.” Millard de ka ho sɛ: “Bere a wammu n’ani angu Babilon anyame so no, ɔde . . . n’adwene sii ɔsram nyame a na ɛwɔ nkurow foforo abien, Ur ne Harran mu no so. Wɔ mfe pii a ɔde dii ade mu no, Nabonidus antra Babilon mpo; mmom no ɔtraa Teima [anaa, Tema] asasebere a ɛwɔ Arabia atifi fam akyirikyiri no so.” Ɛda adi sɛ Nabonidus de mfe a ɔde dii ade no fã kɛse traa mmeae a na ɛmmɛn kuropɔn, Babilon. Sɛ onni hɔ a, na ɔde tumidi no hyɛ Belsasar nsa.
Bere a ɛrekyerɛkyerɛ Belsasar dibea ankasa mu yiye no, cuneiform nkyerɛwee bi a wɔfrɛ no “Nabonidus Ho Kyerɛwtohɔ” no ka sɛ: “Ɔno [Nabonidus] de ‘Asraafo dɔm’ no hyɛɛ ne ba (barima) panyin, n’abakan nsa, na ɔde dɔm a wɔwɔ ɔman no mu baabiara hyɛɛ (n’akwankyerɛ) ase. Ɔde (biribiara) hyɛɛ ne nsa, [ɔde] ahenni no maa no.” Eyi nti, ná Belsasar yɛ yɔnko sodifo.
Nanso, so wobetumi afrɛ yɔnko sodifo sɛ ɔhene? Tete sodifo bi nkaedum a wohui wɔ Syria atifi fam wɔ 1970 mu no da no adi sɛ na ɛnyɛ nea wɔntee bi da ne sɛ wɔbɛfrɛ sodifo bi sɛ ɔhene, bere a sɛ yɛbɛka paa a, ne tumi ba fam sen saa no. Ná nkaedum no yɛ Gozan sodifo bi de, na na nkurukyerɛwee a ɛwɔ so no yɛ Asiria ne Aram kasa. Asiria nkyerɛwde no kaa ɔbarima no ho asɛm sɛ Gozan amrado, nanso Aram nkyerɛwde a na ɛfa asɛm koro no ara ho no frɛɛ no ɔhene. Ɛno nti na ɛrenyɛ nea ebi mmae da sɛ wɔbɛfrɛ Belsasar sɛ ɔdedifo wɔ Babilonfo nkyerɛwde ankasa mu bere a wɔfrɛ no ɔhene wɔ Daniel nkyerɛwee a na ɛwɔ Aram kasa mu no mu.
Nkabom nniso ho nhyehyɛe a na ɛda Nabonidus ne Belsasar ntam no toaa so kosii Babilon Foforo Ahemman no nna a edi akyiri no mu. Enti, anadwo a Babilon hwee ase no ara, Belsasar kae sɛ ɔbɛyɛ Daniel ahenni no sodifo a ɔto so abiɛsa, wanka sɛ nea ɔto so abien.—Daniel 5:16.
Sodifo Ɔhantanfo a Ogye Ne Ho Di Dodo
Nneɛma a esisii wɔ Belsasar nniso awiei no da no adi sɛ na ɔhene no yɛ ɔhantanfo a ogye ne ho di dodo. Bere a ne nniso no baa awiei wɔ October 5, 539 A.Y.B. mu no, na Nabonidus akohintaw wɔ Borsippa, bere a Mediafo ne Persiafo asraafo dii ne so nkonim no. Ná wɔaka Babilon ankasa ahyem. Nanso Belsasar tee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ koraa wɔ kurow a afasu akɛse atwa ho ahyia no mu ma enti ɔtow “n’abirɛmpɔn apem ponkɛse” saa anadwo no ara. Herodotus, Helani abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu, ka sɛ na nkurɔfo “resaw saa bere no, na na wɔregye wɔn ani” wɔ kurow no mu.
Nanso na Mediafo ne Persiafo asraafo a wɔwɔ Babilon afasu no akyi de, wɔn ani da hɔ. Wɔ Kores akwankyerɛ ase no, na wɔadan Asubɔnten Eufrate a ɛsen fa kurow no mfinimfini no ani. Ná n’akofofo no asiesie wɔn ho sɛ, sɛ nsu no ba fam sɛnea ɛsɛ ara pɛ a, wɔbɛfa osubɔnka no mu. Ná wɔbɛforo bamma no na wɔafa kɔbere apon a ɛdeda ɔfasu no ano wɔ asukɔn so, a ano deda hɔ no mu ahyɛn kurow no mu.
Sɛ Belsasar maa n’ani daa hɔ wɔ nea na ɛrekɔ so wɔ kurow no akyi no ho a, anka ɔbɛto kɔbere apon no mu, de ne mmarima a wɔyɛ den no agyinagyina afasu no so wɔ asukɔn so, na wɔaka atamfo no ahyem. Mmom no, nsã piapiaa ɔhantanfo Belsasar maa ɔhyɛe ma wɔkɔfaa Yehowa asɔrefie nnwinne no bae. Afei ɔno, n’ahɔho, ne yerenom, ne ne mpenafo de animtiaabu nom mu de kamfoo Babilonfo anyame. Mpofirim ara, nsa bi puei anwonwakwan so na efii ase kyerɛw ahemfie no dan ho. Belsasar a ehu aka no no, frɛɛ n’anyansafo sɛ wɔmmɛkyerɛ no saa asɛm no ase. Nanso “wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.” Awiei koraa no, wɔde Daniel “baa ɔhene anim.” Wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase no, Yehowa diyifo kokodurufo no kyerɛɛ asɛm a ɛbaa anwonwakwan so no ase, hyɛɛ nkɔm sɛ Babilon bɛhwe ase wɔ Mediafo ne Persiafo nsam.—Daniel 5:2-28.
Mediafo ne Persiafo faa kurow no a wɔammrɛ ho, na ade ankye Belsasar. Bere a owui, na Nabonidus nso de ne ho hyɛɛɛ Kores nsa nti, Babilon Foforo Ahemman no baa awiei.
[Kratafa 8 mfonini]
Daniel kyerɛ Babilon Ahemman no sɛe ho amanneɛbɔ no ase