Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 12/1 kr. 10-14
  • “Nya Akokoduru Na Yɛ Den”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nya Akokoduru Na Yɛ Den”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yosua Ahoɔden No​—Ɛhe Na Na Efi?
  • Wɔma Yehowa Din So!
  • Yehowa Anwonwade Wɔ Yordan
  • Kae a Wɔkae Anwonwade No
  • Nea Yosua Kaee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yosua 1:9—“Nya Akokoduru Na Ma Wo Ho Nyɛ Den”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 12/1 kr. 10-14

“Nya Akokoduru Na Yɛ Den”

“Munnsuro wɔn, efisɛ [Yehowa] mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.”​—DEUTERONOMIUM 3:22.

1. (a) Na tebea no te dɛn wɔ Israel wɔ sare so akwantu no awiei? (b) Afotu bɛn na Mose de mae saa bere no?

NÁ BERE adu sɛ nsɛm akɛse sisi wɔ Israel abakɔsɛm mu. Na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ɔman kronkron no siesie wɔn ho afei sɛ wɔbɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so! Ná Mose adi Israelfo no anim mfirihyia 40 afa sare kɛse a ɛso yɛ hu so. Nanso afei bere a wodu Asubɔnten Yordan ho asase no so wɔ Moab asase so no, ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn man no nea etwa to. Bere a na wadi mfe 120 mpo no, “n’aniwa anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhuan,” na saa ara na ne nne ano ammrɛ ase. Ebia Yosua a na ɔreba abesi n’ananmu no ne Israel nyinaa ani gyei sɛ wobetie ahoɔden mu a Mose fi rekyerɛkyerɛ Yehowa mmara no mu ne afotu a tumi wom a ɔde mae sɛ wonnya akokoduru bere a wɔakɔfa asase no adi so no.​—Deuteronomium 1:1-5, 19, 21, 29, 30; 3:22; 31:6, 7, 23; 34:7.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔkyerɛw nneɛma ahorow yi ho asɛm too hɔ maa yɛn kyerɛkyerɛ nnɛ?

2 So saa nsɛm a esisii bere tenten a atwam ni no yɛ abakɔsɛm ara kwa? Ɛnte saa koraa! Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Saa kyerɛwtohɔ no wɔ nnɛyi nsɛso. Ebetumi ahyɛ yɛn den nnɛ ama honhom mu akodi. Ɛyɛ “kɔkɔbɔ ma yɛn a nneɛma nhyehyɛe yi awiei ato yɛn” no nso na ɛboa yɛn ma yekwati Satan mfiri ahorow.​—1 Korintofo 10:11; 1 Petro 4:7.

Yosua Ahoɔden No​—Ɛhe Na Na Efi?

3, 4. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya akokoduru? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?

3 Ɛrenkyɛ koraa na Onyankopɔn nkurɔfo ato santen akɔ Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo no mu. Esiane nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no mu no nti, ɛho hia sɛ yenya akokoduru. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Bere a na Yosua resiesie ne ho akɔhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Nya akokoduru na yɛ den na hwɛ di mmara a mehyɛɛ m’akoa Mose no nyinaa so: mfi ho nkɔ nifa anaa benkum, na nea wobɛkɔ nyinaa woadi yiye. Mma mmara nhoma yi mfi w’anom na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.”​—Yosua 1:7, 8, NW.

4 Aa, ɛha na asɛm no wɔ! Kenkan Bible no daa. Onyankopɔn mmara wom ma yɛn. Susuw ho. Tie ne nkaesɛm no. Mma honam fam ade dodowpɛ, wiase a ne bra asɛe a atwa wo ho ahyia no ntwe wo nkɔ. Tebea biara a wobɛkɔ mu no, yɛ w’ade wɔ nyansam. Fa nokware nimdeɛ ne honhom mu ntease a woanya denam Onyankopɔn Asɛm a woasua so no di dwuma yiye. Ka ho asɛm kyerɛ afoforo. Sɛ woyɛ saa na wode wo ho to Yehowa so a, wubetumi ‘anya akokoduru na woayɛ den ma w’akwan asi wo yiye’ ampa.​—Fa toto Dwom 1:1-3; 119:165-168 ho.

5. (a) Te sɛ Yosua no, ɔkwan bɛn so na asomfo nkumaa a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya ahoɔden? (b) Botae a eye bɛn na Adansefo nkumaa betumi de asi wɔn anim nnɛ?

5 Na Yosua ayɛ “Mose somfo fi ne mmerantebere mu” reba. (Numeri 11:28) Akyinnye biara nni ho sɛ bɔ a ɔne no bɔɔ kɛse yi boaa no ma onyaa honhom mu ahoɔden. Saa ara na asomfo nkumaa a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya ahoɔden denam awofo a wɔwɔ ahofama, akwampaefo, Adansefo a wɔde bere tenten asom, ne Yehowa asomfo anokwafo afoforo a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma no so. Afie afie adansedi adwuma a wɔne nnipa a wɔyɛ nnam yi yɛ no betumi ayɛ anigye na ebetumi aboa ma mmofra a wɔwɔ yɛn mu no anyin na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ ɔsom adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21; Yesaia 40:28-31) Botae a eye bɛn na adansefo nkumaa betumi anya sen sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Ahenni no ho adwuma bere nyinaa!​—Dwom 35:18; 145:10-12.

6. Ɔkwan bɛn so na na Yosua yɛ nhwɛso ma yɛn wɔ ɔsa a wotu tiaa Amalek no mu?

6 Bere a Mose somaa Yosua sɛ ɔne Amalekfo nkɔko no, “Yosua yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ no no.” Na ɔyɛ osetie; enti odii nkonim. Yɛn nso, sɛ yetie ɔko ho akwankyerɛ a yɛn nsa ka denam ahyehyɛde no so no a, yebenya ne din ho a wɔtew no mu kyɛfa. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnkyerɛw nkonim a odii wɔ Amalek so yi nhyɛ nhoma bi mu mfa nyɛ nkae na ɔnka nhyɛ Yosua asom. Akyinnye biara nni ho sɛ Yosua kɔɔ so kaa Yehowa nkonimdi no ho asɛm kɛse kyerɛɛ afoforo. Saa ara na yɛn nso yebetumi aka Amansan Hene Yehowa nnwuma akɛse no ho asɛm, na yebetumi abɔ ‘n’aweredi da’ a ɛbɛba abɔnefo so no ho dawuru.​—Exodus 17:10, 13, 14; Yesaia 61:1, 2; Dwom 145:1-4.

7, 8. (a) Ahotoso bɛn na Yosua ne Kaleb yii adi bere a wɔsan fii Kanaan bae no? (b) Kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ bɛn na yehu wɔ di a Yehowa dii nsɛm ho dwuma wɔ saa bere no mu no mu?

7 Bere a Mose somaa atitiriwfo 12 sɛ wɔnkɔsra Bɔhyɛ Asase no so no, ɔde Yosua kaa wɔn ho. Bere a wɔsan bae no, akwansrafo no mu du daa Kanaanfo a wɔte asase no so no ho hu kɛse adi na wotuu ɔman no aso sɛ wɔnka sɛ wɔbɛsan akɔ Misraim. Nanso Yosua ne Kaleb de akokoduru kae sɛ: “Sɛ [Yehowa] pɛ yɛn a, ɔde yɛn bedu asase no so na ɔde ama yɛn, asase a ɛsen nufusu na ɛwo no. [Yehowa] ani so atua ara nko na monntew, na munnsuro asase no sofo no, na wɔyɛ yɛn aduan; wɔn kataman afi wɔn so, na yɛn de, [Yehowa] di yɛn akyi, munnsuro wɔn.”​—Numeri 13:1​—14:38.

8 Nanso Israel asafo no kɔɔ so ara nwiinwii ma enti Yehowa de ne ho gyee mu na ɔmaa Israelfo a wosuro no kyinkyin sare so mfirihyia 40. Wɔn mmarima a wotumi kɔ ɔko no nyinaa wuwui a wɔanhu Bɔhyɛ Asase no, gye Kaleb ne Yosua nko. Hwɛ kɔkɔbɔ ara a eyi yɛ ma yɛn nnɛ! Mommma yennwiinwii wɔ Yehowa nhyehyɛe ahorow ho. Sɛ yenya asasesin a emu adansedi yɛ den mpo a momma yennya akokoduru na yɛnyɛ den na yɛmfa Ahenni nkwagye asɛm no nkɔ nnipa no afi mu. Mommma yɛnnyɛ sɛ nnɛyi awaefo a sɛ anka wobedi adanse wɔ baguam mmom no, wɔpaw sɛ wobetwiri wɔn nuanom na wɔasan akɔfa wiase​—sɛnkyerɛnne kwan so Misraim​—no akwan so no.​—Numeri 14:1-4, 26-30; Luka 12:45, 46; fa toto Asomafo no Nnwuma 5:27-29, 41, 42 ho.

Wɔma Yehowa Din So!

9. Ɔkwan bɛn so na Yosua traa ase maa ɛne ne din foforo no hyiae?

9 Wɔ akwansrafo 12 a Bible no bobɔ wɔn din no mu no, wɔfrɛ Yosua sɛ Hosea a ase kyerɛ “Nkwagye.” Nanso saa bere yi mu no, kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na Mose frɛɛ Nun ba Hosea sɛ Yosua [a ɛkyerɛ, ‘Yehowa Ne Nkwagye’].” Dɛn nti na Mose sii Yehowa din so dua wɔ ha? Efisɛ ɛyɛ Yosua titiriw na ɔtew saa din no ho. Yosua bɛyɛɛ osetie ho nhwɛso a ɛte ase wɔ ahyɛde a na Mose besi so dua akyiri yi akyerɛ Israel no mu: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” Wɔ saa yɛ mu no, onyaa hokwan de kyerɛɛ sɛ ‘Yehowa ne nkwagye.’​—Numeri 13:8, 16; Deuteronomium 6:5.

10. (a) Dɛn na Yehowa din kyerɛ ma wo? (b) Ahoɔden bɛn na yebetumi anya afi asɛm foforo a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no mu?

10 So ɛnyɛ nea yɛn nso yebu Yehowa din sɛ ɛsom bo kɛse na ɛfata ayeyi nyinaa? Ne din no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ” a ɛfa bɔhyɛ ahorow a ɔbɛma abam ho. Hwɛ sɛnea n’Ahenni bɔhyɛ ahorow no ka koma! Bere a yɛyɛ nnam te sɛ Yosua no, yɛbɛpɛ sɛ yɛma Yehowa din so na yɛka n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ wɔn a wonnya nhuu anidaso a ɛfa ne trenee nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛho tew ho no nyinaa. Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, yebetumi anya ahoɔden wɔ asɛm foforo a Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no mu: “So menhyɛɛ wo anaa? Nya akokoduru na yɛ den. Nsuro na mma wo bo ntu, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn no ka wo ho nea wokɔ nyinaa.”​—Yosua 1:9, NW.a

11. (a) Ɔkwan bɛn so na wosii nea Yesu din kyerɛ no so dua bere a ɔtraa afurum ba so kɔɔ Yerusalem no? (b) Na Yesu bu Yehowa din dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ eyi?

11 Helafo bɔ edin Yosua anaasɛ Yehosua no sɛ Yesu a ɛno nso kyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” Yesu Kristo so na Yehowa nam ma adesamma nya nkwagye. Bere a Yesu traa afurum ba so kɔɔ Yerusalem wɔ 33 Y.B. mu no, nnipadɔm no teɛɛm sɛ: “Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam [Yehowa] din mu reba!” (Marko 11:9; Sakaria 9:9) Ná Yosua te sɛ Yesu a ‘ogyaw yɛn nhwɛso sɛ yenni n’anammɔn akyi’ no ampa. (1 Petro 2:21) Te sɛ Yosua no, Yesu maa Yehowa din yɛɛ nea ɛsom bo na ɔmaa saa din no so. Wɔ mpae a etwa to a ɔne n’asuafo no bɔe mu no, osii Onyankopɔn din no so dua mprenu sɛ: “Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no. . . . Mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ; na ɔdɔ a wode dɔ me no atra wɔn mu, na matra wɔn mu.” (Yohane 17:6, 26) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛda saa din no adi akyerɛ afoforo!

12. Mmaninne bɛn na yɛretwɛn nnɛ, na dɛn ntia?

12 Bere a yɛkenkan Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yosua akanni wɔ nokwaredi mu no ho no, yebetumi ama atra yɛn adwene mu sɛ Yosua Kɛse, Yesu Kristo, redi Onyankopɔn nkurɔfo anim nnɛ. [“Yehowa] da” a wɔde bɛtew ne din ho no abɛn afei. Hwɛ ahopere ara a yɛde hwɛ ne bɔhyɛ a ɛfa trenee nhyehyɛe foforo a ebedi saa da no akyi aba no mmamu kwan! (2 Petro 3:10-13, 17, 18) Ɛnde yɛde ahotoso hwɛ kwan sɛ Yehowa bɛyɛ mmaninne foforo, nea ɛsen nea ɔnam Yosua so yɛe no mpo.

Yehowa Anwonwade Wɔ Yordan

13. (a) Tebea a na ɛte sɛ nea wɔrentumi nyɛ ho hwee bɛn na Israel hyiae wɔ Yordan ano wɔ apuei fam? (b) Ɔkwan bɛn so na Israel nyaa osetie a ɔyɛe no ho akatua?

13 Ná ɛyɛ twabere wɔ afe 1473 A.Y.B. mu, na na Asubɔnten Yordan ayiri. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de akra ɔpepem pii yi, mmofra ne mpanyin, mmarima, ne mmea, atwa asu a ayiri no? Nanso na Yehowa ahyɛ Yosua sɛ: “Sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa.” Ɔman no nso ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nea woahyɛ yɛn nyinaa yɛbɛyɛ.” Israel tu fii ne ntamadan mu. Asɔfo no dii kan a wɔso apam adaka no a wɔakata ho yiye a ɛno na na ɛkyerɛ ka a Yehowa ka wɔn ho no. Afei Yehowa fii ase ‘yɛɛ wɔn mu anwonwade,’ na “wɔn a wɔso adaka no duu Yordan ano na asɔfo a wɔso adaka no anan sii nsu no mu ara pɛ. . . ɛna nsu a efi atifi ba no gyinae.” Na nsu a ɛwɔ anafo no “twa wiei koraa” na ɛkɔ koguu Po a Awu no mu “na ɔman no twae” (Yosua 1:2,16; 3:3-16) Anwonwade mu anwonwade ni ampa!

14. Nsɛso ade bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ, na dɛn na afi adanse a wɔadi no mu aba?

14 Yehu Yordan a na ayiri no nsɛso wɔ adesamma pii a wɔde wɔn ti repempem kɔ ɔsɛe mu wɔ Harmagedon no mu. (Fa toto Yesaia 57:20; Adiyisɛm 17:15 ho.) Ɛnnɛ, bere a adesamma bɛn saa ɔsɛe a ɛtwa to no pɛɛ no, Yehowa hyɛ ne nkurɔfo a mprempren wɔn dodow boro 3,000,000​—nnipa dodow a wobetumi de wɔn atoto Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔne Yosua nam no ho​—no den.​—Fa toto Habakuk 2:3 ho.

15. (a) Dɛn na wɔ nnɛ bere yi mu no ɛte sɛ akokoduru ade a asɔfo no yɛe saa bere no? (b) Henanom na wɔde wɔn yɛ “nnipakuw kɛse” no ho mfonini wɔ eyi mu?

15 Bere a na Israelfo ɔpepem pii no nam subɔnka no mu no, “asɔfo a wɔso apam adaka no gyinaa asase kesee so Yordan mfinimfini pintinn,” de kyerɛɛ gye a Yehowa Nyankopɔn de ne ho agye asɛm no mu no. (Yosua 3:17) Ɛyɛ 1919 mu na Adansefo a wɔasra wɔn kuw ketewa bi de akokoduru gyinaa adesamma “nsu” no ano. Wɔ 1922 mu no, wɔde akokoduru gyee ɔfrɛ a ɛne sɛ ‘wɔmmɔ, wɔmmɔ, wɔmmɔ Ɔhene ne n’Ahenni no ho dawuru’ no so a nea na wɔreka ne sɛ: “Mini, soma me!” Yehowa ma wɔn awerɛhyem sɛ: “Sɛ woretwa nsu a, me ne wo na ɛwɔ hɔ; na sɛ worefa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo nkɔ.” Wɔ 1931 mu no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam denam edin Yehowa Adansefo a ɔde too wɔn so no so. (Yesaia 6:8; 43:2, 12) Wɔn a wɔka ho a wotwaa Yordan no ne Israelfo a wɔnyɛ Lewifo ne “afrafrafo pii” a wɔnyɛ Israelfo no asefo a wɔne Mose fii Misraim no. Saa ara na “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ hɔ nnɛ no nya kyɛfa wɔ twa a wotwa kɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no mu, bere a honhom mu asɔfokuw no nkaefo no gyina ‘pintinn a wonhinhim,’ na wɔde wɔn gyidi no yɛ nhwɛso no.​—Exodus 12:38; Adiyisɛm 7: 9; 1 Korintofo 15:58.

Kae a Wɔkae Anwonwade No

16. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔkaee Yordan anwonwade no? (b) Dɛn na eyi kyerɛ wɔ Yehowa mmaninne ho nnɛ?

16 Yehowa ma wɔkaee Yordan anwonwade yi na ɔhyɛe sɛ mmarima 12 a wogyina hɔ ma Israel mmusuakuw no ntase abo 12 mfi subɔnka no mu na wonkogyaw wɔ nsu no kɔn so wɔ atɔe fam wɔ Gilgal. Na saa abo no bɛyɛ nea ɛwɔ hɔ a ɛbɛma wɔakae Yehowa din ne ne mmaninne no daa. Na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ Israelfo mma a wɔbɛba akyiri yi sɛ nkaede yi yɛ nea ɛbɛma “asase so aman nyinaa ahu [Yehowa] nsa sɛ ɛyɛ den, na moasuro [Yehowa] mo Nyankopɔn nna nyinaa.” (Yosua 4:1-8, 20-24) Wɔ ɛnnɛ bere yi mu no, anwonwade ahorow a Yehowa de akora ne nkurɔfo so a amammui ne nyamesom akannifo ntua ahorow a ano yɛ den ka ho no wɔ hɔ sɛ nkaede a ɛkyerɛ sɛ ɔka ne nkurɔfo ho. Akyinnye biara nni ho sɛ nnwuma akɛse a wayɛ wɔ nnɛ bere yi mu de atew ne din ho no yɛ nea wɔbɛkae daa wɔ ne nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.​—Adiyisɛm 12:15, 16; Dwom 135:6, 13.

17. (a) Nkaede foforo bɛn na Yosua de sii hɔ? (b) Adanse a ɛte saa ara bɛn na adesamma ntumi mmu wɔn ani ngu so nnɛ?

17 Wɔyɛɛ nkaede foforo nso: “Na Yosua momaa abo dumien nso so fii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.”Bere a asɔfo no fii subɔnka no mu na Yehowa gyaa nsu a ano aboaboa no mu no, ɛde ahoɔhare bebu faa adanse abo 12 no ho. (Yosua 4:9) Efi ɛno akyi no na ɛyɛ nea wobehu saa abo no wɔ nsu no mu. Saa ara na nnɛ adesamma de ahoɔhare kɛse rekɔ akogu Harmagedon “Po a Awu” no mu. Nanso wɔrentumi mmu wɔn ani ngu adanse a ɛkyerɛ Yehowa Adansefo dodow a akɔ soro wɔ wiase nyinaa bere a wogyina ‘pintinn honhom koro mu, na wɔde ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no gyidi’ no so. (Filipifo 1:27, 28) Kyerɛwtohɔ ahorow a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wɔ mfirihyia 67 a ebedu afe 1986 yi mu no Adansefo no de nhoma akɛse a ne dodow boro 570,000,000, ne Ɔwɛn-Abam ne Nyan! nsɛmma nhoma no mfuamfua a ɛboro 6,400, 000,000 amema nkurɔfo wɔ wɔn afi mu wɔ wiase nyinaa, wɔ kasa horow bɛyɛ 200 mu, na wɔama nnipa ɔpepepem pii nso akra nsɛmma nhoma no bi​—ɛyɛ adanse kɛse ampa!

18. (a.) Su horow bɛn na asɔfokuw no ayi adi nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔakanyan Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa?

18 Yɛn ani betumi agye sɛ adansedi no akɔ so abedu 1986 afe yi mu. Onyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ no ayɛ adwuma a ɛyɛ den, te sɛ bere a na mmarima 12 no mu biara soaa ne nkaebo koduu Gilgal tɔnn no. Nanso akwampae honhom kɛse ka Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ na ɛkanyan wɔn bere nyinaa ma ‘wonya akokoduru na wɔyɛ den.’​—Dwom 27: 14; 31:24; Sefania 3:9.

19. Bere a yesusuw nsɛm afoforo a esisii wɔ Yosua bere so no ho no, ahotoso bɛn na yebetumi anya?

19 Ɛsɛ sɛ nsɛm afoforo a esisii wɔ Yosua bere so no hyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ yɛn anim a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛyɛ anwonwade afoforo ama ne nkurɔfo. Yɛn adesua a edi hɔ no bɛka eyinom bi ho asɛm.

[Ase hɔ asɛm]

a Asher Goldenberg kyerɛw wɔ Metre and Its Significance in the Bible (Hebri) mu sɛ wɔ Asɔrefi a Edi Kan no bere no mu no, ná din ankasa taa yɛ nea ɛware a wɔde Tetragrammaton no fã bi hyehyɛ mu de kyerɛ nokwaredi ma Yehowa. Ɔka sɛ “wɔ Mose nhoma ahorow anum no mu no, Mose sesa edin Hoshe ben-Nun no yɛ no ‘Yehosua’ bere a ɔsoma no ma ɔkɔhwɛ sɛnea asase no te no; enti odii kan hui sɛ [Yosua] rempa [Yehowa].”

Bere a Yesusuw Nsɛm a Esisii wɔ Yosua Bere So Ho No​—

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu eyi sɛ nea abakɔsɛm ka ara kwa?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya akokoduru ne honhom mu ahoɔden?

◻ Nhwɛso fɛfɛ bɛn na Yosua gyaw maa yɛn?

◻ Akwan horow bɛn so na na Yosua yɛ Yesu ho mfonini?

◻ Nsɛm bɛn na ɛresisi nnɛ a ɛyɛ nea esii wɔ Yordan mu no nsɛso?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

“Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a edi kyinhyia, sɛ mframa anim ntɛtɛwa. Sɛ ogya hyew kwae na ogyaframa taforo mmepɔw ho no, saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa dennen no yi wɔn hu. [Yehowa], ma wɔn ani nwu, na wommisa wo din akyi kwan. Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa, na wɔmmɔ twi daa, na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera, na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”​—Dwom 83:13-18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena