Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 12/1 kr. 15-20
  • Yehowa Din Di Nim Dɛn Ara!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Din Di Nim Dɛn Ara!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Rahab Ne Ne Fifo
  • Yeriko​—Kan No Ne Nnɛ
  • Atemmu
  • Ɔwaefo Di Nkogu
  • “Wɔnam Nnwuma so Buu No Bem”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Rahab—Wɔnam Gyidi Nnwuma So Buu No Treneeni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Rahab De Akwansrafo No Siei
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Rahab Nyaa Yehowa Mu Gyidi
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 12/1 kr. 15-20

Yehowa Din Di Nim Dɛn Ara!

‘[Yehowa], yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so!​—DWOM 8:1, 9.

1. Dɛn nti na Yehowa maa asase no ‘fee’ Kanaanfo no?

AWIEI koraa, wɔ 1473 A.Y.B. mu no, Israel duu bɔhyɛ asase no so. Nanso na teokrase akodi wɔ mfe pii mu da wɔn anim, efisɛ na ɛsɛ sɛ woyi asase no sofo a wɔn bia asɛe no fi hɔ. So na Kanaanfo no yɛ abɔnefo ankasa saa? Yiw na wonnye! Na wɔn abosonsom ne wɔn ɔbrasɛe no yɛ akyide wɔ Yehowa ani so na na ɛyɛ asiane ma Onyankopɔn nkurɔfo. Enti, Onyankopɔn maa Mose bɔɔ dawuru sɛ Ɔde ne man kronkron, Israel, bedi dwuma sɛ Ne brafo. Enti na Yehowa bɛma asase no ‘afe’ saa aman a wɔn ho ntew ‘no agu’​—Leviticus 18:1-30; Deuteronomium 12:29-32.

2. “Aba” bɛn na wiase nyamesom nhyehyɛe ahorow no asow?

2 Ɛnnɛ nso, ebia yebebisa sɛ, Sɔ wiase yi asɛe saa a enti ɛsɛ sɛ wɔsɛe no? Na wiase no nyamesom ahorow no nso ɛ? Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛnyɛ nea wɔhyɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam. Nnipa a wɔwɔ Kristoman mu no agyaw no, ‘ɔno a ɔyɛ nkwa nsuti no, sɛ wɔkɔbɔre mmura a apaapae a entumi nnyina nsu.’ (Yeremia 2:13) Nokware “nsu” biara nni wɔn asɔreasɔre no gyidi ahorow no mu. Wɔada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wiase no fã denam gyina a wogyina n’akodi ne n’amammuisɛm akyi na egye n’abrabɔ kwan a ɛnam so no tom no so. Sɛnea Yesu kae no, “wɔn aba” na wɔde behu wɔn.​—Mateo 7:16, 17; fa toto Galatifo 6:7, 8 ho.

3. Dɛn na afi bu a wiase no bu Onyankopɔn mmara so no mu aba?

3 Na wiase no abrabɔ nso ɛ? Wɔ nnansa yi mfe no mu no, nyinsɛn a woyi gu, mmofra a wonnyinii a wonyinsɛn, ne mmusua ahorow a emu apaapae no dodow akɔ soro wɔ wiase nyinaa, titiriw no, wɔ nsase a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no so. Wɔ aman bi mu no, aware ahorow no mu fã kowie awaregu mu. Ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene foforo a ɛbaa so wɔ 1950 mfe no mu no yɛ nea nsɛm afoforo a ɛyɛ awerɛhow afi mu aba. Wɔdaa eyinom mu biako adi wɔ The New York Times, June 13, 1986 de no mu wɔ anim hɔ asɛmti bi a ese: “YƐHWƐ KWAN SƐ EBEDU 1991 NO NA NNIPA A AIDS AKUM WƆN NO DODOW ABU ABƆ HO MPƐN 10” no ase. Asɛm no kyerɛe sɛ ebedu 1991 no na nnipa dodow a AIDS (ɔyare a nipadua no ntumi nko ntia) ayɛ wɔn wɔ United States nkutoo no bɛboro 100,000 a ka a wɔbɛbɔ wɔ ho afe biara yɛ dɔla ɔpepepem 16. Nea ɛde ɔyare a ɛyɛ hu yi ba titiriw ne mmarima a wɔne wɔn ho da mmea nna, nnubɔne a wɔde di dwuma, ne mogya a wɔde ma​—a ne nyinaa yɛ nea wɔde bu Onyankopɔn mmara so.​—1 Korintofo 6:9, 10; Galatifo 5:19,20; Asomafo no Nnwuma 15:19, 20.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsono yɛn sa a yetu no wɔ Israel de wɔ Yosua bere so no ho? (b) Ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a wɔwɔ wiase no bɔ kodu, na dɛn ntia?

4 Wɔ Yosua bere so no, Yehowa somaa Ne man kronkron no sɛ wɔnkɔpopa Bɔhyɛ Asase no so denam ɔko ankasa so. Ɛnnɛ, yɛn ɔko noyɛ honhom mu de. (2 Korintofo 10:3, 4) Yɛn Yehowa Adansefo de, yɛmfa basabasayɛ kwan so nyi wɔn a wobu Onyankopɔn mmara so no mfi hɔ. Yehowa ankasa beyi wɔn afi hɔ wɔ ne bere a ɛsɛ mu wɔ n’ankasa ne kwan so. (Deuteronomium 32:41, 43) Yɛne nnipa a wɔmfa nnyinasosɛm nni dwuma mmɔ fekuw a emu yɛ den, ɛwom sɛ yebetumi ayi ɔdɔ ankasa adi akyerɛ wɔn denam Ahenni no ho asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ wɔn no so de. (1 Korintofo 15:33) Yɛne wɔn betumi asua Onyankopɔn Asɛm no na yɛahyɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnsakra wɔn adwene na wɔnnan wɔn ho na wɔapopa wɔn bɔne.’​—Asomafo no Nnwuma 3:19; Mateo 21:31, 32; Luka 5:27-32.

Rahab Ne Ne Fifo

5, 6. (a) Dɛn nti na akwansrafo no kɔɔ Yeriko, ne Rahab fi? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa taa fa gye mmoa ho sufrɛ so nnɛ? (d) Ɔkwan bɛn so na Rahab daa no adi sɛ ɔyɛ “asomdwoe ba”?

5 Ansa na Israel retwa Yordan Asubɔnten no mpo no, na Yehowa atwe adwene asi Yeriko kurow no so. Yosua somaa akwansrafo baanu a wogyina hɔ ma Israel nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkɔhwɛ Yeriko? Ɛwom sɛ na kurow no sua a ɛrentumi nnyina Israel dɔm no anim de, nanso na ɛne kurow a ɛyɛ den a ɛbɔ Kanaan ho ban. Sɛnea nneɛma kɔɔ so no, kɔ a akwansrafo kɔɔ hɔ no maa wɔn a wɔwɔ Yeriko no nyaa hokwan de kyerɛe pefee sɛ ɛyɛ nea wɔwɔ Yehowa afã anaasɛ wɔsɔre tia no. “Na [akwansrafo no] siim kɔe, na woduu ɔbea aguaman bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.” (Yosua 2:1-7) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsoro honhom na ɛkyerɛɛ akwansrafo no kwan kɔɔ Rahab fie, te sɛ nea mpɛn pii abɔfo kyerɛ Yehowa Adansefo kwan kɔ nnipa a wɔbɔ mpae hwehwɛ ɔsoro mmoa nkyɛn nnɛ no! “[Yehowa] ani wɔ treneefo so, na n’aso tie wɔn sufrɛ.”​—Dwom 34:15; hwɛ 2 Beresosɛm 16:9 nso.

6 Dɛn nti na saa akwansrafo no kɔɔ ɔbea aguaman no fi? Ɛnyɛ sɛ na wɔrekobu bra bɔne nti, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ a ebia wɔbɛdaadaa Kanaanfo a wobehu wɔn no. Asɛm a Rahab ka kyerɛɛ akwansrafo no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea na ɔwɔ ɔbrasɛe adwene biara wɔ wɔn ho. Esiane sɛ na onim sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo nti, naobetumi aka ɔpɛ kɛse a ɔwɔ sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yehowa somfo no ho asɛm akyerɛ wɔn. Ɔde ne nkwa too asiane mu mpo denam sie a ɔde wɔn siee ɔdan atifi no so. Ná ɔte sɛ “nguanten” a wɔwɔ Yesu bɛ no mu a wɔyɛɛ Awurade no “nuanom” no yiye no. (Mateo 25:31-46) Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ ade nyansam no, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛkɔ ‘asomdwoe mma’ a wɔyɛ anigyefo a wɔte sɛɛ nkyɛn na wɔne wɔn asua Bible no.​—Luka 10:5-7.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Rahab daa gyidi a ɔwɔ wɔ Yehowa mu adi? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ afoforofo yi adi nnɛ, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade dɛn?

7 Na Rahab ate Yehowa mmaninne no ho asɛm. Ɔdaa gyidi a ɔwɔ adi kyerɛɛ akwansrafo a ɔde wɔn siei no sɛ: “Minim sɛ [Yehowa] de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma atutu mo anim.” Bere a Rahab aka nsɛm a wate afa Yehowa mmaninne ho akyi no, ɔtoaa so sɛ: “[Yehowa] mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam. Na afei monka me [Yehowa] ntam sɛ mayɛ mo yiye yi, mo nso mobɛyɛ m’agya ofi yiye, na momma me nokware sɛnkyerɛnne.” (Yosua 2:9-13) Te sɛ Rahab no, ɛho nhia sɛ afoforofo a wɔresua Onyankopɔn nokware no nnɛ suro esiane atɛn a abɛn sɛ wobebu wɔ “[Yehowa] da” no mu nti no bio. (Sefania 1:14-18) Mmom no, wɔdan fi wiase no akwan so na wɔhwehwɛ mmoa fi Yehowa Adansefo hɔ wɔ nkwagye a wobenya ho.​—Dwom 3:6-8; Mmebusɛm 18:10.

8. (a) Dɛn na wɔde “asaawa kɔkɔɔ hama” a Rahab de sɛn ne mfɛnsere akyi no yɛɛ ho mfonini? (b) Dɛn nti na wobuu Rahab trenee, na dɛn na efii mu bae?

8 Sɛnkyerɛnne a akwansrafo no de maa Rahab no yɛ “asaawa kɔkɔɔ hama” a ɔde bɛkyekyere ne mfɛnsere a akwansrafo no faa mu guanee no akyi no. (Yosua 2:17-21) Esiane sɛ Rahab de sɛnkyerɛnne yi bɔɔ hɔ nti, na wɔbɛkora ne fi no so bere a wɔresɛe Yeriko no. Saa ara na nnɛ nso wɔn a woyi gyidi adi te sɛ Rahab no da wɔn ho adi ma nkwagye sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ. Adiyisɛm 7:9, 10, 14 ka wɔn ho asɛm sɛ “nnipakuw kɛse” a “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu.” Wonya Yesu afɔrebɔ mogya no mu gyidi na wɔde Kristofo nnwuma ka eyi ho. (Romafo 10:9, 10) Yɛkenkan wɔ Yakobo 2:24, 25 sɛ:“Muhu sɛ efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu. Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu aguaman Rahab bem sɛ ogyee abɔfo no na ɔmaa wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?”

9. (a) Dɛn ne “nnwuma” a Rahab yɛe no? (b) Dɛn na afi adanse a wodi wɔ akokoduru so nnɛ no mu aba?

9 Nea na ɛka Rahab “nnwuma” no ho ne akwansrafo no a ɔbɔɔ wɔn ho ban ne afoforo a ɔboaboaa wɔn ano wɔ ne fi maa nkwagye no. Saa ara na “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani abere de nokwaredi reboa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔasra no no bere a kuw yi de honhom mu ‘aduan ma wɔ bere a ɛsɛ mu’ na wɔhwɛ wiase nyinaa Ahenni adansedi adwuma no so no. (Mateo 24:45-47) Wɔ Rahab fam no, ɔde akokoduru dii adanse kyerɛɛ n’agya fifo​—ná ɛyɛ adeyɛ a asiane wom, efisɛ anka wobetumi ayi no ama. (Fa toto Mateo 10:32-36 ho.) Saa ara na wɔ nsase pii a ɔsɔretia wɔ hɔ nnɛ so no, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo de akokoduru di adanse. Nea afi eyi mu aba ne anoboaboa kɛse a ama mpɛn pii mmusua mũ fi Babilon Kɛse no mu na wobegyina Yehowa ɔsom kronn afã no.​—Dwom 73:28; 107:21, 22.

Yeriko​—Kan No Ne Nnɛ

10. Na adwene titiriw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde si Yeriko so?

10 Momma yɛnhwɛ nsɛm a esisii yi wɔ ɔkwan foforo so. “Na Yeriko de, wɔato mu na wɔabram ano Israelfo no anim. Obi mfi adi na obi mma mu.” Eyi ne Kanaanfo kurow a edi kan a Yehowa atemmu afoa baa so. Esiane ɛno nti, sɛ́ aba a edi kan a wɔahyira so ama Yehowa no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ no yiye. Yosua kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na nkurow no nyɛ ahyirade, ɛno ne emu ade nyinaa, mma [Yehowa].”​—Yosua 6:1, 17; fa toto Exodus 22:29; Leviticus 27:26 ho.

11. (a) Nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn na yehu nnɛ? (b) Ma ‘ehu’ a aka Babilon Kɛse no ho nhwɛso.

11 Hwɛ sɛnea eyi ne Babilon Kɛse a ɛyɛ wiase atoro som ahemman a ne nnebɔne wɔ afeha a ɛto so 20 a mogya ayɛ no ma yi mu no adu ne mpɔmpɔn so no hyia yiye! Abɔ mmɔden sɛ ɛbɛtow n’apon mu na amma Yehowa Adansefo annya kwan amma mu. Sɛnea Rahab kae no, Onyankopɔn nkurɔfo “ho hu” atɔ ne so. Sɛ nhwɛso no, na Italy atesɛm krataa La Repubblica a wotintim no November 12, 1985, no kura asɛmti bi a ɛne “ASƆRE NO DE AKOMATU TEƐM TIA YEHOWA ADANSEFO.” Asɛm no kaa nhyiam bi a Roma Katolek Asɔre no mpanyimfo nyaa mu kyɛfa a wɔyɛe wɔ Bologna sɛ wɔde besiw Yehowa Adansefo “ho hu” no ano no ho asɛm. Paapa no kyerɛw krataa de kɔhyɛɛ wɔn nkuran na ɔkyerɛe sɛ ogyina wɔn akyi. Nea wɔkae ne sɛ: “Wɔadɔɔso wɔ wiase nyinaa dedaw,” na wɔkae sɛ “afei asɔre no bɛboaboa ne ho” na adi “asiane” yi ho dwuma. Nanso so ebetumi ayɛ saa?​—Yeremia 1:17-19.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na adwene a Babilon Kɛse no wɔ wɔ ‘onyame’ ho no ne nokware no bɔ abira? (b) Dɛn nti na Yehowa bɛko ama n’adansefo?

12 Babilon Kɛse no gye anyame ahorow pii di, a efi Kristoman Baasakoro no so kosi Apuei Famfo nyamesom anyame ɔpepem pii no so. Ansa na Mose de adwuma rehyɛ Yosua nsa no, na wadi kan aka sɛ: “Israel, tie, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa] koro.” Ɛnnɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔrema “Nyankopɔn ne Agya biako” no din no so. (Deuteronomium 6:4; Efesofo 4:6) Yehowa bɛko ama yɛn te sɛ nea ɔyɛe wɔ Yosua ne akannifo anokwafo afoforo a na wɔwɔ Israel no bere so no.​—2 Beresosɛm 20:15, 17; 32:7, 8; Yesaia 54:17.

Atemmu

13. (a) Nsɛm bɛn na esisii ansa na wɔreka Yeriko ahyem? (b) Ne nsɛso ahorow bɛn na yehu nnɛ?

13 Yosua siesiee ne ho yiye maa Yeriko nkahyem no. Otwaa mmarima a wonyinii wɔ sare no so no twetia. Na eyi yɛ yi a wɔreyi biribiara a ebetumi agye wɔn asabawmu wɔ koma nyinaa mu a wobefi de wɔn ho ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne (Deuteronomium 10:16; 30:5, 6) Wofii ase dii Twam Afahyɛ no bio. Ɔman no fii ase dii asase no so aduan bere a mana a wɔnam anwonwa kwan so de maa wɔn no to twae no. Bio nso, “[Yehowa] dɔm so safohene” a akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Logos no a na onnya mmaa asase so no, yii ne ho adi kyerɛe Yosua na ɔhyɛɛ no den. Na Yosua fi ahobrɛase mu gyee wɔ a saa onii no wɔ hɔ no toom. Wɔ eyi nyinaa mu no, yetumi hu ne nsɛso bi wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ osuahu no mu bere a wɔde wɔn ho asi hɔ ama adwuma a ɛwɔ hɔ no. Honhom mu aduan no abɛyɛ nea wɔdannan mu a ahoɔden wom bere a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kɔ anim nkakrankakra wɔ Awurade Yesu Kristo akwankyerɛ ase no.​—Yosua 5:1-5.

14. Akwan a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yehowa ma wɔfaa so wɔ Yeriko nkahyem no mu?

14 Afei hwɛ sɛnea wotu sa no. Yehowa ma wɔfa ɔkwan a ɛyɛ nwonwa koraa so ampa! Da biara Israel asɔfo twa Yeriko ho hyia nna asia a wɔso adaka no a ɛkyerɛ ka a Yehowa ka wɔn ho. Asɔfo baason a wɔrebɔ osebɔ torobɛnto di wɔn anim na Israel asraafo di wɔn nyinaa anim ne wɔn akyi. Nanso da a ɛto so ason no, ‘wotuaa ahema sɔree ntɛm’ na wotwaa kurow no ho hyiae mpɛn ason. Hwɛ sɛnea Yerikofo no ho bɛpopo!​—Yosua 6:2-15.

15. Ne nsɛso bɛn na wohu wɔ Yehowa Adansefo dwumadi mu nnɛ?

15 Yehu eyi nsɛso a ɛyɛ nwonwa wɔ nea Yehowa Adansefo reyɛ nnɛ wɔ wiase nyinaa no mu. Yɛn Ahenni adwuma no mu atrɛw kɛse nnansa yi. Wɔ mfe anum mu de besi 1985 no, akwampaefo no dodow kɔɔ anim ɔha biara mu ɔha ma wɔsan nyaa 34 wɔ akyiri. Akwampaefo dɔm ne Ahenni adawurubɔfo anokwafo afoforo sɔre “ntɛm” na wonya Yehowa atemmu ho dawuru a wɔbɔ no mu kyɛfa nnam so. Wɔ Kristoman akannifo fam no, saa Adansefo yi yɛ “ɔman bi a wɔdɔɔso na wɔyɛ den.” Asɔfo no “anim sinsiam” bere a wohu sɛ nokware no ho dawuru a wɔbɔ no remma koma pafo pii afi wɔn nkyɛn abegyina Yehowa afã no.​—Yoel 2:1-3, 6.

16. (a) Anwonwade ahorow bɛn na ɛhyɛɛ Yeriko asehwe no agyirae? (b) Ɔkwan bɛn so na Rahab nyaa ne gyidi no so akatua?

16 Awiei koraa no Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mommɔ ose, efisɛ [Yehowa] de kurow no ama mo.” Wohuro na wɔbɔ ose kɛse. Asase no wosow na​—anwonwade mu anwonwade​—Yeriko afasu no hwe fam. Wɔ osetieyɛ mu no, Israelfo no kɔɔ wɔn anim tẽẽ na wɔsɛee biribiara a nkwa wom wɔ kurow no mu. Wɔde ogya hyewee. Nanso hwɛ! Kurow no afasu fã ketewaa bi da so ara gyina hɔ na asaawa kɔkɔɔ sɛn ne mfɛnsere akyi. Rahab ne n’agya fifo fii adi a hwee nyɛɛ wɔn. Akyiri yi Rahab nya ne gyidi no so akatua foforo na ɔbɛyɛ Israelni Salmon no yere ne Yesu Kristo nanabea.​—Yosua 6:16-26; Mateo 1:5.

17. Anwonwade ahorow yi yɛ dɛn ho mfonini?

17 Na [Yehowa]dii Yosua akyi, na wɔtee ne nka asase nyinaa so.” Saa ara na wɔbɛtew Yehowa din kɛse no ho bere a wɔsɛe Babilon Kɛse no na n’ahonyade ne n’anuonyam fi ne nsa bere a “ahohiahia kɛse” no fi ase no.​—Yosua 6:27; Adiyisɛm 17:16; 18:9, 10, 15-17; Mateo 24:21, 22.

Ɔwaefo Di Nkogu

18. (a) Dɛn nti na ‘ɔman no koma fii ase tui’? (b) Yosua yɛɛ n’ade dɛn wɔ saa ɔhaw no ho?

18 Bere a wɔbɔɔ nkonimdi ho ose wɔ Yeriko no akyi bere tiaa bi no, asɛm a ɛyɛ nwonwa bi sii. Wodii asraafo dɔm a Yosua somaa wɔn sɛ wɔnkɔsɛe Ai kurow a ɛbɛn no so nkonim! “Na ɔman no koma tui, na ɛyɛɛ sɛ nsu.” Yosua a na wɔayɛ basaa no teɛɛm bɔɔ mpae sɛ: “ [Amansan Hene Yehowa], . . dɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛse no?”​—Yosua 7:2-9.

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yii Akan animguasede no fii hɔ, na awerɛhyem bɛn na eyi maa Yosua nyae? (b) Ne nnɛyi nsɛso bɛn na yebetumi ahu?

19 Afei Yehowa daa no adi kyerɛɛ Yosua sɛ wɔayɛ ‘animguasede’ bi wɔ Israel. Wohui sɛ Akan a ofi Yuda abusua mu no na ɔyɛɛ saa bɔne no. Owiaa Yeriko asade no mu “fɛfɛ” bi, Babilonfo atade bi ne sika ne dwetɛ. Yehowa de ‘ɔhaw baa’ Akan so, na wosiw ɔne n’abusuafo abo. Afei wɔde ogya hyew wɔne wɔn nneɛma nyinaa. Na sɛ́ saa Yehowa atemmu no ho adanse a ɛbɛtra hɔ daa no, wɔhɔree Akan so abosiw kɛse na wɔfrɛɛ saa beae no “Akor Bon” a ase kyerɛ “Ɔhaw.” Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua bio sɛ: “Nsuro, na mma wo bo ntu.” Wɔmaa Yehowa din so efisɛ Yosua anni nkogu bio wɔ ɔsa mu.​—Yosua 7:10-8:1.

20 So Akan bɔne no nsɛso bi wɔ hɔ nnɛ? Yiw, ebi wɔ hɔ. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ “mpataku bɔne” a wobebu wɔn ani agu teokrase nhyehyɛe so na wɔayɛ nea wɔn ankasa pɛ ho. Efi 1919 no, saa adifudepɛfo yi bi ada wɔn ho adi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu efi bere kɔ bere mu. Sɛ nnansa yi ara nhwɛso no, wɔ 1970 mfe no mfinimfini mu hɔ no, mpanyimfo atitiriw no bi bɛyɛɛ ahantan. Ná wɔte nka sɛ ɛmfata wɔn sɛ wobedi adanse wɔ afie afie mu, aka Ahenni no ho asɛm de adi Yesu asomafo no nhwɛso no akyi. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20, 21, 29, 30) Wɔ wɔn fam no, na eye ma wɔn sɛ wɔbɛsan akɔ Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow no mu. Wofi anifere mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma afoforo adwene mu ayɛ wɔn naa wɔ “nna a edi akyiri” no ho na wɔama Yehowa Adansefo adwuma no ano abrɛ ase. (2 Petro 3:3, 4) Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ wotu wɔn.​—2 Yohane 10, 11; Fa toto Filipifo 1:15-17; Hebrifo 6:4-8 ho.

21. (a) Dɛn na ebetumi aba sɛ ɛyɛ ade biako nti a adwuma no kɔɔ fam wɔ 1970 mfe no awiei mu hɔ no? (b) Dɛn na ebia aboa ama adwuma no ‘ayɛ ntɛm’ fi saa bere no?

21 July 15, 1979 Watchtower no daa Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm a yɛn afie afie som adwuma no wɔ ne hia a ɛho hia no adi pefee wɔ mu. Adansefo anokwafo de ahoɔden kɔɔ wɔn anim hyɛn 1980 mfe no mu! Ebetumi aba sɛ awaefo kakraa bi a na wɔwɔ hɔ no ka ho na ɛmaa Yehowa adwuma no kɔɔ fam wɔ ɛde rekɔ 1970 mfe no awiei mu hɔ no​—bere a Yehowa Adansefo a wɔyɛ ɔsom adwuma no afe afe akontaabu no kɔɔ fam ɔha biara mu 1 no. Nanso nkɔso a ɛba afe biara wɔ mfe anum a atwam no mu no boro ɔha biara mu 6. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow kɔɔ soro koduu 3,024,131 wɔ 1985 mu bere a wɔ 1975 mu no na wɔyɛ 2,179,256. Yehowa kɔ so ara ma n’adwuma no ‘yɛ ntɛm’!​—Yesaia 54:2, 3; 60:22.

22. Bere a yɛkɔ so hwɛ Yosua nhoma no mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ Yehowa din ho?

22 Ampa, Yehowa din adi nim wɔ asase nyinaa so! Nanso wɔnam Yosua nhoma no so ‘ka’ pii kyerɛ yɛn, sɛnea yebehu afei no.​—Yesaia 42:8, 9.

Wɔ Yosua Nhoma no Mu No​—

◻ Nsusuwso bɛn na yehu wɔ wiase no mu nnɛ?Dɛn na yesua fi kyerɛwtohɔ a ɛfa Rahab ho no mu?

◻ Dɛn na yehu a ɛyɛ yɛn adwuma a anya nkɔso no nsɛso?

◻ Dɛn na wɔde Yeriko asehwe no yɛɛ ho mfonini?

◻ Dɛn na Akan bɔne no ho dwuma a wodii no kyerɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena