‘Ɔkɔ N’anim Nokware Mu’
“Na fa w’anim kodi nkonim; kɔ w’anim wɔ nokware ne ahobrɛase ne trenee mu, na wo nsa nifa bɛkyerɛkyerɛ wo wɔ nneɛma a ɛyɛ hu mu.”—DWOM 45:4, New World Translation.
1, 2. (a) Asɛm bɛn na ɛmaa odwontofo no dii ahurusi no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asɛm koro no ara kanyan yɛn?
NÁ ANWENSƐM kyerɛwfo ne odwontofo no ho pere no sɛ obefi ne nnwonto no ase. Ná nniso a ɛyɛ papa a ɛwɔ sodifo treneefo bi a onwu nsam no ho akwanhwɛ no mu yɛ den kɛse. Na ɔrentumi mmua n’ano. Bere a odwontofo no ntumi nhyɛ ne ho so bio no, ɔteɛɛm kaa saa asɛm yi: “Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so. Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no! Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare krammɛn.” (Dwom 45:1) Anwensɛm kyerɛwfo a ɔyɛ odwontofo yi awu bere tenten ni. Nanso ne dwom a ɛyɛ nkɔmhyɛ no da so ara wɔ hɔ, na tumi a ɛwom no nyɛɛ kɛse da sɛ nnɛ.—Fa toto Kolosefo 3:16 ho.
2 Dɛn ne “asɛmpa” a ɛyɛɛ odwontofo no koma ma buu so no? Ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho! Ahenni nkrasɛm no yɛ “asɛmpa” araa ma ɛfata sɛ ‘wɔka wɔ wiase nyinaa de di amanaman nyinaa adanse’ ansa na saa amanaman no “awiei” aba. (Mateo 24:14) Ɛnnɛ, so Onyankopɔn Mesia Ahenni no asɛmti a ɛyɛ “asɛmpa” no ayɛ wo koma ma abu so? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa. Dɛn ntia? Efisɛ Hebri adeyɛ kasa a wɔkyerɛ ase “ayɛ ma” (ra·chashʹ) no kyerɛ ahurusidi, te sɛ nsu bi a ɛrehuru. Ɛkyerɛ mã-yɛ nso. Na kae sɛ, yɛn Kannifo, Yesu Kristo, kae sɛ: “Efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka.” (Luka 6:45) Enti, te sɛ odwontofo no, so wowɔ koma a “asɛmpa” ayɛ no ma ma ɛrebu so? Sɛ saa a, ɛnde biribi nni hɔ a ebesiw wo kwan wɔ saa nokware a ɛsen biara yi a wobɛto no sɛ dwom yi no mu: Yesu Kristo redi hene wɔ Onyankopɔn Ahenni mu!
Nokware Ho Dwom No Mu A Wɔtrɛw
3. Akwan atitiriw abien bɛn so na wɔnam trɛw Ahenni asɛmpa no mu nnɛ?
3 Ɔkwan bɛn so na wobetumi atrɛw ɔhene dwom yi mu? Ɛdenam honhom kronkron no so no, odwontofo no tɛkrɛma bɛyɛɛ te sɛ “krammɛn” wɔ Yehowa nsam. (Fa toto 2 Samuel 23:2 ho.) Wɔtoo ne nnwom a wakyerɛw no maa Yehowa tete asomfo nyinaa tee. Yɛn nso yebetumi adi nokware no mu akoten nnɛ wɔ akwan ahorow abien a ɛte saa ara so. Nea edi kan no, ɛdenam yɛn nsɛm a wɔte wɔ asɛnka mu no so, na nea ɛto so abien no nam yɛn nsɛm a wɔkenkan wɔ yɛn nhoma ahorow mu no so. Enti, bere a yɛkyekyɛ nhoma ahorow a egyina Bible so yi no, na yɛreka nsɛm a nnipa kronkron a honhom kaa wɔn no kae no ara bi. (2 Timoteo 3:16; 2 Petro 1:20, 21) Na ɛnnɛ Ahenni nkrasɛm a wɔatintim no dodow a wɔkyekyɛ ne kasa horow a wayɛ saa wom wɔ ahoɔhare mu no yɛ nea odwontofo no ansusuw ho da. So worenya kyɛfa daa wɔ ne kyekyɛ mu, titiriw denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no a wɔde ma so?
4. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristo ‘ho ayɛ fɛ sen nnipa mma’? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɛnfo kuw a wɔasra no no suasua ‘Kristo ano dom’ no?
4 Yehowa Hene no adiyi no kanyan odwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.” (Dwom 45:2) Efi da a wɔde Onyankopɔn honhom sraa Yesu no, ɔkɔɔ so de n’ano kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm daa kosii sɛ Satan adwumayɛ mafo a wɔyɛ nnipa no bɔɔ n’ano wɔ bere tiaa bi mu no. Esiane Yesu nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no daa denam nyan a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no so sen abɔde afoforo a aka nyinaa no so. (Filipifo 2:8-11) Efi bere a wɔhyɛɛ Yesu anuonyam wɔ ɔsoro ma ɔbɛyɛɛ ‘Onyankopɔn su sɛso’ no, ne ho ayɛ fɛ kɛse sen sodifo a wɔama no so sen biara, sɛ́ saa sodifo no yɛ ɔdesani anaa ɔbɔfo no. (Hebrifo 1:3, 4) Afei sɛ ɔhene a ɔte ahengua so no, Yesu ma ɔwɛnfo kuw a wɔasra wɔn no ne wɔn mfɛfo no ano yɛ den ma wɔto Ahenni ho asɛmpa no sɛ dwom akokoduru so. Nanso eyi yɛ ɔko dwom nso.
5, 6. (a) Dɛn na Kristo ‘anim a ɔkɔ wɔ nokware mu’ no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɛnfo kuw no de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! di dwuma?
5 Afei odwontofo no ka kyerɛ ɔhene a ɔredi so no sɛ: “Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, na fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. Na fa w’ahensɛm no kɔ w’anim; kɔ anim wɔ nokware ne ahobrɛase ne trenee mu, na wo nifa bɛkyerɛkyerɛ wo wɔ nneɛma a ɛyɛ hu mu.” (Dwom 45:3, 4, NW) Efi 1914 na Kristo atra akodi pɔnkɔ so a wayɛ krado rebedi dwuma. (Adiyisɛm 6:1, 2) Ɔde afoa abɔ n’asen—a ɛyɛ ɔko ne tumi ne ahoɔden a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnsɛe amanaman a wɔsɔre tia no no ho sɛnkyerɛnne. Kristo ako atia Satan ne n’adaemone no dedaw, na watu wɔn afi ɔsoro aba asase so.—Adiyisɛm 12:1-13.
6 Nanso, ansa na asomdwoe betumi aba no, ɛsɛ sɛ ɔhene no de ne nsa nifa yɛ nneɛma a ɛyɛ hu sen eyi bere a ‘ɔkɔ n’anim wɔ nokware mu’ na ɔsɛe Onyankopɔn atamfo a wɔwɔ asase so nyinaa wɔ Harmagedon no. (Dwom 45:4; Adiyisɛm 16:14; 19:17, 18) Kristo ama ɔwɛnfo kuw a wɔasra wɔn no nso akokoduru sɛ wɔmfa nto saa kɔkɔbɔ dwom no. Dɛn na “ɔwɛnfo” no de di dwuma na ama ne nne atumi adu akyiri? Titiriw no, ɔnam Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma—nea ɛsen foforo biara wɔ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho dawurubɔ mu no so. Te sɛ mmoadabi a wɔte sɛ nkekantwɛre a wɔwɔ hweti no, ɔwɛnfo kuw no nso wɔ honhom koro no ara a ɛkanyan Kristo ma “ɔkɔ n’anim wɔ nokware mu” no bi. (Adiyisɛm 9:7-11) Wofi ahokokaw mu de nsɛmma nhoma ahorow no—Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—a wosiesie wɔ “ɔwɛnfo” no akwankyerɛ ase no di dwuma “wɔ nokware mu.”—Mateo 24:45; Fa toto Adiyisɛm 9:16-19 ho.
‘Ɔkɔ N’anim Wɔ Nokware Mu’
7. Ɔkwan a ano yɛ den bɛn so na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ma Bible mu nokware nya nkɔso?
7 Ɔwɛn-Aban no adi ‘Ahenni nokware’ no mu akoten bɛboro mfirihyia ɔha ni. Efi ahokokwaw mu de Onyankopɔn Asɛm no di dwuma sɛ afoa de pa atoro nyamesom mu kyerɛkyerɛ nyinaa ho ntama (Fa toto Efesofo 6:17; Hebrifo 4:12 ho.) Nyan! nsɛmma nhoma no nso ka nokware no ho asɛm. Sɛ wɔreka nsɛm a esisi wɔ nnansa yi mfe no mu ho asɛm ‘a, Nyan! hwirehwirow nkataanim a ɛkata nyansahu ne asetra ne abrabɔ mu nneɛma a egu Bible no anim ase no mu. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛde saa nsɛmma nhoma ahorow yi amoma nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛte Ahenni nkrasɛm a ɛma nkwa no?
8, 9. Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Efesofo 5:16 no a wode bedi dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ho bɛboa wo ma nsɛmma nhoma adansedi “ahyɛ wo koma ma abu so”? Ma nhwɛso.
8 Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu nsɛm ‘hyɛ wɔn a wɔdɔ nokware nyinaa koma ma.’ Ɔkwan bɛn so? Sɛ wo nsa ka a, dɛn nti na wonkenkan no ntɛm ara? Mfe du ni na onuawa bi a wɔfrɛ no Lilian ka kyerɛɛ ne ho sɛ: ‘Sɛ mankenkan yɛn nsɛmma nhoma ahorow no anwie a, merenkenkan wiase nsɛmma nhoma anaa nhoma foforo biara.’ Ɔda so ara di nokware wɔ saa tirimbɔ no ho. (Mateo 6:33) Sɛ wokenkan wie a, dɛn na wubetumi ayɛ bio? Ka emu nsɛm no kyerɛ afoforo—abusuafo ne asafo no mufo. Ɛsɛ sɛ eyi ka wo nso ma wobɔ mmɔden de nsɛmma nhoma no di adanse sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛka nneɛma pa a woakenkan no akyerɛ w’afipamfo. Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wunya nsɛmma nhoma adansedi mu kyɛfa dapɛn biara na wode kɔma w’afipamfo wɔ wɔn afi mu. Wobetumi de eyi atoto ɔkwan a ɔsomafo Paulo faa so “dii adanse fefeefe” no ho.—Asomafo no Nnwuma 20:20, 21, NW.
9 Peter ne ne yere Petra asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Afrika man bi mu wɔ mfe anan a atwam no mu. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ayɛ akwan atitiriw a wɔfa so nya honhom mu ahoɔden no mu biako. Petra se: “Ɔwɛn-Aban no boa yɛn ma yɛn ani ba yɛn ho so honhom mu wɔ yɛn asasesin no mu.” Peter de ka ho sɛ: “Yenya nkuranhyɛ ne ahoɔden fi Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu biara mu, na bere biara a nsɛmma nhoma ahorow yi bɛba no, ɛyɛ yɛn te sɛ nea yɛanya krataa a efi fie.” (Fa toto Dwom 46:1 ho.) So wowɔ anisɔ a emu dɔ saa ara ma yɛn nsɛmma nhoma ahorow yi na wo ho pere wo kɛse sɛ wobɛkenkan te sɛ nea Peter ne Petra yɛ no? Honhom a ɛte saa no bɛka wo ma wode nsɛmma nhoma ahorow yi ama afoforo nso daa.
10. Su bɛn na ɛho hia wɔ nsɛmma nhoma adansedi a etu mpɔn mu, na mfaso bɛn na ebetumi afi mu aba?
10 Ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo nya su pa wɔ nsɛmma nhoma adansedi ho. Nnipa a wɔn ani gye nyamesom ho ampa no da so ara wɔ anigye wɔ Bible mu nsɛm a yɛn nsɛmma nhoma ahorow no ka no ho. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 10:15, 30-33 ho.) Dɛn ntia? Efisɛ wɔrennya wɔ beae foforo biara. Bɛboro mfirihyia 45 ni no, obi a wɔfrɛ no Lars nyaa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no dodow bi a wɔaboaboa ano fii ne dwumayeni bi nkyɛn wɔ Sweden. Bere a ɔkenkan wiei no, ɔka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Ntease wɔ eyi mu. Nea Bible ka no ara na Ɔwɛn-Aban no nso ka.” Nea Lars kenkanee no kaa no ma ogyee asubɔ—wɔ March 1940 mu. Susuw nhwɛso foforo nso ho. Asomfo baanu a wɔyɛ akwampaefo a wɔwɔ United States kusuu fam baabi no kae sɛ:
“Yɛkɔtoo ɔbea bi wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu. Ɔyɛ Baptist asɔre kɛse bi fotosanfo ne Bible suani a ɔbɔ mmɔden kɛse nso. Bere a ɔkenkan Harmagedon asɛmti a epuei wɔ Watchtower mu fi January 1 kosi February 15, 1985 no, n’ani gyei. Bere bi a atwam mu no, na ɔde nnɔnhwerew pii ahwehwɛ saa asɛm no mu nanso na onnyaa biribiara ka kyerɛwsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 16:16 no ho. Ná wabisa ne sɔfo sɛ: ‘Dɛn ne Harmagedon? So wubetumi akyerɛkyerɛ mu?’ Ɔsɔfo no hwɛɛ no dinn na ɔkae sɛ, ‘Ɛno yɛ asɛm a emu dɔ yiye,’ na afei ɔkɔe. Ɔbea no kae sɛ Ɔwɛn-Aban no buaa ne nsemmisa nyinaa, ne sɛ, ɛha nkutoo na wanya kyerɛw nsɛm a ohia a ɛfa Harmagedon ho no.”
11. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ nsɛmma nhoma adansedi ho nhyehyɛe, na mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? (b) So nsɛmma nhoma dwumadi betumi aboa wɔ Bible adesua a wɔbɛyɛ mu? (d) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ama? Hwɛ adaka no mu.
11 Anyɛ yiye koraa no, so wubetumi ayi da koro asi hɔ wɔ dapɛn no mu de ayɛ nsɛmma nhoma adansedi adwuma na woama ayɛ wo honhom mu nneɛma a woyɛ daa no fã anaa? (Fa toto Filipifo 3:16 ho.) Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no ka sɛ: “Adawurubɔfo, ne akwampaefo nso, mfa bere a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ nyɛ nsɛmma nhoma adwuma no.” Nanso so afei ɛsɛ sɛ yɛma nsɛmma nhoma adansedi no kata ‘asuafoyɛ adwuma no so anaa? Nea ɛne eyi bɔ abira no, amanneɛbɔ a efi Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia ne Brazil no kyerɛ sɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma no betumi ayɛ Bible adesua pii mfiase. Onuawa bi a ofi Australia se: “Mifii adesua ahorow ase wɔ wɔn a midii kan maa wɔn nsɛmma nhoma no mu.” Ɔkwan bɛn so na wubetumi de nsɛmma nhoma ama ma akowie Bible adesuayɛ mu? Hwɛ nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ adaka a wɔato din “Nsɛmma Nhoma a Wɔde Ma” no mu.
So Woasɔ Nyansahyɛ Ahorow Yi Ahwɛ?
12. Nyansahyɛ ahorow bɛn na ɛboaa ɔdawurubɔfo bi?
12 Wɔde krataa bi a ɛwɔ nkratafa anan hyɛɛ May 1984 Yɛn Ahenni Som no mu a na ɛka nsɛmma nhoma adansedi ho asɛm. So woasɔ nyansahyɛ ahorow a ɛde mae no ahwɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ Ahenni adawurubɔfo bɛkenkan saa krataa no bio na wɔde n’afotu no adi dwuma wɔ asɛnka mu. Onuawa biako a ofi United States yɛɛ eyi; nea efii mu bae no maa ne ho dwiriw no. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Mede nsɛmpɔw a ɛwɔ krataa a na ɛhyɛ May 1984 Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa nsɛmma nhoma a wɔde ma ho no redi dwuma, na ɛreyɛ adwuma yiye! Bere a 1983 baa awiei no na mede nsɛmma nhoma 36 pɛ na ama wɔ afe mũ no nyinaa mu! M’ani annye, a ɛnyɛ sɛ ebia dodow a ɛwɔ me kyerɛwtohɔ so no nti, na mmom esiane sɛ mantumi amma nnipa pii a wohia nkrasɛm a ɛma nkwa no nsa anka no ntia. Mebɔɔ asɛm no ho mpae kyerɛɛ Yehowa na misii me bo sɛ mɛyere me ho de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no ama. Mede nyansahyɛ ahorow a ɛfa botae a mede besi hɔ ama me ho, asɛntiaa a esi nsɛmma nhoma biako pɛ so dua a wɔka kyerɛ, asɛnka a wɔkɔ daa wɔ nsɛmma nhoma da mu, ne su pa a wobenya, ho no dii dwuma. Sɛ ofiewura bi annye nhoma a yɛde rema saa ɔsram no a, meka sɛ: ‘Ɛnde, mepɛ sɛ migyaw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo a aba no bi ma wo de gye ¢40.00.’ Saa nsɛmpɔw yi yɛ nea wode yɛ adwuma a ɛyɛ yiye ampa. Wɔ asram anan a etwaam no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mitumi de nsɛmma nhoma 14 mae ɔsram biara!”
13. Afotu bɛn a wɔde mae wɔ 1888 mu na ɛda so ara yɛ adwuma nnɛ?
13 Wɔ December 1888 Ɔwɛn-Aban a ɛbae no mu no, wɔde afotu yi mae wɔ asɛmti a ɛne “Nyansahyɛ a Wɔde ma Atwafo” no mu sɛ: “Nea ɛyɛ asɛnnennen wɔ ebinom fam ankasa ne sɛ, esiane nneɛma pa a ayɛ wɔn koma ma abu so nti, wɔtaa ka Onyankopɔn Nhyehyɛe no ho asɛm pii ma ɛtra so kakra.” So saa afotu no da so ara yɛ adwuma? Bere a wobisaa nea adawurubɔfo betumi ayɛ de anya nkɔanim wɔ nsɛmma nhoma ma mu no, ɔmansin sohwɛfo bi a ofi France kae sɛ: “Twa no tiaa. Ka asɛm no tẽẽ.”
14, 15. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de mfonini ahorow a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no adi dwuma? Ma nhwɛso.
14 Wɔ kasa horow a wotintim nsɛmma nhoma ahorow no wɔ mu no pii mu no, mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a wɔde adubiri ahorow anan yɛ no ma sɛnea Ahenni nkrasɛm no twetwe adwene bere a ɛka nnipa ahorow ahorow nsa no yɛ kɛse. Efi January 8, 1987 de no so no, Nyan! abɛka Ɔwɛn-Aban no ho wɔ adubiri anan a wɔde tintim no mu wɔ kasa atitiriw no pii mu. So wode mfonini ahorow a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu adi dwuma sɛ nea wogyina so kasa? Pii yɛ saa, na nnepa afi mu aba. Theresa a wayɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Apuei Fam Nohoa fi 1976 no ayɛ saa. Ɔma nsɛmma nhoma 260 ɔsram biara. Ose: “Mede mfonini no si asɛm a mereka no so dua. Mpɛn pii mede akyi no nkutoo na ɛkyerɛ na mebɔ asɛmti no din, na ɛte sɛ nea nsɛmma nhoma no ankasa de ne ho ma.”
15 Kay a ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ ɔman bi a wɔfrɛ no Suriname mu no nso nyaa osuahu a ɛte saa ara. Ɔne ne kunu atra hɔ mfe du, na wohu sɛ mfonini ahorow no boa kɛse wɔ adansedi mu, titiriw wɔ wɔn a wɔwɔ Hindufo gyidi no mu. Dɛn ntia? Kay kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Wɔde mfonini di dwuma pii wɔ Hindu som mu. Wɔ ofi biako mu no mibisaa ɔbea bi sɛ: ‘Mesrɛ wo bobɔ w’anyame a wɔwɔ wo mfonini no mu no din kyerɛ me.’
“Obuae sɛ, ‘Oyi ne Shiva.’
“Mibisaa no bio sɛ, ‘Anyame no mu nea ɔyɛ kɛse ne hena?’ Wamma mmuae biara. ‘So yebetumi akenkan Yeremia 10:10-12 anaa? Onyankopɔn bɛn na obetumi aka sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no? Yehowa nkutoo. Yenim sɛ w’ani gye mfonini ahorow ho. So mfonini ahorow a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yi mu no nyɛ nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ anika nso? So wompɛ sɛ wubenya anigye bere a wuhu nea ɛkyerɛ no anaa?’”
Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wode mfonini ahorow no ho asɛm bɛba nkɔmmɔbɔ no mu bere foforo a wobɛyɛ nsɛmma nhoma adwuma no?
16. Nyansahyɛ ahorow bɛn a efi ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Hong Kong hɔ na ebia ebetumi aboa wo?
16 Bere a na Gene resom wɔ Hong Kong no na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a ɔma nsɛmma nhoma 300 ɔsram biara. Ná ɔyɛ no dɛn? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Nea edi kan no, bɔ Yehowa mpae srɛ ne nhyira wɔ wo nsɛmma nhoma adansedi no so. Nea ɛto so abien, nya adwempa, sereserew, na yi adamfofa su adi. Nea ɛto so abiɛsa, yɛ fakãã na yɛ obi a ɔwɔ ntease, na hwehwɛ asɛm bi a wo ne ofiewura no adwene hyia wɔ ho. Nea ɛto so anan, gye nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso ma ɔsram no nyinaa. Migye nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso efisɛ eyi yɛ nkuranhyɛ foforo ma me. Nea ɛto so anum, fa anwummere biako si hɔ dapɛn biara ma nsɛmma nhoma dwumadi, efisɛ saa bere no de na nnipa pii wɔ fie na na wɔrehome nso. Nea ɛto so asia, nya wɔn a woma wɔn bi daa, sɛ wɔnnɔɔso mpo a.”
Wɔn A Wɔma Wɔn Bi Daa Asefi
17. (a) Yɛn nsɛmma nhoma adansedi no fã bɛn na wobetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 15:36 no aka ho asɛm? (b) Wɔ aman a amanade nhyehyɛe no nyɛ papa mu no, ɔkwan biako bɛn na adawurubɔfo betumi afa so de nsɛmma nhoma ama?
17 Ollie a ɔsom wɔ Afrika ɔman a wɔfrɛ no Burkina Faso mu no se: “Ɔkwan biako a wubetumi afa so ama nsɛmma nhoma a wode ma anya nkɔanim ne sɛ wobɛyɛ wɔn a wɔgyee bi no ho kyerɛwtohɔ pa na wɔasan akɔsra wɔn daa. Manya nnipa 15 a mema wɔn bi daa. Esiane sɛ Burkina Faso nyɛ baa dwumadibea a wotintim nhoma wɔ hɔ na amanade nhyehyɛe no nyɛ papa biara nti, Adansefo no taa nya nsɛmma nhoma no a ɛba bom a ebia nsɛmma nhoma no ahorow bɛyɛ anan anaa anum ba wɔ bere koro mu.” So saa na ɛte wɔ wo man mu nso? Sɛ saa a, dɛn na wubetumi ayɛ na woatumi adi saa nsɛmma nhoma mã ho asɛnnennen yi so? Ollie de nyansahyɛ ma sɛ: “Wubetumi akura nsɛmma nhoma a aba no nyinaa bi wɔ wo nsam, na wayiyi ne nyinaa de akyerɛ onigyefo no na waka akyerɛ no sɛ onyi nea ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan no. Mpɛn pii wɔtaa gye ne nyinaa.”
‘Ma Asɛmpa Nhyɛ Wo Koma Ma’
18. Nnansa yi asɛnka adwuma no mu afã bɛn ho amanneɛbɔ na ɛfata nkamfo titiriw, na dɛn na yebetumi de yɛn adwene asi so kɛse?
18 Mo a moyɛ Ahenni no ho adawurubɔfo no aboa ama nsɛmma nhoma abien yi dodow a wɔkra no akɔ soro wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo mo wɔ mo mmɔdenbɔ wɔ asɛmpa no a wɔtrɛw mu denam saa kwan yi so no ho. Nea ɛfata nkamfo nso ne nsɛmma nhoma no mmiako mmiako a wɔde moma no a akɔ soro no. Nanso, ebia yebetumi asusuw nsɛmma nhoma dodow a yɛn sɛ ankorankoro tumi de ma no ho yiye. Ɛmfa ho sɛ wɔtaa yɛ nsasesin no mu adwuma kɛse no, nsɛmma nhoma a adawurubɔfo ankorankoro de ma no so atew. Esiane sɛ yɛte awiei bere no mu pɛɛ nti, so yebetumi ama Ahenni no ho ‘asɛmpa’ denam nsɛmma nhoma adansedi so no ‘ahyɛ yɛn koma ma”?—Dwom 45:1; 1 Petro 4:7.
19. Akwan abien bɛn so na yebetumi afa adi Ahenni nokware no mu akoten?
19 Kristo a ɔwɔ Ahenni anuonyam mu no rekɔ n’anim wɔ nkonimdi mu de atew n’Agya din kronkron no ne N’amansan tumidi no ho. (Adiyisɛm 6:2) Momma yɛmfa yɛn tɛkrɛma ne nhoma ahorow a wɔatintim no nni dwuma mfa mmɔ ne ba a waba no ho dawuru. Ɛmmra sɛ yɛne ɔwɛnfo kuw no bɛbom ama yɛn nne so bere a ɔka Kristo ho ma wodi Onyankopɔn Mesia Ahenni a wɔde asi hɔ no nokware no mu akoten no. Yiw, momma yɛnkyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—nsɛmma nhoma ahorow a edi dwuma titiriw wɔ yɛn Hene no ‘anim a ɔkɔ wɔ nokware mu’ no mu no kɛse.—Dwom 45:4.
So Wokae?
◻ Dɛn ne “asɛmpa” a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wo koma ma no?
◻ Dɛn na efi ‘kɔ a Kristo kɔ n’anim wɔ nokware mu’ no mu ba?
◻ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! som ‘wɔ nokware no mu’ wɔ ntease bɛn mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn adwene asi nsɛmma nhoma adansedi so kɛse?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]
NSƐMMA NHOMA A WƆDE MA
So Woasɔ Eyinom Ahwɛ?—
◆ Afie afie adansedi
◆ Borɔn so adansedi
◆ Nnwuma mu adansedi
◆ Wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma no bi daa
◆ Anwummere adansedi
◆ Bere a wɔannye nhoma a wode rema
◆ Bere a wokɔ sankɔhwɛ
◆ Bere a wokɔsra wɔn a na anka wo ne wɔn yɛ Bible adesua
◆ Bere a woretu kwan anaa woredi gua
◆ Bere a wo ne abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, anaa akyerɛkyerɛfo kasa