Mmea A Wɔwɔ Adwumayɛbea—Sɔhwɛ Ne Nsɛnnnennen Ahorow
“MMEA pii de wɔn ho ahyɛ adwumayɛ ankasa mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ mfe aduasa a atwam ni no mu.” Saa na Worldwatch Institute a ɛyɛ ahyehyɛde a ɛyɛ nhwehwɛmu ahorow no bɔ amanneɛ. Amanneɛbɔ no toaa so sɛ: “Wɔ aman a wodi yiye ne nea wodi hia nyinaa so no, nneɛma bo a ɛkɔ soro no ka mmea ma wɔyɛ adwuma a ɛbɛma wɔatua wɔn ka.” Anaa sɛnea Alatani ɔbea bi kae no: “Sikasɛm mu ahokyere no ama nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ mɛkɔ akɔyɛ adwuma.”
Te sɛ “ɔyere pa” a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Bible mmere no mu no, mmea pii ani gye ho sɛ wɔbɛboa kɛse wɔ sika fam wɔ wɔn mmusua no yiyedi mu. (Mmebusɛm 31:10, 16, 24) Na ebinom hu sɛ adwuma a wɔbɛyɛ no yɛ nea nsɛnnennen wom, nanso ɛma akomatɔyam nso. Nanso bere a mfaso ahorow wɔ honam fam adwuma a wɔbɛyɛ so no, ebia ɛbɛyɛ nea nneɛma afoforo a enye nso wɔ ho.
Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a ɔyɛ aguadidan bi sohwɛfo se: “M’ani gye m’adwuma no ho. M’adwumawura no yɛ onipa pa, beae a meyɛ adwuma no yɛ fɛ. Nanso sɛ adwuma no gye me bere pii sen sɛnea mepɛ a, ɛnyɛ nea m’ani gye ho, efisɛ wɔ ɛno akyi no, mewɔ adwuma foforo a ɛretwɛn me wɔ fie—sɛ́ ɔyere ne ɛna.” Wɔ eyi nyinaa mu no mmea pii yɛ adwuma na bere koro no ara mu no wotumi hwɛ wɔn fi ne wɔn mmusua a ɛno yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkamfo wɔn kɛse wɔ ho.a
Honam fam adwuma ma mmea hyia ɔhaw ahorow pii nso a adwumayɛbea hɔ nkutoo na ɛkɔ so.
Ɛtɔ bere bi a adwumayɛbea hɔ ba bɛyɛ baabi a abrabɔ fam nhyɛso ahorow nso wɔ. Ɔkasa ahorow a ɛnhyɛ nkuran a wɔte yɛ nea mmea a wɔyɛ adwuma taa ka ho asɛm titiriw no biako. Nea enye ne sɛ wɔtaa de ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm haw ebinom mpɛn pii. Kristoni ɔbea bi kae sɛ, “Bere a mifii ase yɛɛ adwuma no, na mene ɔbea biako pɛ a ɔwɔ adwuma mu hɔ. Mmarima no kekaa nsɛm a ɛtwe adwene kɔ ɔbrasɛe so, na na ɛyɛ den ma me ankasa.”
Nneɛma a ɛte saa bi yɛ nea ɛhaw mmea a wohyia eyi da biara no ankasa, titiriw no wɔn a wɔpɛ sɛ wokura Kristofo gyinapɛn ahorow mu no. Nea ɛyɛ anigye no, mmoa fibea ankasa wɔ hɔ ma wɔn.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Awarefo a Wɔyɛ Adwuma—Wɔn Nsɛnnennen no Ano a Wobegyina” a ɛwɔ February 8, 1985, Awake! a ɛka yɛn nsɛmma nhoma yi ho no mu.