Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 10/8 kr. 9-11
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Adwumam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Adwumam?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔbarima Osisifo
  • Mmea ne Mmara No
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1996
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Fie?
    Nyan!—1992
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
    Nyan!—2000
  • Mmea​—So Wobu Wɔn Nnɛ?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 10/8 kr. 9-11

Mmea​—So Wobu Wɔn Wɔ Adwumam?

“Sɛ́ ahokwafo anaa awarefo no, mmarima no mu dodow no ara buu mmea sɛ wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wɔtaa wɔn so te sɛ mmoa.”​—Jenny a anka ɔyɛ mmaranimfo ɔkyerɛwfo.

“Nna a wɔde guan mmea ho ne basabasa a wɔyɛ wɔn wɔ ayaresabea no abu so.”​—Sarah, ɔyarehwɛfo bi.

“Na wɔde nna ho asɛm haw me wɔ adwumam bere nyinaa, wɔka ɔbra bɔne ho asɛm.”​—Jean, ɔyarehwɛfo bi.

SO EYINOM yɛ nsɛm a ɛntaa nsisi anaa abu so? Nyan! bisabisaa mmea a wɔwɔ osuahu wɔ adwumam dodow bi nsɛm. So mmarima a wɔne wɔn yɛ nnwuma no bu wɔn na wɔne wɔn di nsɛm wɔ nidi mu? Nsɛm a wɔkae no bi ni:

Sara, ɔyarehwɛfo bi a ofi New Jersey, U.S.A, a ɔde mfe akron ayɛ adwuma wɔ U.S. asraafo ayaresabea ahorow mu sɛ: “Mekae sɛ bere a na meyɛ adwuma wɔ San Antonio, Texas, no, ɔkwan bi bɛdaa Asaabo mu Hwehwɛ Dwumadibea hɔ. Mibisaa nnuruyɛfo kuw bi nea ɛsɛ sɛ meyɛ na me nsa aka saa adwuma no. Wɔn mu biako serew kae sɛ, ‘Wo ne oduruyɛfo panyin no nkɔda.’ Nea mekae ara ne sɛ, ‘Sɛ saa de a, mempɛ adwuma no.’ Nanso saa kwan yi so na wɔtaa fa si adwumam dibea ne nnwuma ho gyinae. Ɛsɛ sɛ ɔbea no pene mmarima nna ho akɔnnɔ no so.

“Bere foforo nso na mereyɛ adwuma wɔ beae a wɔhwɛ ayarefo a wɔn yare mu yɛ den, na na meresa ahama a wɔde aduan fa mu ma ɔyarefo no na oduruyɛfo bi baa hɔ bemiaa me to. Me bo fuwii na mede abufuw fii hɔ kɔɔ ɔdan bi a ɛbɛn hɔ no mu. Odii m’akyi baa hɔ bɛkaa kasa fĩ bi. Mebɔɔ no ma ɔkɔhyɛɛ nwura adaka bi mu! Mesan kɔɔ ɔyarefo a na merehwɛ no no nkyɛn bio. Wanhaw me bio da!”

Miriam, ɔbea warefo bi a ofi Egypt a anka ɔyɛ ɔkyerɛwfo adwuma wɔ Cairo, kyerɛkyerɛɛ mmea a wɔyɛ adwuma wɔ Egypt Nkramofo mu tebea mu no mu. “Mmea de anidahɔ kɛse siesie wɔn ho sen sɛnea wɔyɛ wɔ Atɔe Fam aman mu. Manhu sɛ wɔde nna ho asɛm haw obi wɔ m’adwumam. Nanso wɔde nna haw mmea wɔ Cairo akwan a ɛda asase ase no so araa ma mprempren wɔde kar a edi kan tu no ama mmea nkutoo.”

Jean, ɔbea bi a ɔmpɛ kasa nanso osi pi a ɔde mfe 20 ayɛ ɔyarehwɛfo no kae sɛ: “Meyɛɛ nhyehyɛe a mammu so da sɛ me ne m’adwuma muni biara nyɛ nhyehyɛe mfi adi da. Nanso sɛ ebia me ne nnuruyɛfo anaa mmarima a wosiesie ayaresabea hɔ na ɛreyɛ adwuma no, wɔhaw me. Wɔn nyinaa susuwii sɛ wɔwɔ nyansa sen me. Sɛ yɛn a yɛyɛ ayarehwɛfo no ‘ampene’ nna a wɔhwehwɛ no ‘so’ a, mmarima a wosiesie hɔ no remmɛboa yɛn bere a yehia mmoa na yɛama ɔyarefo bi so ato mpa so anaa yɛreyɛ nneɛma a ɛtete saa no.”

Jenny de mfe ason yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfo ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛkyerɛ nea ohui bere a na ɔne mmaranimfo yɛ adwuma no mu. “Sɛ́ wɔyɛ ahokwafo anaa awarefo no, mmarima no dodow ara buu mmea sɛ wɔn a wɔwɔ hokwan sɛ wɔtaa wɔn so te sɛ mmoa. Na wɔn su ne sɛ, ‘Sɛ́ mmaranimfo no, yɛyɛɛ adwuma na yɛde nyae, na mmea yɛ hokwan ahorow a yɛanya no mu biako.’” Na ɛte sɛ nea adanse no kyerɛ sɛ nnwumayɛfo afoforo nso kura adwene yi ara bi. Nanso dɛn na ɔbea betumi ayɛ de abrɛ ɔhaw no ase?

Darlene, Amerikani obibini a ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo ne adidibea hwɛfo kae sɛ: “Sɛ woanto wo nneyɛe ano hye a, nneɛma renkɔ yiye. Sɛ ɔbarima fi ase huru wo, na wo nso wuhuru no bi a, ɛnde nneɛma betumi agye wo nsam ntɛm. Na ɛsɛ sɛ meda me gyinabea adi pefee kyerɛ wɔ mmere horow mu. Maka nsɛm te sɛ “M’ani begye ho sɛ wo ne me renkasa wɔ saa kwan no so bio.” Bere foforo nso mekae sɛ: ‘Sɛ́ ɔbaa warefo no, mibu nea wɔaka yi sɛ asɛm a ɛmfata, na minnye nni sɛ me kunu ani begye ho.’

“Asɛm no ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wobu wo a, ɛsɛ sɛ woyɛ nea ɛbɛma wɔabu wo. Na mintumi nhu sɛnea ɔbea a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne mmarima besi akane wɔ nea mefrɛ no nguamansɛm ka​—aseseresɛm a ennye ne nna ho nsɛm​—mu no benya obu. Sɛ woamma wɔanhu ɔhye a ɛda nsɛm ne nneyɛe a wopene so ne nea wompene so no ntam yiye a, ɛnde ɔbarima bi bɛbɔ mmɔden atra.”

Ɔbarima Osisifo

Connie a wayɛ ɔyarehwɛfo mfe 14, kyerɛkyerɛɛ ɔhaw bi a ebetumi asɔre mpofirim wɔ tebea pii mu no mu. “Na me ne oduruyɛfo bi resesa ntama a wɔde kyekyere apirakuru so. Mefaa akwan a wɔfa so yɛ adwuma no a masua no nyinaa so. Ná minim akwan a wɔfa so na efĩ ankɔ kuru no ne ntama a wɔde kyekyere no mu, ne nea ɛkeka ho. Nanso na biribiara a meyɛ no nye mma oduruyɛfo no. Ɔde abufuw teɛteɛɛm guu me so, na ɔkasa tiaa biribiara a meyɛe no. Saa ade a wɔtaa yɛ yi, kyerɛ sɛ mmea a wobu wɔn animtiaa no abu so. Mmarima binom bu wɔn ho dodo, na ɛte sɛ nea ehia sɛ wɔhyɛ mmea a wɔne wɔn yɛ adwuma no so.”

Sarah a yɛafa n’asɛm aka dedaw no de ne suahu yi kaa ho sɛ: “Na meresiesie ɔyarefo bi ma yɛayɛ no oprehyɛn, na mehwɛɛ sɛnea ne koma bɔ, ne nipadua mu ɔhyew ne ade no. Na ne koma ntumi nyɛ adwuma yiye koraa ma mihui sɛ yɛrentumi nyɛ no oprehyɛn. Midii mfomso sɛ metwee oduruyɛfo no adwene sii so. Ne bo fuwii, na obuae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mo ayarehwɛfo hwɛ nkuruwaba ho asɛm na ɛnyɛ sɛnea obi koma yɛ adwuma.’ Enti nea meyɛe ara ne sɛ mebɔɔ wɔn a wɔhwɛ ma ayarefo tra nkwa mu wɔ oprehyɛnyɛ mu no panyin amanneɛ, na ɔkae sɛ wɔ tebea a ɛte saa mu de, ɔne n’adwumayɛfo ne oduruyɛfo no renyɛ adwene. Afei oduruyɛfo no dan ne ho ka kyerɛɛ ɔyarefo no yere sɛ me nti na wɔnnyɛɛ ne kunu no oprehyɛn de besi saa bere no! Ɔbea rentumi nni bem wɔ tebea yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ woayɛ biribi atia ɔbarima bi ahopɛ honhom a woanhyɛ da.”

Ɛda adi pefee sɛ wɔtaa haw mmea, na wɔyɛ nneɛma a ɛbrɛ wɔn ase wɔ nnwuma mu. Nanso wɔn gyinabea wɔ mmara mu ne dɛn?

Mmea ne Mmara No

Wɔ aman bi mu no, agye mmea mfehaha pii ansa na wɔde ahyɛ mmara mu sɛ wɔne mmarima yɛ pɛ. Na wɔ baabi a mmara no ka sɛ wɔyɛ pɛ kɛkɛ mpo no, nsonsonoe kɛse taa da mmara no ne dwuma a wɔde di no ntam.

Amanaman Nkabom no nhoma The Worlds Women​—1970-1990 ka sɛ: “Wɔada saa nsonsonoe [aban nhyehyɛe mu nsonsonoe] yi mu fã kɛse no ara adi wɔ mmara ahorow a ɛde hokwan a mmea wɔ sɛ wɔne mmarima nyinaa tɔ asase, bɔ bosea na wɔne wɔn yɛ nnwuma nhyehyɛe kame mmea no mu.” Sɛnea ɔbea bi a ofi Uganda kae no: “Yɛda so ara yɛ ɔmamma a wɔto so abien ​—ɛnte saa, yɛto so abiɛsa, efisɛ yɛn mmabarima di hɔ ansa na yɛaba. Ɛtɔ mmere bi a, wɔhwɛ afurum ne trata mpo yiye sen yɛn.”

The Time-Life nhoma Men and Women ka sɛ: “Wɔ 1920 mu no, United States Amanyɔ Mmara mu nsakrae a ɛto so 19 no maa mmea hokwan a wɔde tow aba​—bere a na wɔanya saa hokwan no dedaw wɔ Europa aman pii so akyi bere tenten. Nanso wɔamfa hokwan yi amma wɔ Britain kosii 1928, (na Wiase Ko II akyi ansa na wɔde rema wɔ Japan) .” Britaniani Emily Wilding Davison a ɔperee abatow hokwan maa mmea no too no ho hwee Ɔhene no pɔnkɔ anim wɔ Derby wɔ 1913 mu ma owui de kyerɛe sɛ ɔmpene mmea a wosisi wɔn wɔ amammui mu no so. Ɔbɛyɛɛ mogya dansefo wɔ hwehwɛ a wɔhwehwɛe sɛ mmea ne mmarima nyinaa benya hokwan ahorow a ɛyɛ pɛ no mu.

Nokwasɛm a ɛne sɛ 1990 yi ara na U.S. Mmarahyɛ Bagua no susuw “Mmea a Wɔyɛ wɔn Basabasa ho Mmara” ho no da no adi sɛ mmarahyɛ bagua a mmarima na edi mu akoten no nni mmea ahiade ahorow ho dwuma ntɛm.

Nea wɔde yɛ mmea wɔ wiase nyinaa ho asɛm tiawa yi ma yebisa asɛm yi, So nneɛma bɛsakra dabi? Dɛn na ehia na tebea no asakra? Nsɛm a edi hɔ no besusuw nsemmisa yi ho.

[Kratafa 11 adaka/mfonini]

Henanom na Wɔyɛ Mmɔbɔ Kɛse?

“Mmea yɛ wiase no mu nnwuma mu nkyem abiɛsa mu abien. Wɔn na wodua Afrika ne Asia nnuan mu ɔha biara mu nkyem 60 kosi 80, Latin Amerika de ɔha biara mu nkyem 40. Nanso wonya akatua a wogye wɔ wiase nyinaa no mu nkyem du mu biako, na wɔn kyɛfa wɔ wiase no agyapade mu nnu ɔha biara mu nkyem biako. Wɔka wiase no ahiafo a ahia wɔn buroburo sen biara no ho.”​—May You Be the Mother of a Hundred Sons, a Elizabeth Bumiller kyerɛwee.

“Nokwasɛm no ne sɛ mmeawa nkumaa nkɔ sukuu wɔ [wiase yi fa bi] efisɛ nsu a eye a wɔnom nni hɔ. . . . Mahu mmeawa a wɔreyɛ adu mpanyin afe so a wɔtwa kilomita aduonu, na ɛtɔ da bi a aduasa [akwansin 10 kosi 20] kwan kɔsaw nsu a wɔnom a egye wɔn da mũ nyinaa. Ebedu bere a mmeawa yi bedi mfe dunan anaa dunum no . . . na wɔnkɔɔ sukuu da, na na wonsuaa biribiara da.”​—Jacques-Yves Cousteau, The Unesco Courier, November 1991.

[Kratafa 10 mfonini]

Ɛnsɛ sɛ wɔmma nna a wɔde guan wɔn ho no ho kwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena